Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ijwbq asɛm 84
  • Yesu Waree Anaa? Ná Yesu Wɔ Nuanom Anaa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yesu Waree Anaa? Ná Yesu Wɔ Nuanom Anaa?
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Bible ka
  • Ná Yesu wɔ nuanom foforo ka ne ho anaa?
  • Nsɛm a ɛnyɛ nokware a nkurɔfo ka fa Yesu nua mmarima ho
  • Yesu Abusuafo—Na Wɔne Henanom?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Yesu Abusua Asetra Mfiase
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Yesu Suaa Osetie
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • Yesu Nyinii wɔ Nasaret
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
Hwɛ Pii Ka Ho
Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
ijwbq asɛm 84
Yesu rekyerɛkyerɛ nnipadɔm bi; mmarima, mmea, ne mmofra nyinaa wom bi

Yesu Waree Anaa? Ná Yesu Wɔ Nuanom Anaa?

Nea Bible ka

Ɛwom sɛ Bible nka pɔtee sɛ Yesu waree anaa wanware, nanso emu nsɛm no ma yehu pefee sɛ wanware.a Wo de, hwɛ nea edidi so yi.

  1. Bible taa ka Yesu abusuafo ho asɛm. Ɛsan ka mmea bi ho asɛm sɛ, na wɔka Yesu ho bere a ɔreyɛ ne som adwuma no. Afei nso, mmea bi a na wɔgyina hɔ bere a na wɔrekum Yesu no, Bible ka wɔn ho asɛm. Nanso, anka da sɛ na Yesu wɔ yere. (Mateo 12:46, 47; Marko 3:31, 32; 15:40; Luka 8:2, 3, 19, 20; Yohane 19:25) Ɛno nti, ka a Bible anka da sɛ Yesu wɔ yere no, ne nkyerɛmu a ɛtɔ asom ara ne sɛ, Yesu anware da.

  2. Yesu kaa biribi kyerɛɛ n’asuafo no. Ná ɛfa nnipa a wɔasi gyinae sɛ wɔrenware sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛyɛ pii wɔ Onyankopɔn som mu no ho. Ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Obiara a obetumi de asɛm yi ayɛ adwuma [kyerɛ sɛ, obiara a obetumi adi sigya] no, ma ɔmfa nyɛ adwuma.” (Mateo 19:10-12) Yesu anware da, sɛnea ɛbɛyɛ a obenya bere pii de asom Onyankopɔn. Nea ɔyɛe no, ɛyɛ nhwɛso ma wɔn a Onyankopɔn som nti, wɔasi gyinae sɛ wɔbedi sigya no.—Yohane 13:15; 1 Korintofo 7:32-38.

  3. Bere a aka kakraa bi ama Yesu awu no, ɔde ne maame hyɛɛ obi nsa sɛ ɔnhwɛ no. (Yohane 19:25-27) Sɛ na Yesu aware anaa ɔwɔ mma a, sɛnea ɛte biara, anka ɔbɛyɛ nhyehyɛe ama obi ahwɛ ne yere ne ne mma nso.

  4. Bible ka sɛ, Yesu yɛ obi a ɛsɛ sɛ okununom suasua no. Nanso, anka sɛ okununom nsuasua sɛnea ɔne ne yere tenae. Mmom, ɛka sɛ: “Okununom, monkɔ so nnɔ mo yerenom sɛnea Kristo nso dɔɔ asafo no na ɔde ne nkwa too hɔ maa asafo no.” (Efesofo 5:25) Sɛ bere a Yesu wɔ asaase so no ɔwaree a, wunnye nni sɛ sɛnea ɔne ne yere tenaa yiye no na anka saa kyerɛwsɛm no bɛka sɛ okununom nsuasua?

Ná Yesu wɔ nuanom foforo ka ne ho anaa?

Aane. Anyɛ yiye koraa no, na Yesu wɔ nuanom nsia. Wɔn mu bi ne ne nua mmarima Yakobo, Yosef, Simon, ne Yuda. Afei nso, ɛbɛyɛ sɛ na ɔwɔ nua mmea mmienu anaa nea ɛboro saa. (Mateo 13:54-56; Marko 6:3) Yesu nuanom a yɛabobɔ wɔn din yi, na wɔyɛ Yesu maame Maria ne ne kunu Yosef asen mu mma. (Mateo 1:25) Bible ka sɛ, na Yesu yɛ Maria “ba a odi kan.” Ɛno kyerɛ sɛ, Maria woo mma foforo kaa Yesu ho.—Luka 2:7.

Nsɛm a ɛnyɛ nokware a nkurɔfo ka fa Yesu nua mmarima ho

Nnipa binom ka sɛ, na Maria yɛ ɔbaabun ne nkwa nna nyinaa. Enti sɛ Bible ka Yesu “nua mmarima” a, saa nnipa yi kyerɛ ase wɔ ɔkwan foforo so. Ɛho nhwɛso ne sɛ, ɛyɛ a na ebinom kyerɛ sɛ, sɛ Bible ka Yesu ‘nua mmarima’ a, ɛkyerɛ Yosef mma mmarima a ɔde wɔn bɛwaree ne yere Maria. Nanso Bible ma yehu sɛ, Yesu na ahenni a Onyankopɔn de hyɛɛ Dawid bɔ no bɛyɛɛ ne dea. (2 Samuel 7:12, 13; Luka 1:32) Sɛ na Yosef wɔ mma mmarima mpanyimfo a wɔanyin sen Yesu a, ɛnde nea ɔyɛ wɔn mu panyin no na anka obedi Yosef ade.

Yemmisa sɛ, sɛ Bible ka Yesu “nua mmarima” a, ebetumi akyerɛ Yesu asuafo anaasɛ mmarima a na ɔne wɔn bom som Yehowa no anaa? Daabi. Sɛ obi ka saa a, ɛne asɛm a ɛwɔ Bible mu no nhyia, efisɛ Bible ka sɛ, bere bi, “na [Yesu] nua mmarima no nnye no nni.” (Yohane 7:5) Sɛ Bible reka Yesu nua mmarima ho asɛm a, ɛka ma emu da hɔ fann sɛ Yesu nua mmarima ho asɛm na ɛreka. Sɛ n’asuafo ho asɛm nso na ɛreka a, ɛma emu da hɔ pefee sɛ n’asuafo ho asɛm na ɛreka.​—Yohane 2:12.

Ɛyɛ a nnipa binom nso ka sɛ, sɛ Bible ka Yesu “nua mmarima” a, nea ɛkyerɛ ankasa ne Yesu maame nua mma anaa ne papa nua mma. Nanso, Greek Kyerɛwnsɛm no mu no, sɛ wɔreka obi nua ho asɛm a, ɛwɔ asɛmfua a wɔde ka, sɛ wɔreka obi busuani ho asɛm a, ɛwɔ asɛmfua a wɔde ka, ɛnna wɔwɔ asɛmfua a wɔde ka obi papa nua mma anaa ne maame nua mma ho asɛm. (Luka 21:16; Kolosefo 4:10) Bible ho animdefo pii gye tom sɛ, sɛ Bible ka Yesu nua mmarima ne ne nua mmea a, ɛkyerɛ Yesu maame Maria ne ne kunu Yosef mma. Ɛho nhwɛso bi ni. Nhoma bi a ɛkyerɛkyerɛ Bible mu nsɛm mu kyerɛɛ asɛm, Yesu “nua mmarima” no mu. Ɛkaa sɛ: “Asɛmfua ‘nua mmarima’ no, sɛnea ɛsɛ sɛ yɛte ase ne sɛ, . . . ɛyɛ Maria ne Yosef mma mmarima, kyerɛ sɛ, wɔyɛ Yesu maame Maria ne ne kunu Yosef mma, enti wɔyɛ Yesu nuanom ankasa.”—The Expositor’s Bible Commentary.b

a Bible ka Kristo ho asɛm sɛ ɔyɛ ayeforokunu, nanso wohwɛ nsɛm a Bible kae bere a ɛreka saa no a, ɛma yehu sɛ ɛnyɛ ayeforokunu ankasa ho asɛm na na ɛreka, na mmom na egyina hɔ ma biribi foforo.—Yohane 3:28, 29; 2 Korintofo 11:2.

b Hwɛ The Gospel According to St. Mark, Second Edition, by Vincent Taylor, kratafa 249, ne A Marginal Jew—Rethinking the Historical Jesus, by John P. Meier, Volume 1, nkratafa 331-332.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena