Asetra Pa—So Ɛyɛ Adaeso Ara Kwa?
“YIEE ‘asetra’ na asɛe sɛɛ yi,” eyi ne asɛm a Ronald a wadi mfirihyia 47 a ɔne obi foforo atwe mpena mfirihyia asia a ne yere nnim no kae. N’asetra asɛe esiane gyinae a odii kan sii bɛyɛ sɛ mfirihyia du a atwam no mu nti.
Ɛwom sɛ saa bere no na w’aware a ɔwɔ mmofra baanu de nanso ɔpɛe sɛ ɔma kokoam dɔ a ɛda ɔne ɔbea foforo ntam no “kɔ anim.” Ɔhwehwɛɛ ofie maa ne dɔfo no na ankyɛ na ɔne no woo mmofra baanu. Mfirihyia asia akyi a wakyekyɛ ne sika ne ne bere mu na wabɔ mmɔden akatakata n’atoro so no, awiei no ohui sɛ wakyɛ ne dɔ ankasa mu na ontumi ntoa so saa bio. Ogyaa ne yere ankasa no aware na ɔne ne dɔfo no kɔtrae. Afei ɔbea no nso gyae twee ne ho fii no ho. Afei na onni obiara. Ronald sui kae sɛ: “Afei me ne m’awofo te adantuw abiɛsa mu. Ɛyɛ animguase kɛse.”
Obi betumi asɛe n’asetra ntɛm saa. Gyinae bɔne a wusi da bi no bɛsan abebua w’atifi. Ɔkwan foforo so no gyinae a wusi a ɛteɛ no ma w’anigye kɔ anim, ɛma wunya asetra pa.
Sɛ yɛpow mfomso a enye koraa te sɛ Ronald de yi mpo a, nneɛma pii wɔ hɔ a ebetumi asiw yɛn asetra pa a yebenya no kwan. Ɔyare a wontumi nsa betumi asɛe yɛne ɔpepem bebree asetra, Afoforo wɔ hɔ a wɔn aware mu ahokafo aguan agyaw wɔn na ɛho ahia sɛ wɔn nkutoo tra.
Yɛn mfe yi yɛ abasamtu ne koma a ɛnte onipa yaw mfe. Pii na wɔdan wɔn ho kɔ asabow ne nnuru ne ahohwibɔ ho a wɔrebɔ mmɔden de saa yɛ aguan afi nea ɛreto wɔn yi ano. Ɛma wɔn asetra sɛe koraa. Enti nea pii susuw ne sɛ: Mɛyɛ dɛn ama anigye a ɛwɔ m’asetra mu no akɔ anim?
Dɛn Na Ehia Na Obi Ani Agye Ankasa?
Wobisaa nnipa bɛyɛ sɛ 100,000 asɛm sɛ: “Dɛn na ɛbɛma w’ani agye?” Ahiade ahorow abien daa wɔn ho adi wɔ mmuae ahorow no mu. “Su biako a ɛho hia na mpanyimfo anya anigye ne sɛ asetra ho wɔ mfaso na ehia akwankyerɛ” ne afei sɛ ‘obi rekɔ n’anim na ama ne nsa aka asetra mu botae horow,’ eyi ne asɛm a Psychology Today a ɛyɛɛ mpɛɛpɛɛmu yi kae. Nsɛmma nhoma Redbook no nso kae wɔ ne mpɛɛpɛɛmu a ɛyɛe no mu sɛ Mmea a wɔadi mfe horow nyinaa susuw sɛ asomdwoe a ɛbɛba wɔne wɔn ho wɔn ho ntam no yɛ nea ɛsom bo kɛse . . . ɛno na ɛbɛma wɔn koma atɔ wɔn yam.”
Hwɛ sɛnea ɛyɛ nokware fa! Sɛ wuntumi nyɛ biribi a mfaso wɔ so wɔ w’asetra mu a anaasɛ wuntumi ntra ase wɔ asomdwoe mu esiane bɔne anaasɛ mmerɛwyɛ bi nti a, bere nyinaa no wo kɔn dɔ sɛ wubenya asetra pa. Nanso yɛyɛ dɛn hyehyɛ yɛn asetra ma anigye afi mu aba? Gyinae bi a yebesi anaasɛ ɔkwan bi a yɛbɛfa so no bɛdan sɛ nea ɛde asetra pa bɛba nanso bere ne osuahu akyerɛ sɛ mpɛn pii no ɛde huammɔdi na ɛba.
Nanso ɔpepem bebree a wɔwɔ wiase nyinaa no anya anigye ankasa denam “nhoma a wɔtɔ sen biara wɔ wiase”—Bible no so. So eyi betumi abɛyɛ nea wɔbɛfa so akyerɛ asetra kwan ankasa ma daa anigye aba no?
Nanso nnipa pii bisae sɛ, “nanso ɔpepehaha bebree a wɔwɔ Bible no bi nanso wɔn asetra nyɛɛ yiye nkyɛn me de no ɛ?” Sɛ́ obi wɔ bepɔw so kwankyerɛfo a oye sen biara wɔ wiase no ho remma mfaso bere a wɔn a wɔforow bepɔw di n’akyi no mpene so sɛ wobedi n’akyi no. Saa ara na Bible no te, efisɛ ɛka sɛ: “Sɛ munim eyinom na moyɛ a, nhyira ne mo.”—Yoh. 13:17.
Nanso so Bible no sua ne dwuma a wɔde di ankasa no bɛma w’asetra ayɛ nea eye—wɔ abasamtu mfe yi mpo mu anaa? Sɛ ɛte saa a, dɛn ntia? Asɛm a edi hɔ yi de mmuae a ɛfata ma.
[Kratafa 17 adaka]
SƐ W’ANI BEGYE A
● Ɛho hia sɛ wubehu sɛ w’asetra redi dwuma pɔtee bi a mfaso wom na afei wode botae horow a ɛfata asisi w’anim
● Ɛsɛ sɛ wunya akomatɔyam bi wɔ wo mu, wunya obu ma w’ankasa wo ho na wutumi di nkate horow so—Egyina mpɛɛpɛɛmu a wɔyɛ fii nnipa a wɔboro 100,000 hɔ so