Thai Liang Lim/E+ via Getty Images
MONKƆ SO NWƐN!
Sɛnea Sohyia Midia Redi Mmerante Ne Mmabaa Awu No, Nnipa Pii Reka Ho Asɛm Wɔ Wiase Nyinaa
Afe 2025 mu no, aban mpanyimfo a ɛwɔ wiase nyinaa kaa sɛ, sɛnea sohyia midia rehaw mmabun no, ɛyɛ ahometew paa. Aman bi so mpo de, aban no ahyɛ mmara sɛ, sɛ obi nnii mfe 16 a, mmara mma kwan sɛ ɔkɔ sohyia midia so, na aman bi nso redwen ho sɛ wɔbɛyɛ biribi saa.
Nea ɛte ne sɛ, mmabun a wɔnnii mfe 20 no mpo, wɔn mu bi ahu sɛ sohyia midia betumi adi wɔn awu. Adwumakuw bi a yɛfrɛ no Pew Research Center a ɛwɔ United States yɛɛ nhwehwɛmu bi, na wɔde nea wɔhui no too gua April 2025 mu. Nea wɔkae ne sɛ mmabun a ɛwɔ wiase no, bɛyɛ fã ahu sɛ, sɛ wɔkɔ sohyia midia so a, nsunsuanso a ɛde brɛ wɔn no, dodow no ara nyɛ papa.
Apɔwmuden ho animdefo bɔɔ amanneɛ sɛ, sɛ mmerante ne mmabaa anhwɛ wɔn ho yiye wɔ sohyia midia ho a, ebetumi ama wɔanya adwene mu yare. Afe a etwaam no, Dr. Vivek Murthy a na ɔyɛ dɔkta panyin wɔ U.S. de too gua sɛ: “Adwene mu yare redi mmerante ne mmabaa bebree nya. Sɛ yɛanyɛ ho biribi ntɛm a, asɛm bɛfa yɛn ase. Na adwene mu yare a yɛreka ho asɛm yi, ne kɔfabae kɛse baako ne sohyia midia.”
Dɛn na awofo betumi ayɛ de abɔ wɔn mma ho ban na sohyia midia anni wɔn awu? Afotu bebree wɔ Bible mu a ebetumi aboa wɔn.
Nea awofo betumi ayɛ
Hwɛ Bible mu afotusɛm a edidi so yi.
“Onyansafo de, anammɔn biara a obetu no, ɔhwɛ no yiye.”—Mmebusɛm 14:15.
Asiane a ɛwɔ sohyia midia so nti, nka sɛ obiara kