Wubu Wo Mma Dɛn?
“NHYIRA.” “Akyɛde a efi Onyankopɔn nkyɛn.” “Anigye ankasa.” “Wɔma yɛn koma ani gye.” Hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ yɛte nsɛm a ɛtete sɛɛ fi awofo ahorow nkyɛn! Titiriw esiane sɛ ɛnyɛ awofonom nyinaa na wobu wɔn mma sɛ nhyira nti.
Nanso asemmisa no ne sɛ: Wubu wo mma dɛn? W’ani gye asɛyɛde ahorow pii a wowɔ sɛ ɔwofo no ho? So woma wo mma hu bere nyinaa sɛ wodɔ wɔn na ɛyɛ wo dɛ sɛ wowoo wɔn anaa? Bere bɛn ne nea edi akyiri a wosɔɔ wɔn mu na wokaa dɔ a wodɔ wɔn no ho asɛm kyerɛɛ wɔn?
Ɛyɛ ampa sɛ, ɔwofo a obi yɛ no nyɛ adwuma ketewa. Ɛyɛ den, egye mmɔdenbɔ na mpɛn pii no ɛhaw adwene. Nanso, ebetumi ayɛ nea nhyira wom kɛse. Na nnepa a efi mu ba no boro ɔhaw ahorow a ɛwom no so koraa. Awofo pii te nka saa. Wote nka saa?
Yiw, adwene horow pii wɔ hɔ. Ɛnyɛ awofo nyinaa na wɔn ani gye wɔn asɛyɛde ho dwumadi ho. Ebinom fam no, wɔte nka sɛ wɔn mma mma wonnya bere a wɔn nkutoo de bɛtra ase anaasɛ wɔmma wonya ahofadi, esiane sɛ ɛtɔ da bi a mmofra no mma wontumi nyɛ biribi a wɔpɛ sɛ wɔyɛ nti. Ebinom nso wɔ hɔ a na wonsiesiee wɔn ho sɛ wobegye awofoyɛ ho asɛyɛde ato wɔn ho so. Na ebinom nso wɔ hɔ a na wɔmpɛ nneɛma ahorow a wɔn asɛyɛde no hwehwɛ sɛ wɔyɛ no. Nanso nkyerɛkyerɛmu biara a wɔde bɛma no, ɛyɛ awerɛhow. Titiriw esiane sɛ adwene a ɛte saa a anigye nni mu no bɛka sɛnea saa awofo yi bebu wɔn mma na wɔayɛ wɔn no nti. Yiw, awofo bi mpo frɛ wɔn ankasa mma sɛ “mmonsam.” Enti, ɛnyɛ nwonwa koraa sɛ mmofra binom wɔ hɔ a woyɛ wɔn hwee a ɛnyɛ yiye. Wɔte nka sɛ wɔmpɛ wɔn asɛm anaasɛ wɔnnɔ wɔn, na akwan horow pii so no wɔn nso wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ bi atua ka.
Ɔwofo a Obi Yɛ Ho Adwempa
Na awofo a wɔdɔ wɔn mma na wɔn ani gye wɔn ho no nso ɛ? So yebetumi asua biribi afi wɔn nkyɛn? So adwene a wɔwɔ wɔ wɔn mma ho no betumi aboa yɛn ma yɛahu sɛnea ɛsɛ sɛ yɛn ankasa nkate yɛ? Yiw, wobetumi aboa. Atenka pa a wɔwɔ wɔ wɔn mma ho no da adi wɔ aba pa a wɔsow no mu: wɔn mma fi ɔdɔ ne osetieyɛ mu di akwankyerɛ a wɔn nsa ka no ho dwuma na wonyin bɛyɛ mpanyimfo a wɔn ani da hɔ na wɔwɔ ɔdɔ. Na afei, wɔn nso wɔde nnyinasosɛm ne ntetee pa a wɔnyae bere a wɔyɛ mmofra ma wɔn mma. Na so ɛnyɛ eyi na ɔwofo a obi yɛ no kyerɛ?
Na wo mma nso ɛ? So wɔyɛ osetie na wobu ade anaa? Sɛ ɛnte saa a, mpa abaw. Hwɛ a wohwɛ kwan sɛ anka wo mma bɛyɛ wo nkyerɛkyerɛ ho osetie no nyɛ nea ɛmfata Dɛn nti na yɛka saa? Efisɛ ɔbɔadeɛ no ankasa na ɔde mmofra hyɛɛ wɔn awofo hwɛ ase. Ɛyɛ nhyehyɛe a Onyankopɔn ankasa yɛe. Efesofo 6:1, 2 ka sɛ: “Mma, muntie mo awofo asɛm Awurade mu; na eyi na ɛteɛ. Di w’agya ne wo na ni! Eyi ne mmara asɛm a edi kan a bɔhyɛ wɔ mu.” Enti, saa kyerɛwsɛm yi hyɛ wo mma nkuran sɛ wontie wo wɔ asɛyɛde a Onyankopɔn de ama wo no ho dwumadi mu.
