Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ijwbq asɛm 144
  • Amu a Wɔhyew—Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Amu a Wɔhyew—Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Bible ka
  • Amu a wɔhyew ho atosɛm
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Wɔsan Kɔ Dɔte Mu—Ɔkwan Bɛn So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Ɔhaw Ahorow A Owu De Ba A Wɔbrɛ No Ase
    Nyan!—1992
  • So Ɛsɛ Sɛ Yedi Awufo Ni?
    Nyan!—1999
Hwɛ Pii Ka Ho
Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
ijwbq asɛm 144
Ɔbaa a ne mfoni wɔ hɔ no, wawu ma wɔahyew no, na wɔde ne nsõ no agu ade a esi hɔ no mu

Amu a Wɔhyew​—Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?

Nea Bible ka

Mmara pɔtee biara nni Bible mu a ɛka sɛ, sɛ obi wu a wonsie no anaa wɔnhyew n’amu no.

Wokan Bible a wubehu sɛ Onyankopɔn asomfo anokwafo bi siee wɔn abusuafo a wowui no. Ɛho nhwɛso ne Abraham. Ɔyɛɛ nea obetumi biara tɔɔ asase de siee ne yere Sara.​—Genesis 23:​2-​20; 49:29-​32.

Bible no san ka sɛ Onyankopɔn asomfo anokwafo bi nso hyew ebinom amu. Ɛho nhwɛso ne Ɔhene Saul ne ne mma mmiɛnsa no. Bere a wowui wɔ akono no, wɔn amu no kaa wɔn atamfo asase so, na atamfo no ansie wɔn. Bere a Israel asraafo anokwafo bi tee asɛm no, wɔkɔfaa Saul ne ne mma amu no bɛhyewee, na afei wosiee nsõ no. (1 Samuel 31:​8-​13) Bible ma yehu sɛ ɔkwan a wɔfaa so siee mmarima no amu no, na ɛfata.​—2 Samuel 2:​4-6.

Amu a wɔhyew ho atosɛm

Atosɛm: Wɔhyew obi amu a, egu n’anim ase.

Nokwasɛm: Bible ka sɛ awufo san kɔ dɔte mu. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ amu no porɔw a ɛdan dɔte. (Genesis 3:​19) Enti wɔhyew amu no a, nea ɛyɛ ara ne sɛ ɛma amu no dan nsõ anaa dɔte ntɛm.

Atosɛm: Bible mmere mu no, Onyankopɔn atamfo nko ara na na wowu a wɔhyew wɔn.

Nokwasɛm: Nnipa bi a wɔansom Onyankopɔn yiye te sɛ Akan ne n’abusua sei, wɔhyew wɔn amu. (Yosua 7:​25) Nanso ɛno nkyerɛ sɛ abɔnefo nko ara na sɛ wowu a na wɔhyew wɔn. (Deuteronomium 21:22, 23) Sɛnea yɛadi kan aka no, nnipa anokwafo bi mpo wɔ hɔ a wowui no wɔhyew wɔn amu. Ɛho nhwɛso ne Ɔhene Saul ba Yonatan.

Atosɛm: Wɔhyew obi amu a Onyankopɔn rentumi nnyan no.

Nokwasɛm: Sɛ Onyankopɔn benyan obi a, sɛ wosiee no oo, wɔhyew no oo, po na ɛfaa no oo, aboa bi na ɔkyeree no wee oo, ɛho asɛm nyɛ no den. (Adiyisɛm 20:13) Ɛnyɛ den mma ade nyinaa so Tumfoɔ no sɛ ɔbɛbɔ nipadua foforo ama onii no.​—1 Korintofo 15:35, 38.

Amu a Wɔhyew Ne Amu a Wosie​—Emu Nea Ɛwɔ He Na Wobɛpaw?

Sɛ wopɛ sɛ wokora amu so a, susuw nea edidi so yi ho.

  • Dɛn na na owufo no pɛ? Wohwɛ Bible mu a wubehu sɛ bere a ebinom te ase no, wɔkyerɛɛ sɛnea wowu a wɔnkora wɔn amu so. Wowui no, wɔn abusuafo nso yɛɛ no saa pɛpɛɛpɛ.​—Genesis 50:​4, 5; Exodus 13:19.

  • Amammerɛ. Sɛ obi wu a, sɛnea wɔbɛkora n’amu so no, amammerɛ di mu akoten. (Yohane 19:40) Sɛ nhwɛso no, Bible mmere mu no, na nkurɔfo taa sie awufo. (Genesis 49:31; 1 Samuel 28:3) Ɛnnɛ nso, obi betumi agyina n’amammerɛ so akyerɛ sɛnea wɔnkora n’amu so bere dodow a entia Bible mmara.

  • Aban mmara. Bible tu yɛn fo sɛ yentie wiase atumfoɔ. (Romafo 13:1) Mmeae bi wɔ hɔ a, sɛnea ɛsɛ sɛ wɔkora amu so no, atumfoɔ no ahyehyɛ ho mmara. Ɛho nhwɛso ne amu a wɔhyew. Wokɔ mmeae bi a, atumfoɔ no na ɛkyerɛ baabi a ɛsɛ sɛ wɔde nsõ no kogu.

  • Sɛn na afoforo te nka wɔ ho? Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ yennwen afoforo ho. (Filipifo 2:4) Sɛ yɛpɛ sɛ yɛkora amu so a, yebetumi asusuw nsɛmmisa a edidi so yi ho: Amu no a yɛbɛhyew anaa yebesie no, abusuafo a aka no dwene ho sɛn? Kurom hɔfo nso hu no sɛn?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena