Romafo
1 Me Paulo, mene Yesu Kristo akoa+ a wɔafrɛ+ no sɛ ɔmmɛyɛ ɔsomafo,+ nea wɔatu no asi hɔ ama Onyankopɔn asɛmpa+ no. 2 Asɛmpa yi na ɔnam n’adiyifo so hyɛɛ ho bɔ siei+ wɔ Kyerɛw kronkron no mu. 3 Asɛm yi fa ne Ba no ho; ɔno na ofi Dawid ase+ ɔhonam mu,+ 4 nanso wɔde tumi+ daa no adi sɛ Onyankopɔn Ba+ wɔ honhom+ kronkron mu denam awufo sɔre+ so no; ɛfa yɛn Awurade Yesu Kristo ho, 5 nea yɛnam no so anya adom+ ne asomafodwuma+ sɛnea ɛbɛyɛ a ne din nti amanaman nyinaa+ bɛyɛ asoɔmmerɛw wɔ gyidi mu no. 6 Saa amanaman no mu na wɔafrɛ mo nso ama moabɛyɛ Yesu Kristo dea. 7 Merekyerɛw akɔma Onyankopɔn adɔfo a wɔwɔ Roma a wɔafrɛ+ wɔn abɛyɛ akronkronfo+ nyinaa:
Yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo+ adom ne asomdwoe+ nka mo.
8 Nea edi kan koraa no, menam Yesu Kristo so da me Nyankopɔn ase+ wɔ mo nyinaa ho, efisɛ wɔka mo gyidi ho asɛm+ wɔ wiase mmaa nyinaa. 9 Na Onyankopɔn a mede me honhom nyinaa som no a enti meka ne Ba no ho asɛmpa no ne me dansefo+ sɛ minnyaee mo din bɔ da wɔ me mpaebɔ mu,+ 10 na mesrɛ sɛ sɛ ɛbɛyɛ yiye na sɛ Onyankopɔn pɛ+ nko ara de a, menya hokwan aba mo nkyɛn, 11 efisɛ me ho pere me sɛ mehu mo,+ na mama mo honhom mu akyɛde+ bi sɛnea ɛbɛyɛ a mo ase betim; 12 anaa me ne mo nyinaa, obiara benya nkuranhyɛ+ afi ne yɔnko hɔ denam ne yɔnko gyidi+ so, me ne mo nyinaa de.
13 Nanso anuanom,+ mempɛ sɛ esuma mo sɛ mabɔ me tirim mpɛn pii sɛ mɛba mo nkyɛn+ na mabenya aba+ wɔ mo mu sɛnea minyae wɔ aman a aka mu no, nanso ɛde besi nnɛ no, minnyaa kwan. 14 Mede Helafo ne Pɔtɔfo ka; mede anyansafo+ ne wɔn a wonni nimdeɛ nyinaa ka: 15 enti me ho pere me sɛ mɛka asɛmpa+ no akyerɛ mo nso wɔ Roma.+ 16 Na m’ani nwu+ asɛmpa no ho; nokwarem no, ɛyɛ Onyankopɔn tumi+ a ɔde gye obiara a ɔwɔ gyidi+ nkwa, Yudani kan+ ne afei Helani;+ 17 efisɛ emu na wɔnam gyidi+ so reyi Onyankopɔn trenee+ adi akɔ gyidi mu, sɛnea wɔakyerɛw sɛ: “Na ɔtreneeni de—ɛnam gyidi so na obenya nkwa.”+
18 Na wɔreyi Onyankopɔn abufuw+ adi fi soro atia nnipa a wɔnam kwammɔne+ so siw nokware no kwan+ no amumɔyɛ ne wɔn mmarato+ nyinaa, 19 efisɛ nea wobetumi ahu afa Onyankopɔn ho no da adi wɔn mu,+ na Onyankopɔn yii no adi kyerɛɛ wɔn.+ 20 Na ne su horow a wonhu+ no ada adi pefee fi wiase bɔ so+, efisɛ wɔnam nneɛma a wayɛ so na ehu,+ ɛno ne ne daa tumi+ ne ne Nyamesu,+ enti wonni anoyi biara;+ 21 efisɛ wonim Onyankopɔn de, nanso wɔanhyɛ no anuonyam sɛ Onyankopɔn, na wɔanna no ase+ nso, mmom no, wosusuw nsɛnhuhuw+ ho, na wɔn koma a asen no duruu sum.+ 22 Ɛwom, na wɔka sɛ wɔyɛ anyansafo de, nanso wɔbɛyɛɛ nkwaseafo+ 23 na wɔdanee Onyankopɔn a ɔmporɔw no anuonyam+ yɛɛ no sɛ onipa a ɔporɔw ne nnomaa ne ntɔteboa ne mmoa a wɔwea fam+ honi+.
24 Enti sɛnea wɔn koma mu akɔnnɔ te no, Onyankopɔn gyaw wɔn maa afide+ na agu wɔn nipadua+ ho fĩ wɔ wɔn mu;+ 25 wɔn a wɔde Onyankopɔn nokware+ sesaa atoro,+ na wodii abɔde ni som wɔn sen Ɔbɔadeɛ no; ɔno na nhyira nka no daa daa. Amen. 26 Ɛno nti na Onyankopɔn gyaw wɔn maa nna ho akɔnnɔ a ɛyɛ aniwu,+ efisɛ wɔn mmea de wɔn honam fam nkitahodi a ɛyɛ ne kwan so de sesaa nea ɛnyɛ ne kwan so de;+ 27 na saa ara na mmarima no nso gyaw wɔne mmea ntam nkitahodi a ɛyɛ ne kwan so+ de no, maa wɔn mfɛfo ho akɔnnɔ dɛwee wɔ wɔn mu, na mmarima ne mmarima+ yɛɛ adapaade,+ na wonyaa akatua mũ a ɛfata wɔn+ bɔne no wɔ wɔn mu.+
28 Na wɔampɛ sɛ wohu Onyankopɔn wɔ nokware nimdeɛ mu,+ enti Onyankopɔn gyaw wɔn maa adwene a ɛnteɛ+ sɛ wɔnyɛ nneɛma a ɛnsɛ,+ 29 na nea ɛnteɛ+ nyinaa, amumɔyɛ,+ anibere,+ ne bɔneyɛ+ ahyɛ wɔn mã; ahoɔyaw,+ awudi,+ ntawntawdi,+ nnaadaa,+ ne adwemmɔne+ ahyɛ wɔn mã; wotutu nsɛm gu nkurɔfo asom,+ 30 wɔn ano yɛ yaw,+ wɔtan Onyankopɔn, wɔyɛ aniammɔho,+ wɔyɛ ahantanfo,+ ahohoahoafo,+ nnebɔne farebaefo,+ awofo so asoɔdenfo,+ 31 wonni ntease,+ wɔyɛ apamsɛefo,+ wonni tema,+ wɔyɛ atirimɔdenfo.+ 32 Saa nkurɔfo yi nim Onyankopɔn ahyɛde a ɛteɛ no pefee+ sɛ wɔn a wɔyɛ saa nneɛma no fata owu,+ nanso ɛnyɛ yɛ nko na wɔyɛ na mmom wɔpene+ wɔn a wɔyɛ saa no nso so.