Sɛ́ wubetumi ayɛ eyi no gye adwuma den. Sɛnea okunafo bi a ɔwɔ mmabarima baanum kae no: “Migyee bere tetee wɔn na mprempren mihu wɔn ho mfaso—wɔn suban, wɔn nneyɛe. Wɔn ho nyɛ ahometew; wɔyɛ bɔkɔɔ na wobu ade nso. Afei mmofra no ka sɛ: ‘Mama, woanyin asen yɛn—wo na ɛsɛ sɛ wuhu.’ Wɔ me fam no eyi yɛ nhyira.” Ɛnanom baahe na wɔmpɛ sɛ wɔte asɛm a ɛte saa fi wɔn mma nkyɛn?
Nanso, sɛ mmofra no bɛyɛ osetie a, ɛsɛ sɛ awofo kyerɛ nea wɔn mma yɛ no ho anigye ankasa. Ɛnnɔɔso sɛ awofo de mmara ne ahyɛde horow besisi hɔ na wɔadi akyi ara kwa. Ɛsɛ sɛ wɔyɛ nea wobetumi nyinaa ma nkitahodi pa kɔ so wɔ wɔne wɔn mma ntam. Ɛnyɛ den sɛ wɔn a wɔkyerɛ nneɛma a wɔn mma yɛ ho anigye no ne wɔn bɛbɔ nkɔmmɔ. Ɛnã a ɔwɔ ɔbabarima a wadi mfe dubiako dii nokwasɛm yi ho adanse:
“Meresua nneɛma bi afi ne nkyɛn a anka m’ani rennye ho. Sɛ ebia, misusuwii sɛ ɛbɛyɛ papa ama no sɛ ɔbɛhwɛ biribi foforo nso so aka n’ankasa ho na enti mekɔfaa nam bi a ɛda nsu mu brɛɛ no. Bio, ɛnyɛ ɔno nko na ɛboaa no; na mmom ɛboaa me nso. Mprempren m’ani gye kɛse sɛ mihu saa nam no wɔ nsu no mu. Bere a nneɛma a n’ani gye ho dɔɔso no, mihu sɛ me ne no nyinaa bom nyin na akã yɛn baanu nyinaa abom kɛse.”
Nnansa yi, agyanom bi adi wɔn mma nka te ho dwuma kɛse. Bere tenten a atwam no wɔabu wɔn sɛ wɔn a wɔteɛ mmofra so wɔ abusua no mu. Nanso nneɛma a ɛrekɔ so nnansa yi ama wɔabɛyɛ wɔn a wɔyɛ nhyehyɛe horow ma wɔn na wɔhwɛ wɔn so sɛ mmofra. Agya biako kae sɛ:
“Mete nka sɛ ɛsɛ sɛ agyanom nya kyɛfa kɛse wɔ wɔn mma awo mu, sɛ ɛbɛyɛ yiye a. Enti na meka me yere ho wɔ dan mu hɔ bere a ɔwoo yɛn babea a odi kan no. Yiw, mintumi nka anigye nkate a minyae bere a dɔkta no de abofra no maa me nea edi kan bere a wɔwoo no pɛ no. Amonom hɔ ara mibuee m’ano de aseda ne ayeyi maa Yehowa Nyankopɔn wɔ saa nhyira yi ho. Na me ne me yere nyinaa bu yɛn mmabea baanu no saa ara de bedu nnɛ.”
So Yebetumi Abu Mmofra Nyinaa Sɛ Nhyira?
Na mmofra a wɔbɛwo wɔn no na wɔadi dɛm anaasɛ na wonni ahoɔden no nso ɛ? So yebetumi abu wɔn nso sɛ nhyira? Na so wɔn awofo nso ani betumi agye wɔ wɔn asɛyɛde ho dwumadi mu? Ma yɛmma awofo bi a na wɔn ba adwene nyɛ adwuma yiye na ɔwɔ komayare no mmua saa nsɛm yi. Momma yenni kan ntie agya no: “Dɔktafo no ka kyerɛɛ yɛn sɛ yebetumi agyaw no hɔ efisɛ obewu ɔkwan biara so. Mibisaa wɔn nea yebetumi ayɛ ama no na ɛyɛɛ wɔn nwonwa sɛ na yɛpɛ sɛ yɛfa no. Wɔkyerɛe sɛ hwee nni hɔ a yebetumi ayɛ na wɔma yɛde no kɔɔ fie na wakɔwu.” Ɛnã no kɔɔ so sɛ:
“Mfiase no wɔhyɛɛ yɛn nkuran sɛ yebetumi de no akɔto baabi a ayarefo gu, nanso yɛantie. Yɛante nka bere tiaa mpo sɛ yenni ne ho dɔ. Dɛn ntia, na ɔyɛ yɛn babea a yɛde bere tenten ahwɛ kwan sɛ yebenya (bere a yɛawo mmabarima 4) na na yɛpɛ sɛ yɛde no kɔ ofie. Mprempren nkɔso a wanya no yɛ dɔktafo no nwonwa. Mprempren wadi asram 14, ɛwom sɛ wɔkae sɛ ɔrentumi nni abosome abiɛsa de. Onim sɛ yɛdɔ no na eyi aboa no wɔ ne nyin mu, ɛwom sɛ na n’adwene ntumi nyɛ adwuma yiye na ɔwɔ koma yare nso. Na ɔno ne abofra a ɔwɔ ɔdɔ sen biara a mahu pɛn. Yiw, medɔ no efisɛ meyɛ ne nã. Nanso sɛ yebehu ɔdɔ a Yehowa Nyankopɔn wɔ ma no no na ɛyɛ nwonwa. Ɔno nkutoo na wama watumi akɔ so atra ase. Enti, ɛbɛyɛ dɛn na yɛrensom Onyankopɔn a ɔte saa?”
Ɛyɛ ampa sɛ, ɛyɛ den sika fam ne nkate fam titiriw ma awofo a wɔn mma adi dɛm wɔ ɔkwan bi so. Nanso ɛho hia sɛ woyi ɔdɔ kɛse adi kyerɛ mmofra a wɔte saa na wɔhwɛ wɔn so kɛse sen mmofra a hwee nyɛ wɔn. Na sɛ awofo no dɔ no a, mpɛn pii no abofra no beyi ɔdɔ a ɛte saa ara nso adi akyerɛ.
Sɛnea Wogyina Nsɛm a Emu Yɛ Den Ano
Nanso, nsɛm a emu yɛ den sɔre, na asemmisa no ne sɛ: Dɛn na awofo betumi ayɛ de agyina ano? Sɛ́ wɔbɛteɛteɛm de ahyɛde ama sɛ ɛsɛ sɛ wodi so no ntumi nyɛ ahe biara. Sɛ wɔamma kwan amma mmofra a nsɛm haw wɔn adwene no ne wɔn awofo ankasa a, ebetumi ahyɛ wɔn abufuw na ne saa nti wɔrenkyerɛ obu. Sɛnea Efesofo 6:4 tu fo no: “Agyanom, munnyi mo mma abufuw, na mmom monyɛn wɔn Awurade kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu.”
Agya bi a ɔwɔ mmabarima baanan da mfaso a efi afotu a ɛte saa akyidi mu ba adi: “Mebɔ mmɔden sɛ metie wɔn, mehu nea ɛwɔ wɔn adwenem. Saa kwan no so nkutoo na metumi aboa wɔn. Me ne wɔn yɛ dapɛn biara Bible adesua na yɛtaa ma Bible no di wɔn nsɛm a emu yɛ den ho dwuma. Mmofra no te ase sɛ nkyerɛkyerɛ a yɛde ma wɔn no fi Onyankopɔn na emfi yɛn, na ɛyɛ mmoa kɛse.”
Ade kɛse biako a ɛboa wɔ nsɛm a emu yɛ den ho dwumadi mu ne sɛ yebenya bere atra wɔn nkyɛn. Sɛ biribi haw mmofra a, saa bere no na wohia wɔn awofo sen bere biara. Ɛnã bi kaa eyi sɛ “Minya bere ma wɔn bere nyinaa. Yɛma wohu sɛ wubetumi de biribiara aba yɛn nkyɛn. Sɛ asɛm no sua wɔ yɛn ani so mpo a, mpɛn pii no ɛsõ ma wɔn; ɛno ne nea ɛho hia saa bere no. Na esiane sɛ wonim sɛ wɔn asɛm fa yɛn ho nti, wɔde biribiara ba yɛn nkyɛn.” Hwɛ fɛ ara a anka ɛbɛyɛ sɛ mmofra nyinaa betumi de biribiara a ɛhaw wɔn akɔ wɔn awofo nkyɛn a wonni kan mmu wɔn fɔ anaasɛ wɔnka wɔn anim! So ɛte saa wɔ wo fam? So wohyɛ wo mma nkuran ma wɔkasa kyerɛ wo a wonsuro bere a woyɛ komm tie anaa?
