Ɛyɛ Hu Ne Nwonwa
ƆBEA MMADWOAA+ƆBARIMA NKWABOAA=NYINSƐN MFIASE ƐPAAPAE NE HO MU NA ƐPAAPAE . . .
NA ƐPAAPAE . . .
Adapɛn 3. Awotwaa mu aba no tenten yɛ nsateakwaa nkyem du mu biako, nanso na ne hon nkwadɔm a ennyinii no no amemene biako a ɛte sɛ nea emu akyɛ abien no afi dedaw. Ne koma a ɛte sɛ U no pɔmpe mogya kyini ne ntini no nyinaa mu. Kɔkrɔbɔtɔ bi a ɛwɔ mu na ɛyɛ mogya no.
NA ƐPAAPAE NE HO PII . . .
Adapɛn 9. Wɔmfrɛ no awotwaa mu aba bio, ɛyɛ nyinsɛn a efi ne ti kodu ne nan ase no tenten bɛyɛ sɛ nsateakwaa 2. Berɛbo no fi ase yɛ mogya mu nkwaboaa kɔkɔɔ no, saa bere yi mu nso na nnompe no fi ase ba, ɛno na afei de ebegye adwuma a ɛyɛ mogya a wɔyɛ no. Akwaa ahorow a wɔn ho hia no nyinaa afi ase yi wɔn ho adi, asaabo fi ase yɛ dwuma. Wohu ntini akɛse no nyinaa, ne aniwa, asõ, hwene ne ano. Nsa ne anan aba, ne nsateaa ne anansoaa nso.
NA ƐPAAPAE NE HO PII . . .
Asram 4. Afei de ne tenten bɛyɛ sɛ efi nsateakwaa 8 kosi 10. Nkekaho a efii ase asram 3 no mu reyɛ den. Akokoaa no kuntun ne mu, dannan ne ho bu afuni—ne mu nyɛ duru koraa wɔ awotwaa mu nsu a ɔda mu no mu. Ne ho a akeka denneennen no mpo betumi anyan ne na anadwo. Ɔnom ne kokurobeti, ɔde ntini a akyiri no ɔde bedi dwuma de anum ne na nufu no di dwuma. Wɔahyehyɛ awo nkwaadɔm no nyinaa awie. Nipadua no mu nsu horow no nso fi ase yɛ adwuma ne nea ɛnenam nsono no nso mu. Amemene no fa ahorow abiɛsa—medulla, cerebellum, cerebrun—da wɔn ho adi pefee. Ɔmoamoa nsateaa ne anansoaa bere a wonunu ne nsam ne ne nan ase no.
NA ƐPAAPAE NE HO PII . . .
Asram 6. Akwaa horow no mu pii anyin awie afei. Hwene mu tokuru abue, nwi ne ani akyi nwi nso afuw. Gyegyeegyeyɛ tumi ma akokoaa no bɔ piriw na ebia ɔte ne nã koma a ɛbɔ. Bɔwerɛw ne nsateaa ano nsensanee ahorow pue, na akokoaa no tumi sɔ ade mu dennen mprempren kyɛn bere a wɔbɛwo no no. Ɛwom sɛ ne mu duru nnu nkaribo biako de, nanso sɛ wɔhwɛ no so yiye a obetumi anya nkwa bere a wafi ne na yafunu mu no. Yenim ebi a ɛte saa a ɛfa akokoaa a wɔwoo no asram 5 ho a onyaa nkwa, na bere a wogu so bɔ nnuruyɛ ho mmɔden na wonya ho mfiri horow no nkokoaa a wɔwo wɔn ntɛm kyɛn sɛnea ɛsɛ no betumi anya nkwa.
NA ƐPAAPAE NE HO PII
Adapɛn 40. Akokoaa no anyin a ɔrebefi awotwaa no mu afei. Ɛnã no asiesie no ho. Awotwaa a emu yɛ fakaa no mu atrɛw ma efi ase keka no ho wɔ ɔkwan a wotumi frɛ no awoko so. Awotwaa no ne ɔdesani nipadua no ntini a ɛsõ na ɛyɛ den sen biara na ahokeka a ɛkɔ so wɔ mu no tumi de nhyɛso a emu duru bɛyɛ nkaribo 25 kosi 30 hyɛ nneɛma a ɛwɔ yafunu no mu no so. Eyi hyɛ akokoaa no ma ofi adi, ɔfa awo kã no so kɔ wiase a ɛwɔ akyi no mu. Wotwa funuma hama no kyekyere, akokoaa no home, yafunu no mu nhyehyɛe a amfa ohurututu no anni dwuma no sakra afei ma ɛde ohurututu no di dwuma na aboa ayi mframa bɔne afi mogya no mu, atwe mframa pa aba mu. Akokoaa no ade no ho afei!
NANSO NE NKWAMMOA KƆ SO PAAPAE NE HO MU MFE 2
NA ƐPAAPAE NE HO PII MFE 10
NA ƐPAAPAE NE HO PII ABABAA FƐFƐ
DE AKOSI SƐ ɔpepepepem 60 anaa nea ɛboro saa no bewie ɔdesani abɔde a wɔyɛɛ no ɔkwan a ɛyɛ hũ ne nwonwa so no bɔ.
GYE sɛ tumi bi de ne ho hyɛ mu ma nkwaboaa a ɛrepaapae no ho mu no gyae saa yɛ. Ɛnnɛ tumi a ɛte saa de ne ho hyɛ mu, ntua bi a ɛde owu ba ntɛm ɔpepem bebree afe biara. Bible no de mmofra too “tɛ nnua a anyin yiye, wɔn mmerantebere mu” a ɛhyɛ abusua no anuonyam ho. Nanso ɛnanom ɔpepem bebree si so dua, afe biara, sɛ wɔn a woyi nyinsɛn gu no ntwa wɔn “tɛ nnua” a wonnyinii no mfi wɔn yafunu mu.—Dw. 144:12.