So Nnipa Dodow A Wɔdan Wɔn Ti No Anya Wo So Nkɛntɛnso Anaa?
(Efi Australia “Nyan!” kyerɛwfo hɔ)
WIASE Nyinaa Ko II so ma wogye wɔn nsusuwii di. ‘Wɔhohoro mu na wɔde asɛmfua “brainwashing” (adwene-mu-hohoro) bae de kyerɛɛ akwan horow a kuw biako fa so hyɛ kuw foforo so ma wogye wɔn nsusuwii di. ‘Wɔhohoro’ adwene anaa nsusuwii a obi kura kan no fi n’adwene mu na wɔde gyidi ne nsusuwii foforo si ananmu. Akwan horow a wɔfa so yɛ eyi ne nea enti a wɔde saa hokwan no di dwuma no ma yehu sɛnea ɔdesani adwene no yɛ adwuma fa ne sɛnea ɛnyɛ sɛ ‘wɔhohoro’ mu nko na mmom wobetumi adaadaa no na wapene adwene horow a nnipa dodow pene so no so.
Sɛ wɔhyɛ adwene no so pii sɛnea ɛmfata a efi ase yɛ ade de siw nneɛma ano de bɔ adwene no ho ban na ansɛe. Ɛfa akwan horow abiɛsa so na ɛyɛ eyi: (1) Ɛma sɛnea egye nsɛm so fa no kari pɛ. Sɛnea egye nsɛm a ɛho hia ne nea ɛho nhia so fa no yɛ pɛ. Nsonsonee nni nkate horow no mu pii biara. (2) Nneɛma nketenkete a ɛho nhia no de ɔhaw kɛse ba kyɛn nneɛma a ɛho hia ankasa (3) Afei nneɛma no sakra koraa. Nea wɔpɛ bɛdan nea wɔmpɛ ne nea ɛtoatoa so. Saa bere yi mu na “adwene-mu-hohoro” de n’ankasa n’adwene si ananmu. Adwene ‘no bɛpene nsusuwii a kan no na ɛmpɛ no so. Obi a ɛnkyɛ na wɔahohoro n’adwene mu anaa ɛnkyɛ na wɔadan ne ti ne obi a onni nhumu. Nea ɔte saa no yɛ obi a otumi gye nea afoforo susuw no di ntɛm kyɛn sɛ n’ankasa besusuw biribi ho agye adi. Wɔ ɔkwan foforo so no wɔn a ɛyɛ den sɛ wɔbɛdan wɔn ti anaa wɔbɛhohoro wɔn adwene mu ne wɔn a ɛsono wɔn nsusuwii na wonsuro nea afoforo besusuw afa wɔn ho.
“Akatakyie” a Wɔyɛ
Nea etumi fi nnipa dodow a wɔdan wɔn ti no mu ba no ho nhwɛso yɛ nea ɛfa Australiani kwaemuni Ned Kelly ho. Wɔtaa ka ne ho asɛm mprempren sɛ ɔyɛ ɔkokodurufo “Robin Hood” ne nea ɔko tia asetra mu nyiyim a ɛwɔ nnipa mu. Ɔbɛyɛɛ obi a wɔ nokwarem no na ɔyɛ ɔbarima a ɔyɛ soronko—ne ho yɛ fɛ, ɔwɔ nipadua mu ahoɔden, ɔyɛ onyansafo ne obi a ɔbɔ nhyehyɛe pa ho mmɔden.
Nanso polisifo kyerɛwtohɔ kyerɛ sɛ wɔabɔ no sobo anaa wɔwɔ nsɛm pii a wɔde toto n’ano a nea ɛka ho ne toa a ɔtoa afoforo, dwowtwa, sikakorabea a wobubu kowia ade wɔ mu, suban bɔne, asabow, mpɔnkɔ a wowia wɔn ne awudi ahorow.
So Anya Wo So Nkɛntɛnso?
Nnaadaasɛm taa yɛ nea wɔnka no tee, na etumi ma nsakrae ba obi adwene mu a onii ko nhu sɛ saa na ɛte.
Vance Packard a ɔkyerɛw nhoma The Hidden Persuaders no kae sɛ: “[Saa nhoma yi] fa ɔkwan a wɔfa so nya yɛn mu pii so nkɛntɛnso na wɔdannan yɛn—sen sɛnea yesusuw koraa wɔ yɛn da biara asetra mu no ho.” Akyiri no ɔfaa asɛm fii Dr. Ernest Dicher, Institute for Motivational Research titrani no nsɛm mu kaa asɛm sɛ, kaseɛbɔ ho nhyehyɛe a edi nkonim no “dannan ɔdesani nkate ne n’akɔnnɔ horow na ɛma nnipa nya aguade a kan bi no na wonnim no ho akɔnnɔ—nea na ebia wɔmpɛ mpo sɛ wɔbɛtɔ no.”
Owura Packard kyerɛ sɛnea wɔde adwuma ahyɛ adwene ho nimdefo nsa na wɔapɛɛpɛɛ yɛn nkate horow a ɛba fam koraa no mpo mu. Nneɛma a wosuae a ɔkaa ho asɛm no mu biako ne nea wɔyɛ ma adwumayɛbea bi a wɔyɛ kyerɛwdua a “ɛfa sɛnea kyerɛwdua ahorow gyina hɔ ma anaa ɛkyerɛ ɔbarima ne ɔbea nna ho akɔnnɔ.” Ɔkaa mpɛɛpɛɛmu bi a adwumayɛbea foforo yɛe ho asɛm sɛ “nhwɛso pɔtee a ɛkyerɛ sɛnea wɔn a wɔpɛɛpɛɛ nkate mu no huu sɛnea aguadi betumi ayɛ nea ɛhyɛ nkate horow a yenya ma ɔbarima ne ɔbea nna no akyi.” Packard kɔɔ so kae sɛ nneɛma horow bi a wɔtɔn a wɔbɔ ho dawuru kyerɛ no mu binom de “aguamammɔ mu su horow, sɛnea woyi nipadua no adi kyerɛ wɔ akwan horow so ne nea ɛkeka ho di dwuma.”
Wubetumi Abɔ Wo Ho Ban
Ɔkwan bɛn na wobɛfa so abɔ wo ho ban afi anifere kwan so a wɔfa dan ti yi mu? Nsentitiriw ahorow anum a edidi so yi betumi aboa:
1. Nya gyidi a emu yɛ den: Sɛnea wuhu wɔ atifi hɔ no, nea wotumi dan ne ti ntɛm ne obi a ɛnyɛ den sɛ afoforo bɛtwe no akɔ wɔn afa. Mpene nsusuwii bi so esiane sɛ wo nnamfonom apene so nti. Hwɛ hu sɛ nsusuwii a wopene so no yɛ nokware anaa. Ɔkwan a eye sen biara a wobɛfa so ayɛ saa ne sɛ wode bɛtoto Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu no ho, efisɛ eyi ne “nokware” koraa a ebi nni akyi bio.—Yoh. 17:17; 2 Tim. 3:16.
2. Hu nea enti a ɛte saa: Yɛtaa pene su horow bi a yennim nea ɛhyɛ akyi no so a yɛnhyɛ da nyɛ saa. Sɛ nhwɛso no, nnipa a wɔwɔ borɔn a wote so no so no betumi anya aman horow anaa mmusua bi mufo ho adwemmɔne. Nanso dɛn ntia? Sɛ wuhu sɛ nea enti a wɔyɛ saa no nteɛ a, dɛn nti na ɛsɛ sɛ wo nso wopene adwene a wokura no so?
