So Mpaebɔ Ho Wɔ Mfaso?
ONYANKOPON pene mpaebɔ a ɛte sɛ eyi so bere nyinaa: “Kyerɛkyerɛ me wo ahyɛde.” (Dw. 119:68) Nnɛ bere mu nhwɛso horow pii kyerɛ sɛ n’ani gye mpaebɔ a ɛte sɛɛ ho mmuae a ɔbɛma no ho yiye. Ɔbea panyin bi a ɔyɛ Japanni de ɛmo, nsu ne aduhuam bɔ afɔre wɔ ne kamidana, anaasɛ Shinto ‘nyame’ no afɔremuka so daa. Da koro bi, a ɔreka ne nsa abom no, ɔkae wɔ n’adwene mu sɛ, “sɛ nokware Nyankopɔn bi wɔ hɔ a, kyerɛ me nea woyɛ ansa na m’awu.”
Owiee mpaebɔ no akyi ankyɛ koraa na ɔpon no buei (wɔ Japan no amanne ne sɛ wubebue ɔpon no na w’ateɛm afrɛ obi) na ɔtee nne bi a ese, “Mesrɛ wo!” Bere a ɔbea panyin yi kɔɔ ne pon no ano no ɔhɔho no de obu ka kyerɛɛ no sɛ waba sɛ ɔne no bɛka “nokware Nyankopɔn” no ho asɛm. Wɔatie ne mpaebɔ no! Ofii ase sɛ obesua Bible no na wasua nneɛma pii afa Yehowa, Ɔbɔadeɛ teasefo no ne Mpaebɔ Tiefo no ho.
Ɛnyɛ nwonwa sɛ Yehowa Nyankopɔn betie mpaebɔ a wɔde nokwaredi bɔ de hwehwɛ ne ho nimdeɛ mpo ansa na ɔdebisafo no mpaebɔ no aba awiei. Wɔ Europa no na ɔbarima bi wɔ ne dan mu rebɔ mpae a ɛte sɛɛ na ɔtee sɛ obi rebɔ ɔpon no akyi. Otuu mmirika kɔɔ ɔpon no akyi buei. Obi a ɔretwam wɔ ne pon no ano no de bag a ekura no no apem ne pon no a wanhyɛda a onii no gu so nantew kɔ.
Ofiewura no frɛɛ mmarima baanu a worekɔ no. Onnim ɔman no kasa no kã yiye, nanso mmarima baanu no ne no kasae wɔ ne kurom kasa mu. Nea ɛkyɛn ɛno no, wɔyɛ Bible akyerɛkyerɛfo! Wɔkɔɔ ɔdan no mu sɛ worekɔ hwehwɛ onipa foforo nanso wɔanto no. Ofiewura no ani gyei yɛɛ nhyehyɛe amonom hɔ ara sɛ ɔne wɔn befi Bible adesua ase. Mpae a ɔbɔe sɛ ɔhwehwɛ Onyankopon ho nimdeɛ ayɛ nea woama ho mmuae. Ɛnyɛ mpaebɔ nyinaa na wonya ho mmuae ntɛm saa, nanso Onyankopɔn tie na ɔma wɔn a wɔpɛ sɛ wohu no na wɔyɛ n’apɛde ahorow wɔ nokwarem no mpaebɔ ho mmuae.
So na anka wopɛ sɛ wuhu pii fa nokware Nyankopɔn, nneɛma nyinaa Bɔfo no ho? Sɛ wɔda n’apɛde adi kyerɛ wo a so wobɛpɛ sɛ woyɛ? Saa nsɛmma nhoma yi ara betumi ayɛ wo mpaebɔ ahorow no ho mmuae. Sɛ wuhu wɔn a wɔyɛ nsɛmma nhoma yi, anaasɛ Yehowa Adansefo a, wo nso wubetumi ayɛ nhyehyɛe ma woanya wo nsemmisa a ɛfa Onyankopon ho no ho mmuae.
Mpaebɔ foforo a Onyankopɔn pene so ne, ne hɔ mmoa, na wode ayɛ n’apɛde. Odwontofo Dawid dii adanse sɛ wɔmaa ne mpaebɔ ahorow ho mmuae: “Ɔtwɛn na metwɛn Yehowa, na ɔyɛɛ aso maa me, na ɔtee me sufrɛ.” Dɛn ntia? Susuw nea Dawid hwehwɛ yi ho:”Nea mepɛ ne sɛ mɛyɛ nea wo, me Nyankopɔn, wopɛ.”—Dw. 40:1, 2, 8.
Ɔbarima bi a ɔyɛ adwuma ma wotua no ka hia bere na ɔde akɔ sukuu a wɔyɛ a wɔde tete Kristofo mpanyimfo. Ná ɛyɛ bere a n’adwuma mufo no nni adagye koraa na ɔtee nka sɛ wɔremma no kwan na wakɔ, nanso ɔbɔɔ Yehowa Nyankopɔn mpae maa akwankyerɛ na ɔde asɛm no kɔtoo adwuma mu panyin no anim. Ɛyɛɛ no anigye ne nwonwa sɛ ɔpanyin no kae sɛ: “Yiw, wubetumi akɔ; ɛte sɛ biribi a ɛyɛ nhyehyɛe pa.”
