Romafo
2 Enti wo, onipa,+ sɛ woyɛ hena mpo na wubu atɛn a,+ wunni anoyi biara; efisɛ nea wubu ɔfoforo atɛn wɔ ho no, sɛ wo a wubu obi atɛn+ no kɔ so yɛ ade koro no ara+ a, wubu wo ho fɔ. 2 Nanso yenim sɛ Onyankopɔn atemmu a ɛyɛ nokware+ no da hɔ ma wɔn a wɔkɔ so yɛ saa nneɛma no.
3 Na wo onipa,+ bere a wubu wɔn a wɔkɔ so yɛ saa nneɛma no atɛn na bere koro no ara woyɛ bi no, wususuw sɛ wobɛfa wo ho adi wɔ Onyankopɔn atemmu mu?+ 4 Anaasɛ esiane sɛ wunnim sɛ Onyankopɔn adɔe rebɔ mmɔden akyerɛ wo kwan akɔ adwensakra mu+ nti wubu n’ayamye+ ne n’abotare+ ne n’abodwokyɛre+ mu ahonyade no animtiaa? 5 Nanso mode mo koma a ayɛ den+ na apirim+ no reboaboa abufuw+ ano aba mo so abufuw da+ ne bere a Onyankopɔn beyi+ ne trenee atemmu+ adi no. 6 Na obetua obiara ka sɛnea ne nnwuma te:+ 7 ɔde daa nkwa bɛma wɔn a wɔnam nnwuma pa so hwehwɛ anuonyam ne nidi ne nea ɛmporɔw+ wɔ boasetɔ mu no; 8 nanso, ntɔkwapɛfo+ a wontie nokware+ no na mmom wotie amumɔyɛ no benya asotwe ne abufuw;+ 9 ahohia ne ɔhaw bɛba obiara a ɔyɛ adebɔne no kra so, Yudani+ kan ne afei Helani;+ 10 nanso anuonyam ne nidi ne asomdwoe da hɔ ma obiara a ɔyɛ adepa,+ Yudani kan,+ ne afei Helani.+ 11 Onyankopɔn nhwɛ nnipa anim.+
12 Sɛ nhwɛso no, wɔn a wonni mmara a wɔyɛɛ bɔne no nyinaa bɛsɛe a ɛnnam mmara so;+ nanso wɔn a wɔhyɛ mmara ase+ a wɔyɛɛ bɔne no nyinaa, wɔde mmara na ebebu wɔn atɛn.+ 13 Na ɛnyɛ wɔn a wotie mmara na wɔteɛ wɔ Onyankopɔn ani so, na mmom wɔn a wodi mmara so+ na wobebu wɔn bem.+ 14 Na bere biara a amanaman mufo+ a wonni mmara+ no fi awosu mu yɛ mmara no mu nneɛma+ no, ɛwom sɛ saa nnipa yi nni mmara de, nanso nea wɔyɛ no yɛ mmara ma wɔn ankasa. 15 Wɔn ankasa na wɔkyerɛ sɛ wɔakyerɛw mmara no nnyinasode agu wɔn komam,+ bere a wɔn ahonim+ ka wɔn ho di adanse no, na wobu wɔn ho fɔ+ anaa woyi wɔn ho ano wɔ wɔn ankasa nsusuwii mu. 16 Eyi bɛba da a Onyankopɔn nam Kristo Yesu so bebu adesamma+ nneɛma a ahintaw+ ho atɛn+ sɛnea asɛmpa a meka no te no.+
17 Afei sɛ wɔfrɛ wo Yudani+ na wode wo ho tweri mmara+ san hoahoa wo ho Onyankopɔn mu,+ 18 na wunim n’apɛde+ na wugye nneɛma a ɛkyɛn so tom esiane sɛ wɔde Mmara no akyerɛkyerɛ wo+ nti, 19 na woagye adi sɛ woyɛ kwankyerɛfo ma anifuraefo+ ne hann ma wɔn a wɔwɔ sum mu;+ 20 wo a woteɛteɛ wɔn a wonni nimdeɛ+ na wokyerɛkyerɛ nkokoaa+ na wowɔ Mmara no mu nimdeɛ ne nokware+ no suban+ no— 21 so wo a wokyerɛkyerɛ obi no, wonkyerɛkyerɛ wo ho?+ Wo a woka sɛ “Mmɔ korɔn”+ no, so wobɔ korɔn?+ 22 Wo a woka sɛ “Nsɛe aware”+ no, so wosɛe aware? Wo a woka sɛ wukyi abosom no, so wuwia+ abosonnan mu nneɛma? 23 Wo a wode mmara hoahoa wo ho no, so woto Mmara+ no de bu Onyankopɔn animtiaa? 24 Na “mo nti wɔka Onyankopɔn din ho abususɛm wɔ amanaman no mu”;+ sɛnea wɔakyerɛw no.
25 Nokwarem no, sɛ twetiatwa+ so bɛba mfaso a, gye sɛ wudi mmara so;+ nanso sɛ wubu mmara so a, wo twetiatwa+ adan momonoto.+ 26 Ne saa nti sɛ momonotoni+ di Mmara no mu trenee ahwehwɛde no so+ a, so wɔremmu ne momonoto no sɛ twetiatwa?+ 27 Na momonotoni a wɔwoo no saa no nam Mmara no sodi so bebu wo, a emu nkyerɛwde ne twetiatwa nyinaa akyi no, wubu mmara so no atɛn.+ 28 Ɛnyɛ Yudani ne nea ɔte saa wɔ nnipa ani so,+ na ɛnyɛ twetiatwa nso ne nea wɔyɛ no honam fam.+ 29 Na mmom Yudani ne nea ɔte saa wɔ ne mu,+ a ne twetiatwa nso yɛ komam de+ denam honhom so, na ɛnyɛ mmara a wɔakyerɛw so.+ Saa nipa no ayeyi+ mfi nnipa na mmom efi Onyankopɔn hɔ.+