Yohane
12 Enti aka nnansia na twam no adu no, Yesu baa Betania,+ baabi a na Lasaro+ a Yesu anyan no afi awufo mu no te no. 2 Enti wɔtow no pon wɔ hɔ, na Marta+ som wɔn;+ Lasaro de, na ɔka wɔn a wɔne no te adidipon ho no ho.+ 3 Ɛnna Maria faa ngo huamhuam, nardo ngohuam amapa,+ nkaribo biako a ne bo yɛ den hwie sraa Yesu nan ho na ɔde ne nhwi popae.+ Ngo huamhuam no hua hyɛɛ fie hɔ ma. 4 Nanso Yuda Iskariot,+ asuafo no mu biako a na ɔrebeyi no ama no kae sɛ: 5 “Adɛn nti na wɔantɔn ngo huamhuam+ yi annye denare ahasa amfa amma ahiafo?”+ 6 Nanso ɛnyɛ sɛ odwen ahiafo ho nti na ɔkaa saa, na mmom na ɔyɛ ɔkorɔmfo,+ na na sika adaka+ no wɔ ne nkyɛn, na na ɔtaa yi sika a wɔde gu mu no bi. 7 Ɛnna Yesu kae sɛ: “Munnyaa no mma ɔnyɛ amanne yi mma me sie da.+ 8 Ahiafo+ de, wɔwɔ mo nkyɛn daa, na me de, morennya me daa.”
9 Afei Yudafo nnipakuw bi hui sɛ ɔwɔ hɔ, na wɔbaa hɔ, ɛnyɛ Yesu nko nti, na mmom wɔbɛhwɛɛ Lasaro a onyanee no fii awufo mu no nso.+ 10 Afei asɔfo mpanyin no bɔɔ pɔw sɛ wobekum Lasaro nso,+ 11 efisɛ ɔno nti na Yudafo bebree kɔɔ hɔ na wogyee Yesu dii.+
12 Da a edi hɔ no, bere a nnipakuw kɛse a wɔbaa afahyɛ no tee sɛ Yesu reba Yerusalem no, 13 wɔfofaa berɛw+ fii adi kohyiaa no. Ɛnna wofii ase teɛteɛɛm sɛ:+ “Yɛsrɛ wo gye no!+ Nhyira ne nea ɔba Yehowa din mu,+ Israel hene+ no!” 14 Na bere a Yesu huu afurum+ ba bi no, ɔtenaa no so sɛnea wɔakyerɛw sɛ: 15 “Nsuro, Sion babea. Hwɛ! Wo hene reba,+ ɔte afurum ba so.”+ 16 Mfiase no, n’asuafo no anhyɛ eyinom nsow,+ nanso bere a wɔhyɛɛ Yesu anuonyam no,+ afei wɔkaee sɛ wɔkyerɛw eyinom faa ne ho na wɔyɛ maa no.+
17 Enti nnipakuw a na wɔka ne ho bere a ɔfrɛɛ Lasaro+ fii ɔda mu na onyan no fii awufo mu no kɔɔ so dii adanse.+ 18 Eyi nti nnipakuw no nso behyiaa no, efisɛ na wɔate sɛ wayɛ saa sɛnkyerɛnne+ yi. 19 Ɛnna Farisifo+ no sisee wɔn ho sɛ: “Muhu sɛ muntumi nyɛ ho hwee. Hwɛ! Wiase atu di n’akyi.”+
20 Na Helafo+ bi ka wɔn a wɔbae sɛ wɔrebɛsom wɔ afahyɛ no ase no ho. 21 Enti eyinom baa Filipo+ a na ofi Betsaida a ɛwɔ Galilea no nkyɛn, na wofii ase srɛɛ no sɛ: “Owura, yɛpɛ sɛ yehu Yesu.”+ 22 Filipo bɛka kyerɛɛ Andrea, na Andrea ne Filipo kɔka kyerɛɛ Yesu.
