9 Ɛnna Hiob buae sɛ:
2 “Ampa ara minim sɛ saa na ɛte.
Ɛbɛyɛ dɛn na onipa desani atumi ne Onyankopɔn adi asɛm adi bem?+
3 Sɛ ɔyɛ n’adwene sɛ ɔne no beyiyi nsɛm ano a,+
Ɔrentumi mmua nsɛmmisa apem mu biako mpo.
4 Ɔyɛ koma mu nyansafo ne tumi mu ɔhoɔdenfo.+
Hena na obetumi atew no so atua na asi no yiye?+
5 Otutu mmepɔw+ bere a nnipa nhu;
Otutu gu wɔ n’abufuw mu.+
6 Ɔma asase wosow fi ne sibea,
Na ne nnyinaso+ hinhim.
7 Ɔkasa kyerɛ owia, na ɛmmɔ,
Na ɔkata nsoromma ani;+
8 N’ankasa trɛw ɔsoro mu hata hɔ,+
Na otiatia ɛpo asorɔkye so.+
9 Ɔno na wayɛ Ayis nsorommakuw, Kesil nsorommakuw,
Ne Kima nsorommakuw+ ne Anafo fam mpia no;
10 Wayɛ nneɛma akɛse a enni hwehwɛbea,+
Ne anwonwade a enni ano.+
11 Hwɛ! Otwa me ho a minhu no,
Na ɔsen a minhu sɛ ɛyɛ ɔno.+
12 Hwɛ! Ohwim kɔ. Na hena na obetumi asiw no kwan?
Hena na ɔbɛka akyerɛ no sɛ, ‘Dɛn na woreyɛ yi?’+
13 Onyankopɔn de, ɔrensianka n’abufuw;+
Onuɔdenfo+ aboafo bɛkotow no.
14 Mene hena a mebua no!
Mɛhwɛ me kasa yiye wɔ ne ho,+
15 Na m’asɛm yɛ dɛ de, nanso merenyi ano.+
Anka nea me ne no wɔ asɛm no, mɛkotow asrɛ no.+
16 Sɛ mefrɛ no a, obegye me so anaa?+
Minnye nni sɛ ɔbɛyɛ aso atie me nne;
17 Ɔno na ɔde ahum apirapira me
Na wama m’akuru adɔɔso kwa.+
18 Ɔremma minnya ahome foforo,+
Efisɛ wama nea ɛyɛ yaw amee me.
19 Sɛ otumfoɔ bi wɔ ahoɔden a, ɔne no;+
O sɛ anka ɔtemmufo a ɔyɛ den bi wɔ hɔ ɛ, anka ɔfrɛɛ m’asɛm!
20 Sɛ m’asɛm yɛ dɛ a, anka m’ankasa m’ano na ebebu me fɔ;
Sɛ me ho nni asɛm a, anka obebu me ɔkɔntɔnkyeni.
21 Sɛ me ho nni asɛm a, anka minnim me kra;
Anka mɛpo me nkwa.
22 Ade biako wɔ hɔ. Ɛno nti na mereka sɛ,
‘Nea ne ho nni asɛm ne ɔdebɔneyɛfo nyinaa, ɔde wɔn reba wɔn awiei.’+
23 Sɛ nsu yiri bu fa so kum nnipa mpofirim a,
Ɔbɛserew wɔn a wodi bem no amanehunu.
24 Asase mpo, ɔde ahyɛ ɔbɔnefo nsa;+
Ɔkata ɛso atemmufo anim.
Sɛ ɛnyɛ saa a, ɛnde ɛyɛ hena?
25 Me nna twam ntɛm sen ommirikatufo;+
Eguan kɔ, na ɛrenhu adepa.
26 Ɛsen kɔ te sɛ demmire akorow,
Ne ɔkɔre a otu di akɔneaba pɛ nea obedi.+
27 Sɛ meka sɛ, ‘Mɛma me werɛ afi me haw,+
Mɛsesa m’anim+ na mayɛ hyɛnn’ a,
28 Me yaw nyinaa bɔ me hu;+
Minim sɛ woremmu me bem.
29 Medi fɔ ara.
Dɛn nti na ɛsɛ sɛ mebrɛ gu?+
30 Sɛ mede sukyerɛmma nsu guare,
Na mede samina+ hohoro me nsa mpo a,
31 Wode me bɛhyɛ amoa mu,
Na me ho ayɛ me ntade tan.
32 Efisɛ ɔnyɛ onipa+ te sɛ me na me ne no ayiyi nsɛm ano,
Anaa me ne no adi asɛm.
33 Obiara nni hɔ a obedi yɛn ntam asɛm,+
Na ɔde ne nsa agu yɛn baanu so.
34 Ma onyi n’abaa mfi me so,+
Na ne ho hu nso, mma ennhunahuna me.
35 Ma menkasa, mma minnsuro no,
Efisɛ ɛnyɛ saa na mete wɔ me mu.