Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g81 3/8 kr. 3-4
  • Owu Akyi Asetra Wɔ Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Owu Akyi Asetra Wɔ Hɔ
  • Nyan!—1981
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • DƐN NE OWU?
  • SO ƆKRA NO NKƆ SO NTRA ASE ANAA?
  • NKYERƐKYERƐ A ƐFA OWU AKYl NKWA HO NO FII ASE WƆ HE?
  • DƐN NA WƆNAM SO AMA SAA NKYERƐKYERƐ YI ATRA HƆ?
  • ANIDASO BƐN NA ƐWƆ HƆ MA AWUFO?
  • OWUSƆRE NO TE DƐN?
  • Ɛhe na Awufo Wɔ?
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • Dɛn Na Ɛba Yɛn Adɔfo A Wɔawuwu No So?
    Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu
  • Yewu a Ɛhe na Yɛkɔ?
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
  • Owu Akyi Asetra—Dɛn Na Bible No Ka?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1981
g81 3/8 kr. 3-4

So Woasusuw Ho Pɛn Anaa​—

Owu Akyi Asetra Wɔ Hɔ

Akyinnye biara nni ho sɛ osuahu a ɛyɛ awerɛhow sen biara ne sɛ obi akɔ ne dɔfo ayi ase. Agya, ɛnã, okunu, ɔyere anaasɛ​—bɛn a abusuabɔ no bɛn ho no ma wɔte adehwere nka kɛse.

Awerɛhow bere a ɛte saa mu na wɔtaa bisa nsɛm yi sɛ: “So owu akyi asetra wɔ hɔ?” Anaasɛ, “So mehyia me dɔfo no bio?”

DƐN NE OWU?

Ebia ɛbɛyɛ mmerɛw sɛ wubesusuw nkwa ho kan. Ɛyɛ dɛn? Nkwa yɛ asetra mu a obi wɔ. Yetumi hu ade, te asɛm, kasa di akɔneaba. Yɛte ɔhyew anaasɛ awɔw nka. Yɛn ani betumi agye anaasɛ yɛn werɛ ahow. Yiw, nkwa a yɛwɔ no ma yɛte nkate horow nyinaa nka.

Afei owu na ɛne nkwa bɔ abira. Obi ntumi nhu ade, ɔnte kasa, ontumi nkasa na ɔnkeka ne ho. Ontumi nte ɔhyew anaa awɔw nka, n’ani ntumi nnye na onni awerɛhow nso. Onnim nhwee, onni nkwa mu.

Nanso ebinom bebisa sɛ . . .

SO ƆKRA NO NKƆ SO NTRA ASE ANAA?

Sɛ yɛpɛɛpɛɛ ɔdesani kasa a akyɛ sen biara, Hebri a wohu wɔ Bible mu no mu a, yetumi hu asɛmfua a nnɛ wɔkyerɛ ase wɔ Engiresi kasa mu sɛ “ɔkra”. Ɛyɛ anigye sɛ wubehu sɛ asɛmfua néphesh, mfa biribi a ɛsono no anaa wotumi tetew mu fi nipadua no ho no ho. Mmom no, dwuma a wɔde di kyerɛ sɛ ɛfa abɔde no ankasa ho, sɛ ɛyɛ ɔdesani anaasɛ aboa. (Gen. 2:7; Num. 31:28) Ne nkyerɛase pɔtee ne “nea ɔhome.” Sɛ abɔde no gyae home a, ewu, a ɛkyerɛ sɛ, ɔkra no wu.​—Hes. 18:4, 20.

Eyi bɛyɛ den sɛ wɔn a wɔn dɔfo bi wu ahyɛ wɔn awerɛhow no begye adi. Nea afi mu aba ne sɛ, gyidi horow ne amanne ahorow pii aba a ɛne nokwasɛm a ɛfa owu ho no nhyia.

NKYERƐKYERƐ A ƐFA OWU AKYl NKWA HO NO FII ASE WƆ HE?

Ɛsɛ sɛ yɛsan yɛn akyi kɔ bɛyɛ mfirihyia 6,000 ni, bere a adesamma baanu a wodi kan no baa nkwa mu no. Na nneɛma a ɛyɛ fɛ a wonya ɔdesani nkwa a edi mũ mu anigye na atwa Adam ne Hawa ho ahyia. Nanso ho kwan a wɔwɔ sɛ wɔbɛkɔ so atra ase no gyina osetie so. “Papa ne bɔne ho dua no de, nni, efisɛ da a wubedi bi no, owu na wubewu.” (Gen. 2:17) Eyi ne onipa Bɔfo, Yehowa Nyankopɔn nsɛm. Ɛda adi pefee sɛ nea ɛne nkwa bɔ abira ne owu.

