Luka
19 Na ɔhyɛn Yeriko+ a na ɔretwam afa hɔ akɔ. 2 Ná ɔbarima bi wɔ hɔ a ne din de Sakeo; na ɔyɛ towgyeni panyin a ɔyɛ ɔdefo. 3 Na ɔrehwehwɛ sɛ obehu+ onipa ko a Yesu yɛ, nanso nnipadɔm no nti na ontumi, efisɛ na ɔyɛ onipa tiatiaa. 4 Enti otutuu mmirika dii kan kɔɔ anim kɔforoo ankye dua bi sɛnea obehu no, efisɛ na obetwam afa saa kwan no so. 5 Bere a Yesu duu hɔ no, ɔmaa n’ani so hwɛɛ soro ka kyerɛɛ no sɛ: “Sakeo, yɛ ntɛm si fam na nnɛ ɛsɛ sɛ metena wo fie.” 6 Ɛno nti, ɔyɛɛ ntɛm sii fam na ɔde ahurusi gyee no hɔho. 7 Na wohui no, wɔn nyinaa nwiinwii+ kae sɛ: “Ɔbarima yi yɛ ɔdebɔneyɛfo na wakɔsoɛ no.” 8 Na Sakeo sɔre gyinae ka kyerɛɛ Awurade sɛ: “Hwɛ! Awurade, mede m’ahode fã ma ahiafo na biribiara a mede nkontompo+ agye afi obi hɔ no, merebɔ ho mpɛn anan ama no.”+ 9 Ɛnna Yesu kae sɛ: “Ɛnnɛ da yi nkwagye aba fie ha, efisɛ ɔno nso yɛ Abraham ba.+ 10 Na onipa Ba no bae sɛ ɔrebɛhwehwɛ na wagye nea ayera.”+
11 Bere a wɔretie eyinom no ɔsan maa mfatoho bi, efisɛ na ɔbɛn Yerusalem, na na wosusuw sɛ Onyankopɔn ahenni rebeyi ne ho adi amonom hɔ ara.+ 12 Enti ɔkae sɛ: “Ɔdehye bi tuu kwan kɔɔ asase bi so akyirikyiri sɛ ɔrekogye ahenni tumi aba.+ 13 Na ɔfrɛɛ ne nkoa mu du maa wɔn mmɛnnaa du ka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Momfa nyɛ adwuma nkosi sɛ mɛba.’+ 14 Nanso na ne manfo no tan+ no na wotuu abɔfo kɔkae sɛ, ‘Yɛmpɛ sɛ ɔbarima yi di yɛn so hene.’+
15 “Bere a awiei koraa no onyaa ahenni tumi no a ɔsan bae no, ɔhyɛe sɛ wɔmfrɛ nkoa a wama wɔn dwetɛ sika no mmrɛ no mma wɔmmɛkyerɛ nea wɔayɛ adwuma anya.+ 16 Ɛnna nea odi kan no bɛkae sɛ: ‘Owura, wo bɛnnaa no awo mmɛnnaa du.’+ 17 Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Mo, akoa pa! Esiane sɛ woadi ade ketewaa mu nokware nti, di nkurow du so tumi.’+ 18 Afei nea ɔto so abien no bɛkae sɛ, ‘Owura, wo bɛnnaa no woo mmɛnnaa anum.’+ 19 Ɔka kyerɛɛ oyi nso sɛ, ‘Wo nso, di nkurow anum so.’+ 20 Na ɔfoforo bɛkae sɛ, ‘Owura, wo bɛnnaa a mede siee ntama mu no ni. 21 Wunim, na misuro wo, efisɛ woyɛ onipa a w’asɛm yɛ den; wofa nea womfa nsiei, na wutwa nea wungui.’+ 22 Ɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Akoa bɔne, w’ankasa w’anom asɛm+ so na mibu wo atɛn. Sɛ́ wunim sɛ meyɛ onipa a m’asɛm yɛ den, mefa nea memfa nsiei na mitwa nea mingui?+ 23 Ɛnde dɛn nti na woamfa me dwetɛ sika no ankɔto sikakorabea? Anka meba a, megye agye mfɛntom aka ho.’+
24 “Enti ɔka kyerɛɛ wɔn a wogyinagyina hɔ no sɛ, ‘Munnye bɛnnaa no mfi ne nsam mfa mma nea ɔwɔ mmɛnnaa du no.’+ 25 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Owura, ɔwɔ mmɛnnaa du!’— 26 ‘Mise mo sɛ, obiara a ɔwɔ bi no, wɔbɛma no bi aka ho; na nea onni bi no, nea ɔwɔ mpo wobegye afi ne nsam.+ 27 Bio nso, momfa m’atamfo yi a wɔampɛ sɛ midi wɔn so hene no mmra ha na mummekunkum wɔn m’anim.’”+
28 Enti, ɔkaa eyinom akyi no, osiim de n’ani kyerɛɛ Yerusalem.+ 29 Na bere a ɔbɛn Betfage ne Betania a ɛwɔ bepɔw a wɔfrɛ no Ngo Bepɔw+ no so no, ɔsomaa n’asuafo no mu baanu,+ 30 sɛ: “Monkɔ akuraa a muhu yi mu, na mohyɛn mu a, mubehu afurum ba bi a wɔamantam no a onipa biara ntenaa no so da. Monsan no mfa no mmra.+ 31 Na sɛ obi bisa mo sɛ, ‘Dɛn nti na moresan no?’ a, monka sɛ, ‘Awurade hia no.’”+ 32 Enti wɔn a ɔsomaa wɔn no fii hɔ kɔe na wokohuu nea ɔka kyerɛɛ wɔn no pɛpɛɛpɛ.+ 33 Na bere a wɔresan afurum no, ne wuranom bisaa wɔn sɛ: “Dɛn nti na moresan afurum ba no?”+ 34 Wɔkae sɛ: “Awurade hia no.”+ 35 Na wɔde no kɔmaa Yesu, na wɔtotow wɔn ntade nguguso guu afurum no so na wɔde Yesu tenaa so.+
36 Bere a ɔreba+ no, wɔde wɔn ntade nguguso sesɛw ɔkwan no mu.+ 37 Ɔreyɛ adu ɔkwan a esian fi Ngo Bepɔw so no so pɛ, asuafodɔm no nyinaa fii ase dii ahurusi na woyii Onyankopɔn ayɛ wɔ ahoɔdenne a wɔahu no nyinaa ho,+ 38 sɛ: “Nhyira ne Nea ɔreba sɛ ɔhene wɔ Yehowa din mu!+ Asomdwoe wɔ soro, na anuonyam wɔ ɔsorosoro nohoa!”+ 39 Nanso, Farisifo bi a wɔwɔ nnipakuw no mu ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo, ka w’asuafo no anim.”+ 40 Na obua see wɔn sɛ: “Mise mo sɛ, sɛ eyinom mua wɔn ano a, abo+ bɛteɛm.”
41 Na ɔbɛn hɔ no, ɔhwɛɛ kurow no sui+ 42 sɛ: “Sɛ wo, anka nnɛ wunim+ nea ɛfa asomdwoe ho a—nanso wɔde ahintaw wo seesei.+ 43 Efisɛ nna no bɛba wo so a w’atamfo de nnua+ a ano yɛ mfeamfeaa betwa wo ho ahyia,+ na wɔaka wo ahyem+ ama wo ho ahiahia+ wo wɔ afã nyinaa, 44 na wɔde wo ne wo mma a wɔwɔ wo mu bɛhwehwe fam,+ na wɔrennyaw ɔbo wɔ ɔbo+ so wo mu, efisɛ woanhu bere a wɔbɛhwɛɛ wo no.”+
45 Na ɔkɔɔ asɔrefie hɔ kɔpam wɔn a wɔretɔn nneɛma no+ 46 ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Wɔakyerɛw sɛ, ‘Na me fie bɛyɛ mpaebɔ fie,’+ nanso mode ayɛ adwowtwafo atɛwee.”+
47 Bio nso, ɔkɔɔ so kyerɛkyerɛe daa wɔ asɔrefie hɔ, na na asɔfo mpanyin no ne akyerɛwfo ne nnipa no mu atitiriw no rehwehwɛ sɛ wokum no;+ 48 nanso wɔannya ɔkwampa a wɔbɛfa so ayɛ, efisɛ nnipa no nyinaa tu taree no tiee no.+