Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g81 5/8 kr. 19
  • Din A Wɔapia Ato Nkyɛn

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Din A Wɔapia Ato Nkyɛn
  • Nyan!—1981
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Onyankopɔn Din
    Nyan!—2017
  • Onyankopɔn Din—Sɛnea Wɔde Di Dwuma ne Nea Ɛkyerɛ
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • A4 Onyankopɔn Din Pue Wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm No Mu
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
  • Onyankopɔn Din De Sɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2019
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1981
g81 5/8 kr. 19

Din A Wɔapia Ato Nkyɛn

Bere bi wɔ hɔ a na Onyankopɔn din no yɛ nea wonim no yiye na wɔde di dwuma nso. Nkyia bi a wonim no wɔ tete Israel ne: “Yehowa nni mo akyi.”​—Rut 2:4.

Wɔ nnansa yi mfehaha no mu no, DIN KRONRON no bɛyɛɛ nea epuei wɔ adan ho, asɔredan ho, sika ahorow so. Wɔde Hebri nkyerɛwde YHWH no na edii dwuma anaasɛ sɛnea epue wɔ ɔman no kasa mu.

Ɛnnɛ mpo, wɔ Afrika afa ahorow, Caribbean, Latin America ne po mu supɔw ahorow no mu binom so no, edin Yehowa (ɛtɔ da bi wɔfrɛ no Yahwe) yɛ nea wonim no yiye na mpo wɔn a wɔwɔ wɔn ankasa lɔre anaasɛ bɔɔs ahorow ne kyerɛw eyi wɔ wɔn mfiri no anim.

Nanso Onyankopɔn din, Yesu Kristo Agya no din, nyɛ nea ɛnnɛ asɔrekɔfo a wɔwɔ Europa ne wɔn a wɔwɔ nsase a wɔka Engiresi kasa wɔ so de di dwuma yiye. Dɛn ntia? Efisɛ wɔn a wɔkyerɛɛ Bible no ase kɔɔ kasa horow mu no mu binom kae sɛ sɛ́ wɔde bedi dwuma no bɛyɛ nea “ɛremfata,” enti wɔde “Awurade” ne “Onyankopɔn” si ananmu. Nanso dɛn nti na ɛsɛ sɛ ɛba saa wɔ bere a Onyankopɔn Din no ankasa pue wɔ Bible no mu wɔ mfitiase kasa no ankasa mu nea ɛboro 7,000 no? Mmɔden a wɔn a wɔkyerɛɛ “New International Version” no ase no bɔe sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ mu ni, wɔkyerɛwee sɛ:

“Ɛyɛ nokware na nea wokae no teɛ sɛ Yehowa ne Onyankopɔn din ankasa na ɛbɛyɛ papa sɛ anka yɛde bedi dwuma. Nanso sika a yɛde hyɛɛ saa nkyerɛase yi mu no yɛ Amerika sika dollar ɔpepem 21/2 na ɔkwan a yɛbɛfa so atow saa sika yi nyinaa akyene a yɛn nsa nka bio ne sɛ, sɛ nhwɛso no, yɛbɛkyerɛ Dwom 23 ase sɛ, ‘Yahwe ne me hwɛfo.’ Sɛ yɛyɛɛ saa a, anka yɛkyerɛɛ ase kwa a yɛrennya mu hwee koraa.”

Yehowa Adansefo ne wɔn nyɛ adwene. Wɔn ani gye sɛ wɔbɛma afoforo ahu Onyankopɔn din ne Onii a saa din no yɛ ne de no su horow ne ne nnwuma.

Enti wote Onyankopɔn din no nka dɛn? Yiw, wote wo ankasa wo din nka dɛn? Wobɛpɛ sɛ wɔfrɛ wo sɛ “ɔbarima no ee” anaasɛ “ɔbea no ee”? Sɛ obi dɔ obi ampa a, nea ɔdɔ no no ani gye sɛ ɔbɛte onii ko no din, n’ani gye sɛ ɔde saa din no bedi dwuma.

[Kratafa 19 mfoni]

ENGLAND

NETHERLANDS

DENMARK

SWEDEN

SWEDEN

NORWAY

[Kratafa 19 mfoni]

Obi bɔɔs a ɔde fa nnipa wɔ Haiti

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena