Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g81 5/8 kr. 20-21
  • Wɔasi Wɔn Bo Sɛ Wɔbɛyɛ Asɛmpatrɛwfo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔasi Wɔn Bo Sɛ Wɔbɛyɛ Asɛmpatrɛwfo
  • Nyan!—1981
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Gilead—Sukuu A Adesuafo Ani Gye Ho!
    Nyan!—1984
  • Gilead Ntetee wɔ Gyidi Kronkron a Ɛsen Biara Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Gilead—Adi Mfirihyia Aduanan Na Ɛrekɔ So Ara Ahoɔden Mu!
    Nyan!—1983
  • Ahofama Honhom na Ɛde Nkurɔfo Ba Gilead
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1981
g81 5/8 kr. 20-21

Wɔasi Wɔn Bo Sɛ Wɔbɛyɛ Asɛmpatrɛwfo

MMƆDENBƆ de mmerante ne mmabaa aduonum baa Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu no kuw a ɛto so 69 no. Na wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛyɛ asɛmpatrɛwfo, na ntetee a wɔde maa wɔn wɔ saa sukuu yi mu no yɛ nea wɔahyɛ da ayɛ na aboa wɔn wɔ eyi fam. Te sɛ nea Gilead sukuu akuw ahorow te no saa kuw a ɛto 69 yi yɛ amanaman ntam kuw. Asuafo no fi nsase horow 10 so na ɛbae. Sɛ wɔkyekyem a na mfe a wɔadi yɛ 30, na sɛ wɔkyekyem nso a na mfe a wɔde asom Yehowa sɛ n’adansefo yɛ 12. September 14, 1980 yɛ bere a wɔde wie adesua ma saa asuafo yi.

Nea ɛyɛ asuafo yi bo a wɔasi no ho nhwɛso ne aberante bi a ɔne ne yere asom mfe pii wɔ Ireland no. Wɔkae sɛ, “efi bere a ɔne ne yere bɛyɛɛ ɔdansefo wɔ afe 1969 mu na minyaa ɔpɛ sɛ mɛyɛ asɛmpatrɛwfo. Ansa na wɔrebɔ me asu no, na Gilead ne me botae.” Wɔn bo a wɔasi no yɛ nea wɔkae wɔ ho sɛ “na ɔkwan biara nni hɔ a yɛbɛfa so ayi afi yɛn adwenem.” Ɛmaa wɔn botae yi traa wɔn mpaebɔ mu, bisae afe biara sɛ wɔpɛ sɛ wɔkɔ Gilead Sukuu na wɔyɛɛ adwuma denneennen sɛ bere nyinaa Bible akyerɛkyerɛfo. Awiei no, wodii wɔn mmɔdenbɔ no mu nkonim, na wɔtoo nsa frɛɛ wɔn kɔɔ Gilead asuafo kuw a ɛto so 69 no mu.

Wɔn bo a wɔasi yi nso daa adi denam pɛ a na saa asuafo yi pɛ sɛ wogyae honam fam adwuma horow a wɔyɛ no mu gu hɔ sɛnea ɛbɛyɛ na wɔde wɔn bere nyinaa bɛka Onyankopɔn ahenni no ho asɛmpa. Asuafo no mu biako a ofi Mexico gyaee ne honam fam adwuma a ɔyɛ sɛ afiridwuma ho nimdefo guu hɔ, ɛwom sɛ aka afe biako pɛ na wasua ade awie. Ababaa biako a ɔno nso yɛ osuani a na wɔama no kwan sɛ wɔbɛhwɛ no kwa na wasua ade sɛ obi a ɔhwɛ ayarefo no nso gyaee eyi mu too hɔ, efisɛ sɛnea ɔkae no “metumi aboa nnipa de akosi daa sɛ Bible kyerɛkyerɛfo.”

