37 “Ampa ara, me koma popo eyi ho,+
Na ehuruhuruw fi faako a ɛwɔ.
2 Monyɛ aso ntie ne nne mmobom,+
Ne kurududu a epue fi n’anom no.
3 Ogyaa mu wɔ ɔsoro nyinaa ase,
Na n’anyinam+ kodu asase ano nohoa.
4 Ɛno akyi na wɔte mmobom kɛse;
Ɔde ne kɛseyɛ+ nne kasa ma aprannaa bobom,+
Sɛ wɔte ne nne no nso a, ensianka wɔn.+
5 Onyankopɔn ma ne nne+ so ma aprannaa bobom anwonwakwan so,
Na ɔyɛ nneɛma akɛse a yentumi nte ase.+
6 Ɔka kyerɛ sukyerɛmma sɛ, ‘Tɔ gu asase so,’+
Na ɔka saa kyerɛ osu, ɔno ara ne sutɔ kɛse no.+
7 Ɔkyekyere ɔdesani biara nsa,
Na ɛma onipa desani biara hu ne nsa ano adwuma.
8 Afei wuram mmoa kɔtɛw,
Na wɔkɔ wɔn ahintawee.+
9 Mframa bɔ fi nea efi ba,+
Na atifi mframa ma awɔw ba.+
10 Onyankopɔn home na ɛma nsukyenee,+
Na ɛka nsu hyɛ.+
11 Nsu na ɔde soa omununkum,
Ne hann+ hwete omununkum,
12 Ɛdannan sɛnea ɔkyerɛ no kwan, na ɛyɛ ne nnwuma
Wɔ baabiara a ɔhyɛ+ no wɔ asase so.
13 Sɛ ɔde yɛ abaa+ oo, ɔde yɛ n’asase yiye+ oo,
Sɛ adɔe+ oo, ɔma edi dwuma bi.
14 O Hiob, yɛ aso tie eyi;
Gyina hɔ komm, na dwinnwen Onyankopɔn anwonwadwuma ho.+
15 Wunim bere a Onyankopɔn de wɔn nnwuma hyehyɛɛ wɔn nsa?+
Na wunim bere a ɔmaa ne mununkum mu hann hyerɛnee?
16 So wunim sɛnea omununkum sɛn hɔ,+
Nea owie pɛyɛ wɔ nimdeɛ mu no anwonwadwuma no?+
17 Wunim sɛnea wo ntade mu yɛ hyew
Bere a asase so yɛ dinn fi anafo fam no?+
18 Wubetumi ne no atrɛw ɔsoro mu+
Sɛnea wɔboro agude dennen de yɛ ahwehwɛ no?
19 Ma yenhu nea ɛfata sɛ yɛka kyerɛ no;
Esum nti, yɛrennya nsɛm nka.
20 Metumi aka akyerɛ no sɛ mewɔ asɛm ka anaa?
Anaasɛ onipa bi aka biribi a ɛsɛ sɛ wɔbɔ no amanneɛ?+
21 Nnipa de, wonhu hann;
Gye sɛ ewim hyerɛn,
Bere a mframa abɔ ama wim atew no.
22 Atifi fam na sika fɛfɛ fi ba.
Onyankopɔn anuonyam+ yɛ hu.
23 Ade nyinaa so Tumfoɔ no de, yennya nhuu no yiye;+
Ne tumi korɔn,+
Na atɛntrenee+ ne adetrenee+ dodow de, ɔremmu no ade ketewa.+
24 Ɛno nti, momma nnipa nsuro no.+
Ommu onipa biara a ɔyɛ onyansafo n’ankasa ne komam.”+