Nanso akyiri bere bi mu na wɔtee sɛ ɛne bi reka sɛ: “Ɛnyɛ owu na mubewu.” (Gen. 3:4) Ɛyɛ atoro, nanso nea ɛyɛ awerɛhow ne sɛ Hawa tiee saa nnẽ a ese ‘Ɛnyɛ owu na mubewu’ no, na odii aduaba a wɔahyɛ sɛ ɛnsɛ sɛ wodi no. Na enti Adam nso dii bi. Nea efii mu bae no sɛ wɔpam wɔn fii wɔn paradise fie no mu na wɔwoo wɔn mma nyinaa wɔ bɔne ne owu nnome ase. (Rom. 5:12) Wobehuu nea ɔkaa atoro no sɛ Satan Ɔbonsam.

Ɛbɛdaa adi pefee sɛɛ adesamma wu. Afei dɛn? Nkyerɛkyerɛ a ɛfa ɔdesani kra a enwu a wonhu no ho bae wɔ Satan nkɛntɛnso ase, na wɔde ama afi awo ntoatoaso biako so akɔ foforo so.

DƐN NA WƆNAM SO AMA SAA NKYERƐKYERƐ YI ATRA HƆ?

Wɔnam anyamesom atetesɛm so ama saa nkyerɛkyerɛ yi atra hɔ. Wɔka kyerɛ wɔn a wɔn adɔfo wu ahyɛ wɔn awerɛhow no sɛ nea wawu no wɔ nkwa mu wɔ ahonhom wiase bi mu. Wɔkyerɛkyerɛ wɔn sɛ nnipa pa wu a wɔkɔ ahotɔ mu wɔ soro bere a wɔn a wɔyɛ abɔnefo kɔ hɛll. Anyamesom binom kyerɛkyerɛ mfinimfinibea bi mu kɔ. Anyamesom akwankyerɛfo aka akyerɛ nnipa no sɛ wontua sika na wɔayɛ Mass a ɛyɛ mpaebɔ a wɔde srɛ ma awufo no na awiei no wɔatumi akɔ soro anaa nirvana.

ANIDASO BƐN NA ƐWƆ HƆ MA AWUFO?

Mpaebɔ? Nkankye? Nkyɛnerɛ? Anaasɛ aduhuam a wɔhyew ma awufo? Dabi, ɛyɛ bɔhyɛ a Yehowa Nyankopɔn de ama sɛ ɔbɛfa ne Ba, Yesu Kristo so anyan awufo no. Yesu Kristo nam n’afɔrebɔ wu no so de nea wobegyina so apopa bɔne ne owu a yɛn nsa aka afi Adam hɔ no ama. Enti awufo no bɛsan aba nkwa mu bio wɔ asase so ha, sɛnea Yesu yɛɛ ho ɔyɛkyerɛ bere a na ɔyɛ onipa no.​—Yoh 5:28, 29; 11:23, 39-44.

OWUSƆRE NO TE DƐN?

Owusɔre no kyerɛ sɛ Onyankopɔn bɛsan abɔ saa onipa koro no ara aba. Ɔbɛma no nipadua foforo na ɔde su horow a na saa onipa no wɔ no ne ne nkae ahyɛ no mu. So eyi betumi ayɛ yiye?

So wutumi kae nnipa a wo ne wɔn kɔɔ sukuu no mu binom ɛwom sɛ adi bɛyɛ sɛ mfirihyia 10, 15 anaasɛ 20 ni? Ɛwom sɛ yentumi nkae ade papa de nanso yetumi kae yɛn kan mfɛfo yi.

Saa bara nso na Onyankopɔn a ɔyɛ nea ɔbɔɔ onipa adwene no betumi asan abɔ nnipa a wɔn nkae wɔ ne tirim no esiane sɛ ɔdɔ wɔn nti. Wɔ ne bere a ɛsɛ mu no ɔde awufo no bɛba nkwa mu bio, sɛnea ɔbɔɔ onipa a odi kan no. Na owusɔre no so nkutoo na ɔbɛfa ayɛ eyi.​—Aso. 24:15.

Yiw owu akyi asetra wɔ hɔ​—nanso denam owusɔre so! So wobɛpɛ sɛ wotra ase na woayɛ wɔn a wɔbɛn wo no awaawaatuu anaa? Ɛnde sua Bible no na hu nea Onyankopɔn hwehwɛ afi wo hɔ na wode wo ho ahyɛ saa hokwan no mu. Yehowa Adansefo ani begye sɛ wɔbɛboa wo.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena