Ase Hɔ Asɛm
c Eyi yɛ mfomso a Kristoman mu asɔreasɔre no fã kɛse no ara dii. Ná Lutherfo yɛ abodin a Martin Luther atamfo de too n’akyidifo, na wɔn nso fa too wɔn ho so. Saa ara na Baptistfo faa abodin a wɔn a wɔnkɔ asɔre no bi de too wɔn esiane sɛ na wɔka nsu mu asubɔ ho asɛm nti no. Ɛkame ayɛ sɛ saa na Metɔdistfo faa din a obi a ɔnkɔ asɔre no bi de too wɔn no. Ɛdefa sɛnea ɛyɛe a wɔbɛfrɛɛ Society of Friends no Quakerfo ho no, The World Book Encyclopedia ka sɛ: “Mfiase no, na wɔde asɛmfua Quaker yaw Fox [ɔfabafo no] a ɔka kyerɛɛ Engiresi temmufo bi sɛ ‘ne ho mpopo wɔ Awurade Asɛm ho’ no. Ɔtemmufo no too Fox din ‘ɔhopopofo.’”