Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g80 10/8 kr. 5-7
  • Wɔbɔ Mmɔden Sɛ Wobedi Owu So Nkonim

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔbɔ Mmɔden Sɛ Wobedi Owu So Nkonim
  • Nyan!—1980
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nyansahu Mu Botae Horow
  • Nea Wɔatumi Ayɛ Ankasa
  • Atetesɛm a Ɛbɔ Mmɔden Sɛ Ebedi Owu So Nkonim
  • Nea Wotua
  • Ɛhefa Na Yɛn Nananom Wɔ?
    Ɔkwan a Ɛkɔ Daa Nkwa Mu No—So Woahu?
  • Nananom A Wɔawuwu A Wɔsom Wɔn—Nea Enti A Ɛkɔ So
    Nyan!—1985
  • Dɛn na Ɛba Ɔkra So Wɔ Owu Mu?
    Sɛ Yewu a Dɛn na Ɛba Yɛn So
  • Owu Akyi Asetra—Dɛn Na Nkurɔfo Gye Di?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
Nyan!—1980
g80 10/8 kr. 5-7

Wɔbɔ Mmɔden Sɛ Wobedi Owu So Nkonim

ƐYƐ DEN ma nnipa pii sɛ wobegye atom sɛ owu ne ade nyinaa awiei. Pii pɛ sɛ wogye di mmom sɛ asetra kɔ so wɔ owu akyi. Ebia abɔde ho nyansahufo pii rennye eyi nni. Nanso, sɛ wohyia nokwasɛm a ɛfa owu ho no a, wɔfa akwan horow so bɔ mmɔden sɛ wɔbɛtwe onipa nkwa nna mu. Sɛnea Bible ka no: “Mmeresanten . . . [wɔ] wɔn koma mu.”​—Ɔsɛnk. 3:11.

Nyansahu Mu Botae Horow

Wɔayɛ nhwehwɛmu pii sɛ wɔde behu sɛnea nkwa ne nkwaboaa no te. Nhwehwɛmu ahorow a wɔayɛ wɔ ɔdesani nkwammoaa ho no ada no adi sɛ, wɔ tebea pa mu no, wobetumi atra ase daa. Mpɛɛpɛɛmu ahorow a wɔyɛ akyerɛ sɛ nea wɔfrɛ no Borɔfo mu DNA a ɛyɛ nkwaboaa mu su a ɛwɔ abɔde biara mu no kura abɔde no su ne ne ban nyinaa.

Esiane eyi nti, nkwa mfiase ho nimdefo reyɛ mpɛɛpɛɛmu wɔ nkwaboaa a wobeyi ama onipa foforo ho. Abɔde ho nyansahufo bi susuw sɛ wobetumi afa onipa biako mu nkwammoaa no bi a wobeyi ama onipa foforo so asa nipasu mu nyarewa ahorow, ato nnipa nkwa nna mu, na wɔde nsakrae akɛse aba onipa ankasa mu.

Wokura adwene afoforo nso a wɔkyerɛ sɛ wɔnam so betumi adi owu so nkonim. Ebinom ka adwene a wobeyi afi onipa biako mu akɔhyɛ onipa foforo tirim, na wɔama awufo asan aba nkwa mu bio daakye ho asɛm. Nkurɔfo asusuw wɔn nipadua a wɔbɛma wɔakora so yiye denam ice (ais) mu a wɔde bɛhyɛ ntɛm ara so ho. Wɔwɔ anidaso sɛ ebia abɔde ho nyansahufo behu ɔkwan a wɔbɛfa so de wɔn aba nkwa mu bio daakye

Nea Wɔatumi Ayɛ Ankasa

Nea ɛne wɔn tirim a wɔbɔ sɛ wɔbɛma ɔdesani nkwa ayɛ tenten bɔ abira no, nnuruyɛ ho mpɛɛpɛɛmu ada nneɛma bi adi. Asetra a ɛho tew ama nnipa pii nkwa aware. Atwa mmofra nketewa a wowu pii nso so.

Nkɔso aba akwan horow a wɔnam so sa nyarewa ahorow mu, na ama ayarefo anya ahoɔden afi nyarewa ahorow a mmere kakraa bi a atwam no anka ebetumi akum wɔn ntɛmntɛm no mu. Nkɔso a wɔanya wɔ mfiri a wɔde sa yare mu, ne nipadua no mu akwaa horow no ho ntease a akɔ anim ama wɔatumi anya nkɔso wɔ onipadua a wɔpaa mu sa no yare abɛyɛ sɛ mfirihyia 40 a atwam ni no na wonsusuw sɛ wobetumi ayɛ mu.

Enti nnipa ɔpepem bebree nkwa nna aware. Nanso adesamma nyinaa nkwa nna nkɔɔ anim. Aman a wɔanya nkɔanim wɔ asetra mu mpo no, wɔn nkwa nna yɛ bɛyɛ mfe 70 anaa 80. Nea ɛboro mfirihyia 3,000 a atwam ni no Bible kae sɛ “yɛn mfirihyia nna, emu wɔ mfe aduɔson, na sɛ ɛboro so a, na ɛredu aduɔwɔtwe, na emu ahoahoade yɛ ɔbrɛ ne ahuhude, na etwam ntɛmso, na yetu kɔ.” Eyi da so ara yɛ nokware nnɛ.​—Dw. 90:10.

