“Wɔyɛɛ Me Ma Ɛyɛ Hu Ne Nwonwa”
Eyi ne dwom a Dawid toe tete hɔ de yii Yehowa ayɛ
BIAKO ne 1 yɛ 1. Eyi yɛ akontaabu a ɛyɛ hu. Nanso saa 1 no kyɛ no ho mu 2, afei 4, afei 8, na ɛkɔ so ara kyekyɛ no ho mu de kosi sɛ mfe pii akyi no saa 1 no abɛdan ɔpepepepem 60, anaa nea ɛboro saa. Eyi yɛ akontaabu a ɛyɛ nwonwa.
Yɛn ankasa ho asɛm na yɛreka no, biribi a yɛn mu biara afa mu. Ɔbarima ahobaa mu nkwaboaa biako hyiaa ɔbea mmadwoaa wɔ yɛn nã ntini a mmadwoa fa mu no mu na wɔka boom yɛɛ nkwaboaa biako a nkwa wom. Asram akron ne nkwaboaa ɔpepem bebree a wontumi nkan wɔn akyi no, yebepuee wiase yi mu sɛ akokoaa a wɔawo no foforo. Bere a yɛkɔɔ so nyin yɛɛ mpanyin no yɛn nkwaboaa ahorow no nso kɔɔ so dɔɔso koduu ɔpepepepem bebree. Nea ɛde eyi nyinaa fii ase ne 1 a wɔde kaa 1 ho a ɛyɛɛ 1.
Ɔkwan yi kyɛn akontaabu a ɛyɛ hũ na ɛyɛ nwonwa nyinaa. Ɛyɛ anwonwade a ɛyɛ hũ na ɛyɛ biribi a ɛmaa ɔhene Dawid a ofi Israel no too ho dwom, mfirihyia mpem abiɛsa a atwam ni. Wɔakyerɛw ne dwom a ɔto maa Yehowa ne Bɔfo no wɔ Dwom 139:13-16:
“Na wo na wobɔɔ m’asaabo, wonwenee me, me nã yam. Meda wo ase sɛ woyɛɛ me ma ɛyɛ hu ne nwonwa; wo nneyɛe yɛ nwonwa, na me kra nim saa yiye. Me nnompe anhintaw wo, bere a wɔyɛɛ me ahintawee mu na wɔnwenee me, asase mu tɔnn no. Meyɛ mogya tɔw nko no, w’aniwa huu me, na wo nhoma mu wɔakyerɛw ne nyinaa, nna a wɔahyɛ asie na emu biako pɛ nnya mmae no.”
Nnipa ɔpepem bebree a wɔwɔ asase so nnɛ no bu wɔn ani gu ɔdesani awo a ɛyɛ hu na ɛyɛ nwonwa yi so na wɔka sɛ ɛnam sesɛkwa so na ɛbae. Ɔpepem bebree nso bu eyi sɛ ɔhaw na woyi gu. Nanso, ɔpepem foforo bebree wɔ hɔ a ɔdesani awo no yɛ wɔn nwonwa na ɛkanyan wɔn kɛse na wɔteɛm sɛnea Dawid yɛe no: “Mɛkamfo wo efisɛ woayɛ me ma ɛyɛ hu ne nnwowa,” (NW) .
Nimdeɛ a akɔ anim ama wɔahu anwonwade ahorow a ɛkɔ so wɔ awotwaa a emu aduru sum no mu no, nanso anwonwade ahorow pii da so wɔ hɔ. Nea wonim ne nea wonnim nyinaa yɛɛ ɔpepem bebree a wɔn ani sɔ ade na nsɛm kanyan wɔn no nwonwa. Na ɛnyɛ wɔn ankasa awo nka na wɔte no saa, na mmom wɔte nka saa ma wɔn asefo, a wobu wɔn sɛ “agyapade a efi Yehowa hɔ” no.—Dw. 127:3.
Sɛ ɔbarima nkwaboaa mpempem yi biako wie n’akwantu a ɛyɛ nwonwa no na sɛ ekodu Ntini Kɛse a mmadwoaa fa mu no mu na sɛ etumi hyɛn nkesua no mu a, nkwaboaa bi nhyɛn mu bio. Nkwa aba nkesua no mu, nyinsɛn fi ase na wɔakyerɛw “nhoma” ama ɔdesani abɔde a nkwa wɔ no mu. Saa bere no mu ara na wɔhyehyɛ sɛ ɔbɛyɛ ɔbarima anaa ɔbea, nipadua mu su horow, nkate, akyɛde ahorow, mmɔdenbɔ ahorow ne sintɔ ahorow ne nneɛma ahorow nyinaa prɛko pɛ. Nneɛma a atwa ɛnã no ho ahyia wɔ nyinsɛn bere mu ne awo akyi no tumi nya nkɛntɛnso kɛse a etumi sakra suban, nanso sɛnea onipa bɛyɛ yɛ nea wɔahyehyɛ ato hɔ.
Ansa na nipadua no mu akwaa ahorow ɔpepem bebree no biara bɛba no, na bere a wɔde bɛba, ne wɔn kɛse ne su yɛ nea woahyehyɛ ato hɔ dedaw. “Wo nhoma mu wɔakyerɛw ne nyinaa, nna a wɔahyɛ asie na emu biako pɛ nnya mmae no.” Saa ‘nkyerɛwee’ anaa ‘nhoma’ no wɔ mogya mu nkwaboaa bi a wɔfrɛ no kromosoms (chromosomes) 46 a wɔn nso wɔwɔ mogya mu nkwaboaa afoforo a wɔfrɛ wɔn genes a wɔde suban a efi awofonom no hɔ ma—chromosomes anaasɛ mogya nkwaboaa a ɛyɛ suban a efi awofo no biara mu—23 ma.
Mfiase no nkwaboaa a ɛkyekyɛ ne ho mu no yɛ biako, nanso nsakrae ahorow a ɛyɛ nwonwa ba mu. Nkwaboaa ahorow no sakra na ɛsonosonoe na ɛsono ebiara adwumayɛ afei wo nkesua a ofii wɔn ase no ho. Wɔ adapɛn awotwe mu no na berɛbo nkwaboaa, koma nkwaboaa, ntini nkwaboaa, mogya nkwaboaa amemene nkwaboaa, dompe nkwaboaa ne bebree aba—a ne nyinaa wɔ dwuma pɔtee a wodi, nanso ne nyinaa kura mogya nkwaboaa dodow a wofii ase wɔ nkesua no mu no!
Ɔkwan a eyi fa so di dwuma no yɛ nwonwa, nanso nkyerɛkyerɛmu a emu da ho pefee yi bɛma obi ate sɛnea eyi yɛ hwanyann no ase kakra. Adwumayɛbea ahorow mpem bebree a wɔsese wɔn ho na ɛwɔ hɔ, a emu biara no mfiri horow mpem bebree wom, a mfiri no mu biara yɛ kar bi a wopɛ sɛ woyɛ no fã bi. Adwumayɛbea biara a ekura ne mfiri tumi yɛ kar a edi mũ. Nanso nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ, wɔ adwumayɛbea biara mu no, afiri biako pɛ na wɔde di dwuma wom, a ɛyɛ kar no fã biako pɛ. Mfiri horow a aka no nyinaa nyɛ adwuma biara! Adwumayɛ dan biako yɛ sparkplug nhama, foforo nso yɛ kar pon no nsa a wɔde bue, nea ɛto so abiɛsa yɛ gear, na adwumayɛbea biara de afiri a ehia ma wɔde ayɛ saa ɔfa no na edi dwuma. Adwumayɛbea biara yɛ ɔfa a wɔde ahyɛ no nsa sɛ ɔnyɛ no, afiri a wɔde yɛ saa ɔfa no nkutoo na edi dwuma, a mfiri horow a aka no nyɛ adwuma biara. Nanso sɛ wɔboaboa afa horow a adwumayɛbea horow no ayɛ no nyinaa ano a, nea efi mu ba ne kar biako a wɔayɛ.
Saa nso na nipadua mu nkwaboaa biara te sɛ adwumayɛbea, ne nhyehyɛe a ɛyɛ genes no a ɛwom no te sɛ mfiri horow—nkwaboaa ne mogya mu nkwaboaa afoforo a wɔfrɛ no genes no ka bom ma wɔn dodow yɛ ɔpepepepem bebree mmom sen mpem kakraa a yɛde dii dwuma wɔ nhwɛso no mu no. Wɔayɛ saa genes anaasɛ nkwaboaa yi ma atumi ayɛ nipadua no akwaa biako pɔtee bi. Nkwaboaa biako biara wɔ saa genes ahorow a ebetumi ayɛ nipadua no, nanso genes yi biako pɛ (afiri biko wɔ yɛn nhwɛso no mu) na edi dwuma yɛ ɔfa a wɔde ahyɛ ne nsa no—berɛbo nkwaboaa, sɛ nhwɛso. Genes ahorow a ɛwɔ saa nkwaboaa yi mu no nyinaa no nyɛ adwuma. Saa ara nso na nkwaboaa ahorow no de genes ahorow a wɔaka abom anaasɛ “mfiri” no di dwuma de yɛ koma nkwaboaa, anaasɛ ɔhonam nkwaboaa, ntini nkwaboaa ne nea ɛkeka ho. Sɛ woka ne nyinaa bom a, nkwaboaa ahorow no yɛ ntini ahorow a ehia a wɔde bɛyɛ nipadua no.
Dɛn na ɛma genes ahorow no bi fi adwumayɛ ase na ɛma afoforo a wɔwɔ saa nkwaboaa no mu no nso gyae adwumayɛ? Dɛn na ɛkyerɛ nkwaboaa ahorow ko a ɛsɛ sɛ wɔyɛ nipadua no fa bi? Dɛn na ɛma adwumayɛ fi ase, na dɛn na ɛkyerɛ bere a ɛsɛ sɛ wofi ase? Dɛn na ɛma nkwaboaa yi gyae adwumayɛ bere a wɔawie, a ɛnte sɛ akisikuru nkwaboaa a enim sɛ ɛsɛ sɛ wogyae adwumayɛ? Na dɛn nti na nkwaboaa ahorow a efi onipadua no mu akwaa ahorow bi yɛ ase no nyinaa hyiam wɔ faako a ɛsɛ, ma enti ɛsẽ nyin bere biara wɔ onipa anom na ɛnyɛ wɔ n’apampam na ohurututu ne mframakwan no di dwuma na ɛne onipa nsono nyɛ saa?
Nyansahufo bɔ wɔn tirim ka asɛm, nanso wonnim. Yenim sɛ wɔannyaw biribiara amma sesɛkwa; nkwaboaa no di nhoma a Yehowa “akyerɛw” agu genes no mu no akyi. Wɔ yɛn fam de eyi yɛ hũ ne nwonwa ma ɛma yenya nea yebegyina so akamfo no. “Wo nneyɛe yɛ nwonwa, na me kra nim saa yiye.”
Anwonwade foforo a ɛsɛ sɛ yehu ni: ɛnã no nipadua mpow awotwaa mu aba no, ɛwom sɛ eyi mfi ne nipadua no mu na ɛsono nkwaboaa a wɔde yɛ eyi. Ɔdesani nipadua no ntaa mpene abɔde foforo a ɛsono ne nkwaboaa no so wɔ ɔkwan ketewaa bi so, nanso genes anaasɛ nkwaboaa a ɛwɔ awotwaa aba no mu no fi agya no hɔ. Eyi nyinaa akyi no, ɛnyɛ sɛ nipadua no pene nkwaboaa foforo a wɔde abɛhyɛ no mu yi so na mmom ɛbɔ abofra no ho ban yɛn no asram akron! Nyansahu mu nhwɛso horow akyerɛ sɛ bere bi ba wɔ nyinsɛn bere no mu a ɛhyɛ nneɛma ahorow a ɛma ɛpow nkwaboaa no so ma etumi bɔ akokoaa a ɔrenyin no ho ban fi saa asiane yi ho. Sɛnea Odwontofo no kae no, “Wo nwenee me, me na yam.”
