Ase Hɔ Asɛm
a Na nsiesiei ahorow a ɛte sɛɛ nni Hammurabi mmara no mu; saa ara nso na wonhuu ahotew ho mmara a ɛte saa ara wɔ tete Misrifo no mu, ɛwom sɛ na aduru a wɔyɛ no kɔ anim kakra de. Ancient Egypt nhoma no ka sɛ: “Nkonyaayi ne ɔkwan a wɔfa so yɛ ne sɛnea ɛsɛ sɛ wɔnom nnuru no a emu da hɔ [wɔ Misrifo aduruyɛ nhoma mu].” Nanso na adaemonesɛmdi biara nni Onyankopɔn Mmara no mu na ɛne nyansahu hyia. Sɛ nhwɛso no, nnɛ bere yi mu nkutoo na nnuruyɛfo ahu hia a ɛho hia sɛ woguare bere a obi aka funu no akyi, biribi a na Mose Mmara no hwehwɛ sɛ wɔyɛ wɔ mfe mpempem pii a atwam ni no mu!—Numeri, ti 19.