Atetesɛm a Ɛbɔ Mmɔden Sɛ Ebedi Owu So Nkonim

Nanso nkurɔfo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛbrɛ nkate a ɛte sɛɛ no ase akwan horow so. Ebinom susuw ɔdesani kra a wɔkyerɛ sɛ enwu, fi a efi mu kɔ ahonhom wiase bi mu anaa ɛkɔ soro ho.

Anyamesom ahorow pii ma nkurɔfo gye eyi di. Kristoman mu asɔre horow bu nkyerɛkyerɛ a ɛfa ɔkra no a ɛkɔ ahonhom wiase bi mu no sɛ ɛno ne wɔn gyidi titiriw. Bere a saa gyidi yi rekɔ fam wɔ aman a wɔanya nkɔso pii no mu no, emu yɛ den kɛse wɔ Amerika Mfinimfini ne Anaafo, Afrika ne Apuei fam nsase so.

Sɛ nhwɛso no, Brazil yɛ Roma Katolekfo man, na nnipa pii kura Katolekfo adwene a ɛfa owu akyi asetra ho, ɔsorokɔ, ahodwiragya ne hellgya ho no. Nanso, Afrikafo som ne Europafo ahonhonsɛmdi nso anya ebinom so nkɛntɛnso. wobu ahoni ahorow a ɛwɔ wɔn asɔredan ahorow mu no sɛ wɔn “ahotefo” a wɔatwam kɔ ahonhom tebea mu. Wogye di sɛ Afrika anyame anaasɛ tetefo a wɔawuwu no ahonhom na ɛba akɔmfo anaa adebisafo so. Afei wɔ Afrika nyinaa no abosom, ahoni ne suman ahorow a wɔte nka sɛ nananom a wɔawuwu ahonhom nam so di dwuma wɔ hɔ.

Nea Wotua

Ɛfata sɛ wɔhyɛ no nsow sɛ saa mmɔden a wɔnam atetesɛm so bɔ sɛ wobedi owu so nkonim no gye biribi. Ɛtɔ bere bi a egye sika. Nsɛm no bi mu nso no ɛyɛ osuro.

Sɛ nhwɛso no, nea ɛka Kristoman nkyerɛkyerɛ a ɛfa ɔkra a enwu da ho no ne hellgya ho suro. Wɔkyerɛkyerɛ wɔn a wogye ahodwiragya di no sɛ ɛsɛ sɛ wɔbɔ mpae na wɔde agye wɔn adɔfo a wɔawuwu no akra afi mu. Nanso, wɔhwɛ sika kwan fi wɔn a wɔpɛ sɛ wodi dwuma a ɛte saa ma wɔn no hɔ.

Sɛ obi a ofi Northern Transvaal (Afrika) wu a, abusuafo no kɔ ɔdebisafo nkyɛn. Ɛha nso, wɔhwɛ sika bi a wobetua kwan. Wobu ɔdebisafo no sɛ ɔno na ɔkasa ma ateasefo ne awufo. Wogye di sɛ nea wawu no kɔ anyame no asase so na wɔhyɛ no anuonyam bi a wannya da ansa na ɔrewu. Wosuro no kɛse mpo, efisɛ wogye di sɛ ɔwɔ tumi a obetumi de adi ateasefo awu. Enti wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛsɔ n’ani denam ɔfã titiriw bi a wɔhyɛ no da a wɔresie no no so.

Zulufo a wɔwɔ South Afrika gye di sɛ awufo no tumi bɔ ateasefo ho ban na wɔboa wɔn. Wɔtaa bɔ afɔre horow ma wɔn na wɔde anya wɔn anim dom.

Tete hɔ no, nea efii gyidi ahorow a ɛtete sɛɛ mu bae ne nnipa a wɔde wɔn bɔɔ afɔre horow wɔ Afrika. Sɛ ɔhene bi wu a, wosie n’asomfo no mu binom ka ne ho na wɔakɔsom no wɔ ahonhom atrae hɔ. Wɔ Ghana ha no, wɔde sika, ntama ne nneɛma afoforo sie awufo no mu bi wɔ atirimpɔw koro yi ara nti.

Wɔ St. Joseph Katolek Oratory a ɛwɔ Montreal (wɔ Kanada) no, wɔn a wɔsom wɔn awufo no sɛe sika pii de tɔ Kyɛnɛl atenten sɔ. Wogye di sɛ eyi bɛboa wɔn a wɔwɔ ahodwiragya mu no akra.

Yiw, wotua biribi wɔ mmɔden a wɔbɔ sɛ wobedi owu so nkonim no ho​—nanso, so ɛho hia? Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛanya mmuae a ɛma obi koma tɔ ne yam no, ɛsɛ sɛ yehu nea Bible no ankasa ka sɛ owu yɛ.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena