Mmebusɛm
7 Me ba, di me nsɛm so,+ na fa me mmara nsɛm sie.+ 2 Di me mmara nsɛm so na nyin kyɛ,+ na bu me mmara sɛ w’aniwa kesua.+ 3 Fa kyekyere wo nsateaa,+ na kyerɛw wɔ wo koma pon so.+ 4 Ka kyerɛ nyansa+ sɛ: “Me nuabea ne wo”; na frɛ ntease sɛ “Me busuani,” 5 na abɔ wo ho ban afi ɔbea hohwini ho,+ ɔbea huhuni a n’ano yɛ dɛ.+ 6 Mifi me fie mfɛnsere mu, me nkantankantan mu,+ hwɛe, 7 sɛ mehu agyimfo.+ Mehwɛɛ nnipa mma mu sɛ mehu nea ɛbɛto aberante a onni ti.*+ 8 Ɔnam abɔnten so baabi a ɛbɛn ɔbea no mpɔtam, na ɔfa ne fie kwan so,+ 9 anwummere a anim rebiribiri,+ ade resa na esum reba. 10 Menkɔhwɛ a, ɔbea bi na ɔrebehyia no yi! Ofura aguamantam,+ nnaadaa wɔ ne koma mu. 11 Ɔyɛ hagyahagya, na ne koma apirim.+ Ne nan ntena ne fie.+ 12 Wobɛhwɛ na ɔnam abɔnten, wubehu no na ogyina gua so,+ ɔtetɛw mmantweaa mmantweaa baabiara.+ 13 Ɛnna ɔyeree aberante no, na ofew n’ano.+ Watõtõ n’ani awe, enti ɔka kyerɛɛ aberante no sɛ:
14 “Asomdwoe afɔrebɔ da me so.+ Ɛnnɛ matua me bɔhyɛ ade.+ 15 Ɛno nti na mafi adi abehyia wo, sɛ merebɛhwɛ w’anim yiye na mahu wo. 16 Mede kuntu pa asɛw me mpa so, Egypt nwera a ɛyɛ fɛ+ bebree. 17 Mede kurobow ne pɛprɛ ne aduhuam+ apete me mpa so. 18 Bra ma yenni ɔdɔ nkosi anɔpa; ma yɛmfa ɔdɔ nsɛpɛw yɛn ho.+ 19 Me kunu nni fie; watu kwan kɔ akyirikyiri.+ 20 Wafa sika kotoku akura. Ɔsram twa korokuma a na ɔbɛba fie.”
21 Ɔde n’adɔkɔdɔkɔsɛm+ bebree no adaadaa aberante no. Ɔde n’ano fremfrem no anya no.+ 22 Prɛko pɛ, otu dii n’akyi+ sɛ nantwi a wɔrekokum no, te sɛ ɔkwasea a wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn agu no rekɔtwe n’aso, 23 kosii sɛ agyan hwirew ne mmerɛbo mu,+ sɛnea anomaa tu mmirika kɔtɔ afiri mu;+ onnim sɛ ne kra na ɔde reto asiane mu.+
24 Enti afei me mma, muntie me na monyɛ aso mma m’anom nsɛm.+ 25 Mma wo koma nnnan nnkɔfa n’akwan so. Nkɔfa n’atempɔn so.+ 26 Na nnipa pii na wama wɔakum wɔn,+ na wɔn a ɔredi wɔn awu no dɔɔso.+ 27 Ne fie akwan sian kɔ Adamoa* mu;+ esian kɔ owu mpia mu.+