Sɛ́ wubedi w’asɛm so nso yɛ ade biako a ɛho hia a ɛsɛ sɛ mo a moyɛ awofo kae. Ɛte sɛ nea mmofra tumi pene nneɛma pii so, nanso wontumi nnye huammɔdi anaasɛ nsakrae horow ntom yiye. Sɛnea ɛnã bi daa no adi no: “Bɔhyɛ ahorow a mede bɛma a mintumi nni so no haw mmofra no ara kwa. Wɔde wɔn ho to m’asɛm so pii. Enti sɛ meka a, mebɔ mmɔden sɛ medi so. Na sɛ mintumi nyɛ biribi a, mekyerɛ nea enti na meka kyerɛ wɔn sɛ mesrɛ wɔn. Ɛno ma wohu sɛ ɛtɔ da bi a me nso metɔ sin na ɛno ama abusuabɔ pa abɛda yɛn ntam.”
Da bɛn na wɔpaa wo mma kyɛw wɔ biribi a na waka sɛ wobɛyɛ a woantumi anyɛ ho?
Dɛn Na Ɛsɛ sɛ Yɛkwati?
Nneɛma bi wɔ hɔ a sɛ awofo nya ho kwan bio a, anka wobedi ho dwuma wɔ ɔkwan foforo so. Ebinom adi yaw sɛ wɔannye bere pii antie nea wɔn mma wɔ ka. Ebinom adi yaw sɛ wɔperee wɔn ho bere a wɔbaa wɔn nkyɛn nea edi kan. Ebia wɔn ho peree wɔn wɔ wɔn atemmu mu. Wɔn asɛm nyinaa a wo nsa bɛka ansa na woabu atɛn no yɛ nea nyansa wom.
Ade foforo nso a ɛho hia ne sɛ wɔrenyɛ nyiyim bere a wɔne mmofra redi. Sɛ wɔde abofra biako bɛtoto ɔfoforo ho no yɛ nea nyansa nnim na ɛmfata. Ɛde abufuw ne nitan na ɛba. Mmofra wɔ su horow na obiara ne ɛbo a ɔsom. Sɛ wɔde obi toto ɔfoforo ho wɔ ɔkwan a ɛmfata so a, ɛma ahotoso ne obu a ɔwɔ ma ne ho no ano brɛ ase, na ɛma ɔfoforo no te nka sɛ ɔsom bo kɛse na ɛma ɔyɛ ahantan.
Ade foforo nso a ɛsɛ sɛ wɔkwati ne sɛ wɔbɛma mmofra kwan ma wɔde nneɛma te sɛ TV adi dwuma sɛnea wɔpɛ biara. “Biribiara nni hɔ a ɛsakra mmofra tebea wɔ awo ntoatoaso biako mu te sɛ TV.” (New York Times, March 4, 1979) Nokware a saa asɛm yi yɛ no ama awofo pii ahu tumi kɛse a TV hwɛ anya wɔ wɔn mma so. Obiara ntumi nnye ho akyinnye sɛ wotumi sua ade fi mu, nanso, bere koro no ara mu no, sɛ wɔamfa nyansa anni ho dwuma a, ebetumi asɛe mmofra no, ma ebia wɔakɔ so asua nneɛ-ma a ɛfa basabasayɛ ho. Nokwarem no, nsɛmmɔnedi a akɔ so wɔ mmofra mu no yɛ nea ebinom kyerɛ sɛ efi nneɛma horow a ɛfa basabasayɛ ho a mmofra hwɛ no so.
Adamfo Anaa Ɔwofo—Nea Ɛwɔ He?
