Mmebusɛm
8 Ɛnyɛ nyansa na ɛteɛm,+ na nhumu ma ne nne so?+ 2 Egyina sorosoro,+ ɔkwan so, nkwanta so. 3 Ɛteɛm denneennen+ wɔ kurow apon ho, kurotia,+ abobow ano sɛ:
4 “Mo, nnipa mma na merefrɛ mo, na mema me nne so kyerɛ adesamma.+ 5 Agyimfo, momma mo ani ntew;+ na nkwasea nso, munnya ntease koma.+ 6 Muntie, efisɛ nea ehia ho asɛm na mereka,+ na teeyɛ+ ho asɛm na mibue m’ano ka. 7 Sɛ mibue m’ano a, nokware na mebrɛ me nne ase ka;+ na m’ano kyi amumɔyɛsɛm.+ 8 M’anom nsɛm nyinaa nam trenee mu.+ Akɔntɔnkyesɛm anaa nsɛm a akyinkyim biara nni mu.+ 9 Ne nyinaa teɛ ma nea ɔwɔ nhumu, na edi mu ma wɔn a wɔanya nimdeɛ.+ 10 Momfa me nteɛso, na ɛnyɛ dwetɛ, ne nimdeɛ, na ɛnyɛ sika amapa.+ 11 Efisɛ nyansa ye sen mmota,+ na afɛfɛde foforo biara ne no nsɛ.+
12 “Me, nyansa, me ne anitew+ na ɛte, na mewɔ nimdeɛ ne adwempa.+ 13 Yehowa suro ne bɔne tan.+ Ahomaso ne ahantan+ ne ɔkwammɔne ne nkontompo ano+ de, mikyi. 14 Mewɔ afotu+ ne nyansa.+ Me—ntease;+ mewɔ tumi.+ 15 Me so na ahene nam di tumi, na atumfoɔ hyɛ adetrenee+ ho mmara. 16 Me so na atitiriw nam di tumi sɛ atitiriw,+ na mmapɔmma nyinaa nam bu atɛn, trenee mu.+ 17 Wɔn a wɔdɔ me no,+ wɔn na medɔ wɔn, na wɔn a wɔhwehwɛ m’akyi kwan no, wɔn na wohu me.+ 18 Ahonya ne anuonyam yɛ me dea,+ agyapade ne trenee.+ 19 M’aba ye sen sika, ɛsen sika a wɔasɔn so, na me nnɔbae ye sen dwetɛ+ amapa. 20 Trenee tempɔn mu na menam,+ atɛntrenee+ akwan mfinimfini, 21 sɛ mɛma wɔn a wɔdɔ me anya adepa adi;+ na mɛma wɔn asan ayɛ amaama.+
22 “Yehowa na ɔbɔɔ me de fii ne kwan ase,+ ne nnwuma a efi teteete no mu nea edi kan.+ 23 Ɔde me sii hɔ fii teteete,+ mfiase no, ansa na asase reba.+ 24 Subun biara nni hɔ no, na wɔawo me,+ nsuti a ɛba nsu pii biara nni hɔ no, 25 ansa na wɔde mmepɔw resisi hɔ,+ na nkoko nnya mmae no, na wɔawo me. 26 Onnya nyɛɛ asase+ ne kwae na ɔnhyɛɛ ase nyɛɛ asase+ so dɔte no, 27 osiesiee ɔsoro no, na mewɔ hɔ;+ otwaa subun ani kontonkron+ no, 28 ɔde amununkum sensɛn ɔsoro pintinn,+ na ɔyeree subun asuti mu+ no, 29 otwaa ɛpo hye na nsu ammu ne mmara so,+ bere a ɔhyehyɛɛ asase+ fapem no, 30 ná mewɔ ne nkyɛn sɛ odwumayɛni a ne ho akokwaw,+ ná meyɛ obi a ɔpɛ m’asɛm yiye+ daa nyinaa, na m’ani gyee n’anim daa,+ 31 m’ani gyee n’asase+ a ɛma nnɔbae no ho, na nnipa mma ho nsɛm na na ɛda me koma so.+
32 “Enti afei me mma, muntie me; anigye ne wɔn a wɔfa m’akwan so ampa.+ 33 Tie nteɛso na hu nyansa,+ na mmu w’ani ngu so da.+ 34 Anigye ne onipa a otie me na ɔwɛn m’abobow ano daa nyinaa, na ɔwɛn me pon ano apongua.+ 35 Nea ohu me no benya nkwa,+ obenya adom afi Yehowa hɔ.+ 36 Nea onhu me no yɛ ne kra bɔne;+ wɔn a wokyi me nyinaa dɔ owu.”+