38 Ɛnna Yehowa fi ahum+ mu buaa Hiob sɛ:
2 “Hena ne oyi a ɔdan afotu ani,
Na ɔka nsɛm a nimdeɛ nnim yi?+
3 Bɔ w’asen sɛ dɔmmarima ɛ;
Ma mimmisa wo na kyerɛ me.+
4 Ɛhe na na wowɔ bere a mede asase tim hɔ no?+
Sɛ wunim a, ka kyerɛ me.
5 Hena na osusuw too hɔ, wunim anaa?
Na hena na ɔde susuhama too so?
6 Dɛn so na wɔde ne nnyinaso sisii?+
Na hena na ɔde ne tweatibo toe,
7 Bere a adekyee nsoromma+ boom too ahurusi dwom,
Na Onyankopɔn mma+ nyinaa bɔɔ ose no?
8 Hena na ɔkaa po hyehyɛɛ apon mu,+
Na efii adi te sɛ nea efi ɔyafunu mu;
9 Bere a mede omununkum yɛɛ ne nkataho
Na mede esum kabii yɛɛ n’abomu,
10 Bere a mehyɛɛ mmara maa no,
Na meyeyɛɛ mmeamu ne apon maa no,+
11 Na mekae sɛ, ‘Ɛha yi ara na bɛso, na ntra;+
Na ɛha ara na w’asorɔkye a ɛmoma ne ho so no mmɛso’ no?+
12 Efi wo nna mfiase no, woahyɛ bere ama anɔpa pɛn?+
Wo na wokyerɛ adekyee ne dibere,
13 Sɛ ensuso asase ano,
Na wɔmporoporow abɔnefo mfi so?+
14 Ɛdannan sɛ dɔte+ wɔ nsɔano ase,
Nneɛma nyinaa wɔ wɔn gyinabea te sɛ nea wɔahyehyɛ ntade.
15 Wɔde wɔn hann kame nnebɔneyɛfo,+
Na basa a ɛkorɔn no bubu.+
16 Wunim faako a ɛpo fi ba?
Anaa woakyin+ ahwehwɛ subun?+
17 Wɔabue owu apon+ ama wo anaa?
Na wubetumi ahu esum kabii+ apon?
18 Woate asase tɛtrɛtɛ ase?+
Sɛ wunim ne nyinaa a, ka.
19 Ɛhe na ɔkwan a ɛkɔ hann ho no da?+
Esum nso, ɛhe na ɛwɔ,
20 Na woafa no kɔ n’ahye so
Na woate ne fie kwan ase?
21 Wunim, efisɛ saa bere no na wɔawo wo,+
Na woadi nna bebree nti?
22 Woahyɛn sukyerɛmma korabea pɛn?+
Anaa woahu amparuwbo korabea,+
23 Ade a makora so ama ahohia bere,
Ɔko ne ɔsa da no?+
24 Ɛhe na ɔkwan a hann fa so hyerɛn no da,
Na apuei mframa+ bɔ pete asase so?
25 Hena na oyiyi nsuka ma osu
Ne ɔkwan ma osuframa ne aprannaa,+
26 Na ɔma osu tɔ gu asase a onipa biara nte so no so,+
Ne sare a ɔdesani biara nte so no so,
27 Na ɔma asase a ahum asɛe so pasaa yɛ yiye,
Na ɔma sare fifi?+
28 Nyankonsu wɔ agya anaa?+
Na hena na ɔwoo obosu?+
29 Hena yam na nsukyenee fi ba,
Na hena na ɔwo ɔsoro asukɔtweaa?+
30 Nsu hintaw ɔbo ase,
Na subun ani kyen.+
31 Wubetumi akyekyere Kima nsorommakuw abom?
Anaasɛ wubetumi asan Kesil nsorommakuw nhama?+
32 Wubetumi ama Masarot nsorommakuw apue ne bere mu?
Na Ayis nsorommakuw ne ne mma nso, wubetumi akyerɛ wɔn kwan?
33 Wunim wim mmara?+
Anaa wubetumi ahyehyɛ ne tumidi wɔ asase so?
34 Wubetumi ama wo nne so akyerɛ omununkum
Ama nsu pii abɛkata wo so anaa?+
35 So wubetumi asoma anyinam ma akɔ,
Na aka akyerɛ wo sɛ, ‘Yɛn ni!’ anaa?
36 Hena na ɔde nyansa+ hyɛɛ omununkum mu?
Na hena na ɔmaa wim nneɛma ntease?+
37 Hena na obetumi de nyansa akan omununkum pɛpɛɛpɛ,
Na obetumi ahwie ɔsoro nkuruwa mu nsu,+
38 Bere a mfutuma dan atɛkyɛ na ehwie sɛ nsu kɔboa ano,
Na dɔtetɔw keka bom no?
39 Wubetumi ayɛ ha ama gyata?
Na wubetumi anya gyataforo yam aduan,+
40 Bere a wobutubutuw wɔn ahintawee,+
Anaa wɔtɛw wɔ wuram no?
41 Hena na osiesie aduan ma kwaakwaadabi,+
Bere a ne mma su frɛ Onyankopɔn,
Na aduan a wonnya nni nti wɔnenam basabasa no?