Ase Hɔ Asɛm
c Bere a wɔkyerɛɛ Hebri asɛmfua a egyina hɔ ma “apataa” ase kɔɔ Hela kasa mu no, wɔkyerɛɛ ase sɛ “asuboa kɛse,” anaa “apataa kɛse.” Ɛwom sɛ yɛrentumi nkyerɛ ɛpo mu aboa pɔtee a wɔde dii dwuma de, nanso wɔahu sɛ aboodede akɛse bi wɔ Mediterranea po no mu a wobetumi amene onipa. Aboodede akɛse a wɔsen nea ɛwɔ Mediterranea po no mu koraa wɔ mmeae foforo; bonsu bi a ɔte sɛ oboodede tenten betumi adu mita 15 anaa nea ɛboro saa mpo!