10 Me nkwa yɛ me kra abofono.+
Mɛpae mu aka me haw.
Mɛkasa me kra awerɛhow mu!
2 Mɛka akyerɛ Onyankopɔn sɛ, ‘Mmu me fɔ.
Ma minhu nea enti a wo ne me redi.
3 Eye ma wo sɛ wobɛyɛ bɔne?+
Na eye sɛ wobɛpo wo nsa ano adwuma+ a wobrɛ yɛe,
Na wode wo hann ato nnebɔneyɛfo agyinatu so?
4 W’aniwa+ yɛ onipa aniwa?
Anaa sɛnea ɔdesani hu ade na wuhu?+
5 Wo nna te sɛ ɔdesani nna?+
Anaa wo mfe te sɛ ɔbarima nna?
6 Dɛn nti na wohwehwɛ me mfomso
Na wokɔ so hwehwɛ me bɔne+
7 Bere a wunim sɛ menyɛɛ bɔne,+
Na obiara nni hɔ a obegye me afi wo nsam?+
8 Wo nsa na ɛnwenee me, na ɛyɛɛ me;+
Ɛyɛɛ me ho biribiara, nanso worepɛ me amene me.
9 Mesrɛ wo, kae sɛ dɔte+ na wode yɛɛ me,
Na dɔte mu na wobɛma masan akɔ.+
10 Woanhwie me sɛ nufusu?
Na woamma manyɛ sɛ nufusu a ada?+
11 Wode were ne honam duraa me ho,
Na wode nnompe ne ntini nwenee me boom.+
12 Womaa me nkwa, na woyɛɛ me adɔe;+
Wohwɛɛ me,+ na wokoraa me honhom so.
13 Nanso wode eyinom nyinaa ahintaw wo komam.
Minim sɛ eyinom nyinaa wɔ w’adwenem.
14 Sɛ mayɛ bɔne, na woahu me+
Na sɛ woamfa me mfomso amfiri me,+
15 Sɛ midi fɔ a, minnue!+
Na sɛ m’asɛm yɛ dɛ nso a, meremma me ti so,+
Efisɛ animguase amee me, na amanehunu+ amene me.
16 Sɛ mema me ho so+ a, wobɛtaa me sɛ gyataforo,+
Na wobɛyɛ anwonwade wɔ me so bio.
17 Wode w’adansefo foforo bɛba m’anim,
Na woama w’abufuw ayɛ kɛse wɔ me so;
Amanehunu abɔ amanehunu so wɔ me so.
18 Ɛyɛɛ dɛn koraa na wuyii me fii awotwaa mu bae?+
Anka ma minwu na aniwa biara anhu me;
19 Anka meyɛe sɛ nea mamma koraa;
Mifi ɔyafunu mu no, anka ɛsɛ sɛ wɔde me kɔ ɔdamoa mu.’
20 Me nna nyɛ kakraa bi?+ Ma onnyaa me,
Ma onyi n’ani mfi me so, na me ho nsan me+ kakra
21 Ansa na makɔ a merensan mma bio+—
Mɛkɔ sum asase so ne sum kabii mu,+
22 Mɛkɔ asase kusuu so, sum kabii mu
Ne sakasaka asase so, baabi a ɛhɔ hann yɛ kusuu.”