Luka
18 Afei ɔtoaa so maa wɔn mfatoho bi de kyerɛɛ sɛnea ehia sɛ wɔbɔ mpae daa a wɔmpa abaw,+ 2 sɛ: “Ná ɔtemmufo bi wɔ kurow bi mu a onsuro Onyankopɔn na ommu onipa biara, 3 na na okunafo bi wɔ saa kurow no mu a ɔtaa kɔ+ ne nkyɛn kɔka sɛ, ‘Hwɛ sɛ wubebu atɛntrenee ama me wɔ me nkurobɔfo ho.’ 4 Ɔtwentwɛn ne nan ase kakra, nanso akyiri yi ɔkae wɔ ne tirim sɛ, ‘Ɛwom sɛ minsuro Onyankopɔn na mimmu onipa de, 5 nanso, sɛnea okunafo yi kɔ so haw me nti,+ mɛhwɛ ma wanya atɛntrenee, na wamma ammeguan+ me ho koraa.’” 6 Afei Awurade kae sɛ: “Muntie nea ɔtemmufo a ɔnteɛ no mpo kae! 7 Nokwasɛm ni, ɛwom sɛ Onyankopɔn ma ne bo dwo kyɛ+ ma wɔn de, nanso so ɔremmu atɛntrenee+ mma wɔn a wɔapaw wɔn a wɔteɛm frɛ no awia ne anadwo no? 8 Mise mo sɛ, Obebu atɛntrenee ama wɔn ntɛm so.+ Nanso sɛ onipa Ba no ba a, obehu gyidi ankasa wɔ asase so?”
9 Na ɔde mfatoho yi nso maa ebinom a wogye wɔn ho di sɛ wɔyɛ treneefo+ na wommu wɔn a wɔaka no hwee no:+ 10 “Mmarima baanu kɔɔ asɔrefie kɔbɔɔ mpae, obiako yɛ Farisini na nea ɔka ne ho no yɛ towgyeni. 11 Farisini no sɔre gyinae+ na ofii ase bɔɔ mpae+ yi wɔ ne tirim sɛ, ‘O Onyankopɔn, meda wo ase sɛ mente sɛ nnipa a aka no, apoobɔfo, wɔn a wɔnteɛ, awaresɛefo, anaasɛ towgyeni yi mpo.+ 12 Midi mmuada mprenu nnawɔtwe, miyi nea minya nyinaa so ntotoso du du.’+ 13 Na towgyeni no a ogyina fã nohoa no ampɛ sɛ ɔma ne ti so hwɛ soro mpo, na mmom ɔbɔɔ ne koko+ ara kae sɛ, ‘O Onyankopɔn, hu me ɔdebɔneyɛfo+ yi mmɔbɔ.’ 14 Meka kyerɛ mo sɛ, ɔbarima yi san kɔɔ ne fie sɛ ɔtreneeni+ sen ɔbarima biako no; efisɛ obiara a ɔma ne ho so no wɔbɛbrɛ no ase, na nea ɔbrɛ ne ho ase no wɔbɛma no so.”+
15 Afei nkurɔfo fii ase de wɔn mma nkokoaa brɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa nka wɔn; na n’asuafo no hui no wɔkaa wɔn anim.+ 16 Nanso, Yesu frɛɛ mmofra no baa ne nkyɛn kae sɛ: “Momma mmofra nkumaa no mmra me nkyɛn, na munnsiw wɔn kwan, efisɛ wɔn a wɔte saa+ na Onyankopɔn ahenni no yɛ wɔn dea. 17 Nokwarem mise mo sɛ, obiara a onnye Onyankopɔn ahenni sɛ abofra kumaa no renkɔ mu ɔkwan biara so.”+