Ebia TV hwɛ mmoroso renyɛ nea ɛhaw adwene wɔ w’abusua mu. Ebia na wugye bere pii mpo ne wo mma bom yɛ nneɛma, na ɛno ye. Nanso abusuabɔ bɛn na wo ne wɔn wɔ? So wobu wo sɛ wɔn wofo anaasɛ wɔn adamfo? Wɔahyɛ no nsow sɛ wɔ afie bi mu no, wɔma kwan ma mmofra no ne wɔn awofo kasa te sɛ wɔn atipɛnfo. Na sɛ abusuabɔ no bɛyɛ sɛ abusuabɔ a ɛwɔ atipɛnfo ntam a, ɛyɛ den ma awofo no sɛ wɔde nteɛso bɛma bere a ɛho hia. Na ɛnyɛ obu a ɛsɛ sɛ mmofra nya ma wɔn awofo no nko na etumi yi fi hɔ, na mmom nea ɛsɛ sɛ wonya ma afoforo a wonni abusua no mu no nso.
Ɛnã bi a na ɔpɛ abusuabɔ a ɛte saa kae sɛ: “Wonhu wo sɛ obi a wanyin a ɛsɛ sɛ wotie wo na wodi w’asɛm so. ‘Adamfo’ yɛ wɔn tipɛn, na mmofra ntumi nnwen, nsusuw ade ho na wɔnteɛ wɔn ho so sɛ mpanyimfo. Wohia wɔn awofo ma wɔayɛ saa.” Ne kunu de kaa ho sɛ:
“Migye tom sɛ ɛsɛ sɛ yedi kan yɛ awofo, efisɛ sɛ pintinnyɛ ne obu no wɔ hɔ a, ayɔnkofa no nso bedi akyi na anyin. Yɛhyɛ yɛn mma nkuran ma wɔkasa kyerɛ yɛn a wonsuro, dodow a wɔkyerɛ obu no. Yɛtaa ka kyerɛ wɔn sɛ: ‘Ɛnyɛ nea moka no, na mmom sɛnea moka no no.’ Yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛkyerɛ wɔn ma wɔahu sɛnea ɛsɛ sɛ wɔkasa. Sɛ wommu yɛn a, hena na wobebu no?”
Nanso, eyi nkyerɛ sɛ awofo ne wɔn mma rentumi nyɛ nnamfo. Awofo pii ne wɔn mma wɔ nkitahodi pa, na mmofra no de ɔdɔ ne obu tie wɔn. Nanso wɔ wiase a obu ma mpanyimfo rekɔ fam ntɛmntɛm no, ɛsɛ sɛ wɔhwɛ yiye sɛ wɔmma biribiara kwan mma ɛnsɛe obu a ɛsɛ sɛ wonya ma awofo no. Sɛ wɔma ayɔnkofa wɔ ɔwofo ne ɔba fekubɔ mu no kɔ akyiri dodo a, ebetumi asɛe nneɛma.
Onyankopɔn Afã Wɔ Wɔn Asetra Mu
Sɛ mmofra bu wɔn awofo ne afoforo a wotumi hu wɔn a, awiei koraa no ɛboa wɔn ma wotumi som wɔn Bɔfo a wontumi nhu no no. Awofo no wɔ asodi titiriw wɔ saa ntetee yi mu. Wofi ɔdɔ mu tumi dan wɔn mma adwene kɔ Ɔbɔadeɛ no so. Ɔdɔ mu a wofi bɛyɛ saa ho hia, na saa ara nso na yɛ a wɔkɔ so yɛ no daa ho hia. Ɛsɛ sɛ awofo ma wɔn ani kũ ntetẽe a ɛte saa a wɔde bɛma ho. Wɔrentumi mma nkate anaasɛ nhyɛso nnye wɔn asabawmu. Na wɔrentumi nnan wɔn asodi no nto afoforo so—sɛ ebia asafo no muni foforo bi, sukuu akyerɛkyerɛfo anaasɛ nyamesom mpanyimfo bi—sɛ wɔpɛ sɛ mmofra no di yiye a.
Ɛda adi pefee sɛ ɔkwan tiaa biara nni hɔ a wɔfa so yɛ eyi. Egye bere, mmɔdenbɔ, ɔdɔ ne boasetɔ ne nsakrae horow wɔ ɛho dwumadi mu. Nanso nnepa betumi afi mu aba sɛ awofo no di asɛyɛde a Onyankopɔn de ama wɔn no ho dwuma a. Sɛ wobu wɔn mma no sɛ agyapade a efi Onyankopɔn nkyɛn na wɔma wohu sɛ wɔdɔ wɔn a, abusua no benya nhyira pii, na awofo no nso benya anigye kɛse. Ɛte sɛ nea odwontofo no kae no: “Hwɛ! Awurade [Yehowa] agyapade ne mmabanin, na yafunu mu aba yɛ akatua.”—Dw. 127:3.
Yɛwɔ anidaso sɛ wubebu wo mma saa!