Ase Hɔ Asɛm
a Ɛnnɛ, onyin nti, Yehowa asomfo pii reteetee, na yare nso ama wɔn mu binom ayɛ mmerɛw. Ɛtɔ da nso a, yɛn mu biara te nka sɛ wabrɛ. Enti sɛ yɛte mmirikatu ho asɛm a, ɛyɛ yɛn sɛ yɛrentumi ntu bi. Ɔsomafo Paul kaa nkwa mmirikatu ho asɛm, na adesua yi bɛboa yɛn ama yɛahu sɛnea yɛn mu biara betumi amia n’ani atu mmirika no na wadi nkonim.