Bere a ɔrenyin wɔ ne nã yam no wɔyɛɛ biribiara maa abofra no. Ɛna no yɛn no ma no aduan, ɔbɔ ne ho ban, ma ne ho yɛ hyew na ne mogya de mframa pa fa awo-akyi-ade no so ma abofra no. Nanso sɛ akokoaa no awo du hɔ a na asɛm kɛse bi aba. Ɔrennya mframa pa mfi ɛnã no hɔ bio! Ɛsɛ sɛ akokoaa no ankasa nya eyi, ntɛm ara, anyɛ saa a obewu!
Wɔyɛ nhyehyɛe bi a wɔfa so gye nkwa ntɛm ara ho ɔyɛkyerɛ. Ɛsɛ sɛ wɔsesa ɔkwan a mogya no kyin fa mu no. Yafunu no mu na tokuru bi a ɛda koma no mu a ɛde mpaapaemu ba koma mpia a ɛwɔ benkum ne nifa no mu no mu no siw mogya a ɛbɛkɔ ohurututu no mu no kwan. Mogya a aka no nyinaa fa mogya ntini kɛse no mu a ɛmfa ohurututu no mu. Mogya a ɛfa ohurututu no mu no yɛ ɔha mu nkyem du pɛ. Nanso sɛ wonya wo no pɛ a ɛsɛ sɛ ne nyinaa yɛ saa, na ntɛm so! Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔbɛyɛ eyi no, sɛ wonya wo abofra no pɛ a, tokuru a ɛda koma no mpia ahorow no mu no siw ntɛm ara na mogya no nyinaa fi ase fa ohurututu no mu. Mogya ntini kɛse a mogya no fa mu di akɔneaba wɔ ohurututu no mu no twintwam na mogya no nyinaa fa ohurututu no mu. Abofra no home, ohurututu a afi ase yɛ adwuma no de mframa pa ma mogya no, nsakrae a ɛyɛ nwonwa no aba, abofra no anya nkwa!
Onipa rentumi nyɛ nkwaboaa biako wɔ ne nnwinan anaa ndwumayɛbea a ɔde sika ɔpepem bebree asisi no mu, nanso ɔbarima ne ɔbea a wɔka bom betumi ayɛ ɔdesani biako. Nea ɛyɛ hwanyann ne nwonwa sen biara no, otumi yɛ onipa foforo a ɛsono no wɔ biara a ɔwɔ asase so no ho. Anwonwade, ɛyɛ hu na wontumi nte ase—nanso obu kakraa bi pɛ na nnipa pii wɔ ma eyi, nanso wokum nkwa foforo a enyin wɔ awotwaa no mu no a wonsusuw ho koraa efisɛ wɔmpɛ sɛ ɛbɛhaw wɔn. Wonnim nokware a ɛyɛ sɛ “yafunu mu aba yɛ akatua” a efi Yehowa hɔ, na ɛyɛ hu ne nwonwa nyinaa no.—Dw. 127:3.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 13]
Dɛn nti na nkwaboaa a ɛyɛ nipadua no mu akwaa pɔtee bi no ba beae a ɔfata hɔ no pɛpɛɛpɛ bere nyinaa, ma enti ɛsẽ fifi wɔ anom bere nyinaa na ɛnyɛ wɔ ti no so?
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 14]
Wonnnyaw biribiara mmma sesɛkwa. Nkwaboaa no di nhyehyɛe a ɛte sɛ ‘nkyerɛwee’ a Yehowa de ahyɛ mogya mu nkwaboaa anaa genes no mu no akyi