18 Na otumfoɔ bi bisaa no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo pa, dɛn na meyɛ a menya daa nkwa?”+ 19 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Dɛn nti na wofrɛ me papa? Obiara nyɛ papa gye obiako pɛ, Onyankopɔn.+ 20 Wunim mmara no,+ ‘Nsɛe aware,+ Nni awu,+ Mmɔ korɔn,+ Nni adansekurum,+ Di wo papa ne wo maame ni.’”+ 21 Ɛnna ɔkae sɛ: “Madi eyinom nyinaa so fi me mmofraase.”+ 22 Yesu tee ɛno no, ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Nanso aka wo ade biako: Tɔn nea wowɔ nyinaa na kyekyɛ ma ahiafo, na wubenya ademude wɔ soro; na bra bedi m’akyi.”+ 23 Bere a ɔtee eyi no, ne werɛ howee paa, efisɛ na ɔyɛ ɔdefo ankasa.+
24 Yesu hwɛɛ no kae sɛ: “Hwɛ den ara a ɛbɛyɛ ama wɔn a wɔwɔ sika sɛ wɔbɛkɔ Onyankopɔn ahenni mu!+ 25 Nokwarem no, ɛyɛ mmerɛw ma yoma sɛ ɔbɛfa paane aniwa mu sen sɛ ɔdefo bɛkɔ Onyankopɔn ahenni mu.”+ 26 Wɔn a wɔtee eyi no kae sɛ: “Ɛnde hena na obetumi anya nkwa ankasa?” 27 Ɔkae sɛ: “Nea ɛrentumi nyɛ yiye wɔ nnipa fam no betumi ayɛ yiye wɔ Onyankopɔn fam.”+ 28 Na Petro kae sɛ: “Hwɛ! Yɛagyaw yɛn nneɛma hɔ abedi w’akyi.”+ 29 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nokwarem mise mo sɛ, obiara nni hɔ a wagyaw ofie anaasɛ ɔyere anaasɛ nuabarimanom anaasɛ awofo anaasɛ mma, Onyankopɔn ahenni nti,+ 30 a ɔrennya no mmɔho pii saa bere yi, ne daa nkwa+ wɔ bere* a ɛreba no mu.”
31 Afei ɔde dumien no kɔɔ nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Hwɛ! Yɛrekɔ Yerusalem na nea wɔnam adiyifo+ no so akyerɛw afa onipa Ba no ho nyinaa aba mu.+ 32 Sɛ nhwɛso no, wobeyi no ama amanaman mufo na wɔadi no ho fɛw+ na wɔabɔ no adapaa+ atete ntasu+ agu no so; 33 na wɔhwe+ no wie a wobekum+ no, na da a ɛto so abiɛsa no obenyan.”+ 34 Nanso, wɔante nneɛma yi mu biara ase; ná wɔde nsɛm yi ahintaw wɔn, na wonnim nea waka no.+
35 Na bere a ɔrebɛn Yeriko no, na onifuraefo bi te kwankyɛn resrɛsrɛ ade.+ 36 Esiane sɛ ɔtee sɛ nnipakuw bi retwam nti, ofii ase bisabisaa nea eyi kyerɛ. 37 Wɔbɔɔ no amanneɛ sɛ: “Yesu, Nasareni no na ɔretwam!”+ 38 Ɛnna ɔteɛɛm sɛ: “Yesu, Dawid Ba, hu me mmɔbɔ!”+ 39 Na wɔn a wodi kan no teɛteɛɛ no sɛ ɔnyɛ komm, nanso ɛno koraa na ɔteɛteɛɛm denneennen kae sɛ: “Dawid Ba, hu me mmɔbɔ.”+ 40 Afei Yesu gyinae na ɔhyɛe sɛ wɔmfa ɔbarima no mmra ne nkyɛn.+ Oduu Yesu nkyɛn no, obisaa no sɛ: 41 “Dɛn na wopɛ sɛ meyɛ ma wo?”+ Ɔkae sɛ: “Awurade, ma minhu ade.”+ 42 Enti Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Hu ade; wo gyidi ama wo ho asan wo.”+ 43 Na amonom hɔ ara ohuu ade,+ na ofii ase dii n’akyi a ɔrehyɛ Onyankopɔn anuonyam.+ Afei nso bere a nkurɔfo no nyinaa hui no, woyii Onyankopɔn ayɛ.