Ase Hɔ Asɛm
a Efi Pentekoste afe 33 Y.B. reba no, Yehowa ama Kristofo binom anya anidaso bi a ɛyɛ nwonwa. Ɛne sɛ wɔne ne Ba no bedi ade wɔ soro. Dɛn na ɛbɛma saa Kristofo yi ahu sɛ wɔama wɔn saa hokwan soronko yi? Sɛ Yehowa de ne honhom sra obi sɛ ɔbɛkɔ soro a, dɛn na esi? Adesua yi mu nsɛm fi Ɔwɛn-Aban a ɛbaa January, 2016 mu. Ɛbɛma yɛanya saa nsɛmmisa yi ho mmuae.