Yohane
13 Afei na Yesu nim ansa na twam afahyɛ no rebedu sɛ ne dɔn no adu+ sɛ ofi wiase kɔ Agya no nkyɛn.+ Na esiane sɛ na Yesu dɔ n’ankasa ne de a wɔwɔ wiase no nti,+ ɔdɔɔ wɔn kosii awiei. 2 Enti bere a na wɔredi anwummeduan no, na Ɔbonsam de ahyɛ Simon ba Yuda Iskariot komam dedaw+ sɛ onyi no mma,+ 3 na esiane sɛ onim sɛ Agya no de nneɛma nyinaa ahyɛ ne nsa,+ na ofi Onyankopɔn hɔ na ɔrekɔ Onyankopɔn hɔ nti,+ 4 ɔsɔre fii aduan no ho yii n’atade nguguso guu hɔ. Afei ɔfaa mpopaho de bɔɔ ne mu.+ 5 Ɛno akyi no, ɔde nsu guu guasɛn mu na ofii ase hohoroo asuafo no nan ho+ na ɔde mpopaho a ɛbɔ ne mu no popaa ho. 6 Ɛnna oduu Simon Petro so. Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Awurade, wo na worehohoro me nan ho?”+ 7 Yesu bua see no sɛ: “Nea mereyɛ yi wonte ase seesei, nanso eyinom akyi no, wobɛte ase.”+ 8 Petro ka kyerɛɛ no sɛ: “Worenhohoro me nan ho da.” Yesu buaa no sɛ: “Sɛ manhohoro wo nan ho a,+ wunni kyɛfa biara me mu.” 9 Simon Petro ka kyerɛɛ no sɛ: “Awurade, ɛnyɛ me nan ho nko, na mmom me nsa ho ne me tirim nso ka ho.” 10 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Nea waguare+ no, enhia no hwee sɛ ɔbɛhohoro ne nan ho, efisɛ ne ho nyinaa afi. Mo ho afi, nanso ɛnyɛ mo nyinaa.” 11 Na onim onipa a obeyi no ama ankasa.+ Enti na ɔkae sɛ: “Ɛnyɛ mo nyinaa na mo ho afi” no.
12 Afei bere a ɔhohoroo wɔn nan ho wiei a ɔhyɛɛ n’atade nguguso no kɔtenaa ɔpon no ho bio no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Moahu nea mayɛ mo yi? 13 Mofrɛ me ‘Ɔkyerɛkyerɛfo’+ ne ‘Awurade,’+ na ɛyɛ ne kwan so sɛ moka saa, efisɛ meyɛ saa.+ 14 Na sɛ me a meyɛ Awurade ne Ɔkyerɛkyerɛfo ahohoro mo nan ho a,+ ɛsɛ sɛ mo nso mo mu biara hohoro ne yɔnko nan ho.+ 15 Na magyaw mo nhwɛsode sɛ sɛnea mayɛ mo no, mo nso monyɛ saa ara.+ 16 Nokware, nokware, mise mo sɛ, akoa nsen ne wura, na saa ara na nea wɔasoma no nsen onii a ɔsomaa no no.+ 17 Sɛ munim eyinom na moyɛ a, mo ani begye.+ 18 Ɛnyɛ mo nyinaa ho asɛm na mereka; minim wɔn a mapaw wɔn.+ Na mmom sɛnea Kyerɛwnsɛm no bɛba mu+ sɛ, ‘Nea na odi m’aduan no, wama ne nantin so atia me.’+ 19 Efi saa bere yi mereka akyerɛ mo ansa na aba,+ sɛnea ɛbɛyɛ na sɛ enya ba a, mubegye adi sɛ mene no. 20 Nokware, nokware, mise mo sɛ, nea ogye obiara a mesoma no no gye me nso.+ Saa ara na nea ogye me no gye nea ɔsomaa me no nso.”+
21 Yesu kaa eyi wiei no, ne ho yeraw no, na ɔpaee mu kae sɛ: “Nokware, nokware, mise mo sɛ, mo mu biako beyi me ama.”+ 22 Asuafo no hwehwɛɛ wɔn ho anim a wonhu onii a ɔreka ne ho asɛm.+ 23 Ná asuafo no mu biako a Yesu dɔ no+ tweri Yesu kokom. 24 Enti Simon Petro buu n’ani kyerɛɛ no see no sɛ: “Kyerɛ onii a ɔreka ne ho asɛm.” 25 Ɛnna ɔsan pa twerii Yesu kokom ka kyerɛɛ no sɛ: “Awurade, ɛyɛ hena?”+ 26 Ɛnna Yesu buae sɛ: “Ɔno na mede paanoo sin bɛbɔ ayowa mu ama no no.”+ Afei bere a ɔde paanoo sin no bɔɔ mu no, ɔde maa Yuda, Simon Iskariot ba no. 27 Ogyee paanoo sin no wiei no, Satan bɛhyɛn ne mu.+ Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Nea woreyɛ no, yɛ no ntɛmntɛm.” 28 Nanso na wɔn a wɔte ɔpon no ho no biara nnim nea enti a ɔkaa saa kyerɛɛ no. 29 Esiane sɛ Yuda na na okura sika adaka+ no nti, ebinom susuw sɛ na Yesu reka akyerɛ no sɛ: “Kɔtotɔ nneɛma a yehia ma afahyɛ no,” anaa ɔmfa biribi mma ahiafo.+ 30 Afei bere a ogyee paanoo sin no, ofii hɔ ntɛm ara. Na ɛyɛ anadwo.+
31 Enti ofii adi no, Yesu kae sɛ: “Afei wɔahyɛ onipa Ba no anuonyam,+ na ne nti wɔahyɛ Onyankopɔn anuonyam. 32 Na Onyankopɔn ankasa bɛhyɛ no anuonyam,+ na ɔbɛhyɛ no anuonyam ntɛm ara. 33 Mma nkumaa,+ me ne mo bɛtena bere tiaa bi. Mobɛhwehwɛ me; na sɛnea meka kyerɛɛ Yudafo no sɛ, ‘Baabi a merekɔ no muntumi mma hɔ’+ no, saa ara na seesei meka kyerɛ mo nso. 34 Mede ahyɛde foforo rema mo, sɛ monnodɔ mo ho; sɛnea medɔ mo no,+ mo nso monnodɔ mo ho saa ara.+ 35 Sɛ mododɔ mo ho a, ɛno na ɛbɛma nnipa nyinaa ahu sɛ moyɛ m’asuafo ampa.”+
36 Simon Petro ka kyerɛɛ no sɛ: “Awurade, ɛhe na worekɔ?” Yesu buae sɛ: “Baabi a merekɔ no wuntumi nni m’akyi seesei, nanso akyiri yi wubedi akyi aba.”+ 37 Petro ka kyerɛɛ no sɛ: “Awurade, adɛn nti na mintumi nni w’akyi seesei? Mede me kra bɛto hɔ ama wo.”+ 38 Yesu buae sɛ: “Wode wo kra bɛto hɔ ama me? Meka no nokwarem kyerɛ wo sɛ, ansa na akokɔ bɛbɔn no, na woapa me mprɛnsa.”+