Asuafo no mu binom yɛɛ nsakrae akɛse wɔ wɔn asetra mu. Wɔn mu biako a ofi U.S. Amerika nso yɛ obi a na ɔntra fie a ɔnam kyin srɛsrɛ ade (hippie) . Ɔkae sɛ: “Bere a midii mfirihyia 15 no na nnuru bɔne na mede di dwuma. Mitumi huu sɛnea nneɛma nhyehyɛe yi yɛ nea mfaso biara nnim fa no. Enti me ne me yere de yɛn ho hyɛɛ akuw horow a wɔyɛ katee mu, ne afei nso akode ahorow a yɛde ma sukuupɔn mu asuafo wɔ 1960 mfe no mu.” Nanso, Yehowa Adansefo no mu biako ne no kasa faa Onyankopɔn ahenni a ɛbɛsɛe wiase amanaman no ho, kyerɛkyerɛɛ adwene a ɛwɔ Daniel 2:44 no akyi no mu kyerɛɛ no. Ɔkae sɛ: “Eyi ne nea mepɛ, na ɛkanyan me ma mepenee Bible adesua so.” Bere a ɔkɔɔ n’anim wɔ Bible ho nimdeɛ mu no, ogyaee nnubɔne a ɔde di dwuma no. Nkakrankakra na otwitwaa ne ti nhwi a wagyaw no atenten no so. “Mekɔɔ beae a wotwitwa ti nhwi so, tuaa sika a ɛyɛ ¢19.15 bere biara a mekɔ hɔ’ na eyi nso fata saa.” Saa awarefo baanu yi kaa asɛm bi a ɛyɛ anigye: “Yɛn nnamfonom a na kan yɛne wɔn bɔ no mu pii awuwu, wɔde wɔn ato afiase anaasɛ wɔabobɔ adam esiane nnubɔne a wɔde di dwuma nti.” Hwɛ sɛnea wɔn ani agye sɛ wɔyɛɛ nsakrae a ɛfata na wɔde asɔ Yehowa ani!

Ɛhefa na wɔasoma wɔn sɛ wɔnkɔ sɛ asɛmpatrɛwfo? Nsase horow 19, a Colombia, Ecuador, Honduras, Chile, Peru, Brazil, Pakistan, India, Burma, Dominican Republic, Kenya, Sierra Leone, Zaire, Liberia, Upper Volta, Japan ne Hong Kong ka ho. Nea Gilead asuafo kuw a wɔto so 69 yi pɛ sɛ wɔyɛ nyinaa ne sɛ wɔbɛboa afoforo ma wɔahu Yehowa, na wɔn ani asɔ mfaso a ɛwɔ tie a wobetie n’Asɛm no mu na wɔasom no na wɔanya daa nkwa.

[Kratafa 21 mfoni]

Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu

Wɔahyehyɛ din horow a ɛwɔ ase hɔ no fi anim kɔ akyi na wɔkan din no fi benkum so kɔ nifa so.

(1) Lightfoot, P.; Toney, M.; Burr, C.; Cropper, C.; Rajan, E.; Dique, C.; Reyna, I.; Lipham, C.; Harriman, L.; Tarver, M.; (2) Toney, L.; Miller, C.; Rajan, N.; Aleman, I.; Cropper, W.; Nilsson, C.; Jones, S.; Vidal, A.; Rainone, G.; Howard, B.; (3) Finch, L.; Aleman, F.; Miller, E.; Trcka, C.; Harriman, R.; Reyna, A.; Rodrigues, K.; Endepohls, B.; Rainone, A.; Miller, C.; (4) Kendall, P.; Somerville, R.; Jones, R.; Van Winkle, J.; Xavier, J.; Maurel, M.; Walmsley, R.; Lightfoot, M.; Dique, L.; Maurel, A.; (5) Finch, E.; Riley, O.; Frohmiller, P.; Nilsson, U.; Thant, C.; Lipham, P.; Trcka, P.; Van Winkle, N.; Gibson, B.; Miller, G.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena