Ase Hɔ Asɛm
a Ɔman Fotosanfo, Salmon P. Chase kyerɛw krataa wɔ November 20, 1861 mu kɔmaa U.S. Dwumadibea a wotwa sika no sɛ: “Ɔman biara nni hɔ a ebetumi ayɛ den gye sɛ ɛde ne ho to Onyankopɔn ahoɔden so, anaasɛ ebetumi ayɛ nea ɛwɔ ahobammɔ gye sɛ Onyankopɔn bɔ ho ban. Ɛsɛ sɛ yɛkyerɛw ahotoso a yɛn nkurɔfo wɔ wɔ Onyankopɔn mu no gu yɛn sika so.” Ne saa nti, wɔkyerɛw nnyinasosɛm yi, “Onyankopɔn na Yɛde Yɛn Ho To No So” guu U.S. sika so wɔ afe 1864 mu.