23 Nanso Yesu buaa wɔn sɛ: “Ɛdɔn no adu sɛ wɔbɛhyɛ onipa Ba no anuonyam.+ 24 Nokware, nokware, mise mo sɛ, sɛ awi aba antɔ fam anwu a, ɛda so ara yɛ aba biako; nanso sɛ ewu a,+ ɛsow aba pii. 25 Nea ɔpɛ ne kra no sɛe no, na nea ɔtan ne kra+ wɔ wiase yi mu no bɛkora so ama daa nkwa.+ 26 Sɛ obi pɛ sɛ ɔsom me a, onni m’akyi, na baabi a mewɔ no, me somfo no nso bɛba hɔ.+ Sɛ obi pɛ sɛ ɔsom me a, Agya no bedi no ni.+ 27 Afei me kra ho yeraw no,+ na dɛn na menka? Agya, gye me fi dɔn yi mu.+ Nanso eyi nti na maba dɔn yi mu. 28 Agya, hyɛ wo din anuonyam.” Ɛnna nne+ bi fi soro bae sɛ: “Mahyɛ no anuonyam na mɛsan ahyɛ no anuonyam bio.”+
29 Enti nnipakuw a wogyinagyina hɔ a wɔtee no fii ase kae sɛ ɔprannaa abom. Afoforo nso fii ase kae sɛ: “Ɔbɔfo akasa akyerɛ no.” 30 Yesu buae sɛ: “Ɛnyɛ me nti na nne yi bae, na mmom mo nti.+ 31 Afei na wɔrebu wiase yi atɛn; afei na wobetu wiase+ yi sodifo no afi hɔ.+ 32 Nanso sɛ wɔma me so+ fi asase so a, mɛtwe nnipa ahorow nyinaa aba me nkyɛn.”+ 33 Ɔkaa eyi de kyerɛɛ owu ko a na ɔrebewu.+ 34 Enti nnipakuw no buaa no sɛ: “Yɛte fii Mmara no mu sɛ Kristo wɔ hɔ daa;+ adɛn nti na woka sɛ etwa sɛ wɔma onipa Ba no so?+ Onipa Ba bɛn ni?”+ 35 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Hann no bɛtena mo mu bere kakra. Monnantew bere a mowɔ hann no na esum+ anni mo so; na obiara a ɔnam sum mu no nnim nea ɔrekɔ.+ 36 Bere a mowɔ hann yi, munnya hann no mu gyidi na moayɛ hann no mma.”+
Yesu kaa eyinom na ofii hɔ kohintawee. 37 Ɛwom sɛ na wayɛ nsɛnkyerɛnne bebree wɔ wɔn anim de, nanso na wonnye no nni, 38 enti asɛm a odiyifo Yesaia kae no baa mu sɛ: “Yehowa, hena na wagye nea yɛate no adi?+ Na hena na wɔayi Yehowa basa akyerɛ no?”+ 39 Nea enti a wɔantumi annye anni ne sɛ Yesaia kae bio sɛ: 40 “Wafura wɔn ani na wama wɔn koma ayɛ den+ sɛnea ɛbɛyɛ na wɔamfa wɔn aniwa anhu na wɔn koma ante ase na wɔansakra amma mansa wɔn yare.”+ 41 Yesaia kaa eyinom efisɛ ohuu n’anuonyam+ na ɔkaa ne ho asɛm. 42 Eyi nyinaa akyi no, sodifo no mpo mu bebree nyaa ne mu gyidi,+ nanso Farisifo no nti, wɔampae mu anka sɛnea ɛbɛyɛ na wɔantu wɔn amfi hyiadan no mu;+ 43 efisɛ na wɔpɛ nnipa anuonyam sen Onyankopɔn anuonyam mpo.+
44 Nanso Yesu teɛɛm sɛ: “Nea ogye me di no, ɛnyɛ me nko na ogye me di, na mmom nea ɔsomaa me no nso;+ 45 na nea ohu me no hu nea ɔsomaa me no nso.+ 46 Maba wiase sɛ hann+ na obiara a ogye me di no antena sum mu.+ 47 Nanso sɛ obi te me nsɛm na wankora so a, mimmu no atɛn; efisɛ mamma sɛ merebebu wiase atɛn,+ na mmom merebegye wiase.+ 48 Nea ommu me na onnye me nsɛm no wɔ ɔtemmufo biako. Asɛm+ a maka no na ebebu no atɛn ɛda a edi akyiri no; 49 efisɛ mamfa m’ankasa me pɛ so na mekasae, na mmom Agya a ɔsomaa me no ara na ahyɛ me nea ɛsɛ sɛ meka ankasa.+ 50 Afei nso, minim sɛ n’ahyɛde kyerɛ daa nkwa.+ Enti nea meka no, nea Agya no aka akyerɛ me no, saa ara na meka.”+