Wɔ Hokkaido, Japan, na Kristoni barima bi a ne ho akokwa sɛ duadwumfo tee nka sɛ obetumi aboa ma wɔayɛ Onyankopɔn apɛde denam mmoa a ɔde bɛma wɔ Kristofo adwuma bi mu no so. Na wohia wɔn a wonim duadwumfo adwumayɛ no yiye saa bere no mu, nanso na ɔbarima no wɔ abusua mu asɛyɛde ahorow. Ne yere hyɛɛ no nkuran nti ɔbɔɔ Yehowa mpae ma ɔyɛɛ nhyehyɛe maa eyi yɛ.
Saa ɔbarima yi abusua no wɔ adwuma bi a wɔyɛ ɛne tofu (aduan bi a wɔyɛ no te sɛ ɔfam a agye din wɔ Japan) a ɔde ma nkurɔfo. Bere a ofii kurow no mu kɔe a ɔreboa wɔ adansi adwuma no ho no, hena na ɔde saa tofu yi bɛkɔ akɔma wɔn a wɔtɔ no? Odii ɔhaw yi so nkonim bere a ɔbarima bi baa ofie hɔ, a ɔpɛ sɛ obisa abusua no sɛ wonim faako a obenya adwuma ayɛ anaa. Wobisaa no sɛ “So wunim afirika, wɔ ho nkrataa?” Mmuae a ɛbae ne sɛ “yiw.” “Ɛnde woanya adwuma wɔ ha ara.”
Nanso hena na ɔbɛhwɛ tofu yi yɛ so na wɔahwɛ de akɔma? Ɔbarima no mma baasa no de wɔn ho hyɛɛ tofu yi yɛ mu na wɔsɔre anɔpa yɛ eyi bere a agya no nni hɔ. Abarimaa a wadi mfirihyia anum no mpo de ne ho hyɛɛ mu boae de ɔfam yi hyehyɛɛ ne nkrataa mu. Wɔ nokwarem no ɔhyehyɛɛ biribi a wɔayɛ no te sɛ ɔfam yi ɔhaha bebree a wansɛe biako mpo, biribi a ɛbɛyɛ den ama ɔpanyin a ne ho akokwa mpo sɛ ɔbɛyɛ?
Na ɔbarima no yere nni ahoɔden yiye, nanso eyinom nyinaa yerae bere a na ɔbarima no ni hɔ. Wɔ ne tiaatwa mu, no, esiane sɛ ɔbarima yi bɔɔ Onyankopɔn mpae sɛ ɔbɛyɛ n’apɛde na ɔyɛɛ ne mpaebɔ no ho adwuma nti, wosiesiee biribiara a ɛbɛyɛ akwanside ama no no maa no.
Mpaebɔ Ho Mmuae Ahorow
So wɔrema wo mpaebɔ ahorow ho mmuae? So wote nka sɛ woahu Onyankopɔn? So wote nka sɛ mfaso wɔ w’asetra mu sɛnea ɛfata? So woabɔ mpae na Onyankopɔn aboa wo ama moahu n’apɛde ayɛ? Sɛ ɛte saa a, wɔbɛma wo mpaebɔ ahorow no ho mmuae.
Dɛn na wobɛyɛ wɔ ho? Sɛ́ wobɛbɔ Onyankopɔn mpae ama akwankyerɛ no yɛ ade biako, sɛ́ wobɛpene n’akwankyerɛ so bere a wama wo mpaebɔ ho mmuae no yɛ ade foforo. Yesu yɛɛ eyi ho mfatoho bere a ɔkae sɛ ɔbarima bi kɔɔ ne ba nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔba, nnɛ kɔyɛ me bobeturom adwuma!” Abofra no maa mmuae sɛ, “Wiɛ, owura,” nanso wankɔ.—Mat. 21:28-32.
Nnipa pii na nnɛ wɔde wɔn ano som Onyankopɔn, nanso wɔmpɛ sɛ wɔyɛ n’apɛde. Wɔpɛ sɛ Onyankopɔn som wɔn, nanso wɔn ani nnye som a wɔbɛsom Onyankopɔn ho. Wɔpɛ mmoa wɔ wɔn sɔhwɛ horow mu, anaasɛ wɔ sika fam, anaasɛ wɔ siade ho, ɛnyɛ sɛnea ɛbɛyɛ na wɔasom Onyankopɔn yiye, na mmom wɔ wɔn pɛsɛmenkomenya atirimpɔw nti. (Yak. 4:3) Wobu wɔn ani gu mmuae a Onyankopɔn ma wɔ nea ɛne n’apɛde hyia no so.
Wɔ ɔkwan foforo so no, sɛ woyɛ nnipa kakraa bi a ɛnnɛ wɔpɛ sɛ wohu Onyankopɔn wɔ nokwarem, na wɔsɔ n’ani, na wohu sɛ wɔayɛ n’apɛde wɔ asase so no mu biako a—ɛnde nya awerɛhyem sɛ ɔbɛma wo mpaebɔ ahorow no ho mmuae. Yehowa Adansefo ani begye sɛ wɔbɛboa wo na woasua pii afa nokware Nyankopɔn, Mpaebɔ Tiefo no ho. Na obedi ho adanse akyerɛ wo, sɛ woma no kwan a, sɛ́ mpaebɔ ho wɔ mfaso.