3. Siw adwene horow a ɛmfata no kwan: Sɛ wɔde sapɔw a awo bɔ nsu mu a, ɛtwe nsu no pii. Sɛ wukyim mpɛn ahorow mpo a, nsu no bi da so ara tra sapɔw no mu. Wɔ yɛn adwene horow no fam de, ɛyɛ den sɛ wobɛkwati adwene horow a ɛmfata a wubehu, wobɛte anaasɛ wubenya ho osuahu wɔ akwan horo so. Nanso so ɛsɛ sɛ yɛde eyinom nyinaa hyɛ yɛn adwene mu ma anaa? Saa a yɛbɛyɛ no benya nkɛntɛnso bɔne wɔ yɛn atemmu ne adeyɛ ahorow so. Hwɛ sɛnea eye koraa sɛ yebesiw adwene horow a ɛmfata no kwan na yɛde yɛn adwene asi nneɛma a ɛbɛma yɛanya nkɔso no mmom so!—Efe. 5:3-5.
4. Kasa ma nea wunim sɛ ɛteɛ no: Eyi bɛma moanya hokwan asɔ nea wugye di no ahwɛ na ama nokware no atim wɔ w’asetra mu. Sɛ wugye asɛm bi di sɛ ɛyɛ nokware bere a woayɛ ho mpɛɛpɛɛmu yiye no a, mma fɛw a afoforo di no nhaw wo. Bible no kyerɛ sɛ Noa gye dii sɛ wiase nyinaa nsuyiri bɛba na ɔkaa ho asɛm kyerɛɛ afoforo. (2 Pet. 2:5) Asɛm a na ɛmfa nnipa a Noa traa wɔn mu no ho no ansakra nokware a saa asɛm no yɛ no. Wiase nyinaa nsuyiri bae.—Gen. atiri 6-8; Mat. 24:37-39.
Nanso, sɛ́ wubegyina hɔ akasa ama nea ɛteɛ no, ɛho hia sɛ wode Kyerɛwnsɛm mu akwankyerɛ yi sie wo tirim: “Nea ɔteɛ ɔfɛwdifo so no soa aniwu, na nea ɔka ɔbɔnefo anim no nya nkekae. Nka ɔfɛwdifo anim na wantan wo; ka onyansafo anim, na ɔbɛdɔ wo.” (Mmeb. 9:7, 8) Mfaso biara remfi akyinnye a wo ne obi a wasi ne bo sɛ obesi nea n’ankasa gye di no so dua a ɛmfa ho sɛ ɛteɛ anaasɛ ɛnteɛ no mu mma.
5. Fa nokware no bɔ wo bra: Nhwehwɛ anoyi na wode agyaa nsɛm mu asiesie wɔ nea wunim sɛ ɛteɛ no mu. Kae sɛ, sɛ biribi teɛ na ɛfata a, nea ebefi mu aba no besi wo yiye. Mma biribi nnaadaa wo na woasusuw sɛ worehwere biribi anaasɛ wɔde anohyeto bi atwa wo ho ahyia wɔ ɔkwan a ɛmfata so esiane sɛ wudi nea ɛteɛ akyi nti.
Yɛn adwene te sɛ kyɛnsee bi a nsu wom wɔ ɔkwan bi so. Sɛ obi de adubiri ko anaa abien sɔ nsu yi mu a, ɛsakra sɛnea nsu no ani te ntɛm ara. Mma kwan mma nnipa dodow a wɔfa adwene horow a wosusuw sɛ agye din so dan wɔn ti no ntwe wo na woapere nsusuwii horow a Kyerɛwnsɛm no kyerɛ sɛ ɛnteɛ no so. Mmom, tie afotu a efi honhom mu no: “Nea ɛyɛ nokware, nea anim yɛ duru, nea ɛteɛ, nea ɛho tew, nea ɛwɔ ɔdɔ, nea ɛwɔ din pa, sɛ ɔbra pa bi wɔ hɔ a, sɛ ayeyi bi wɔ hɔ a, saa nneɛma yi ho na munnwen.”—Fil. 4:8.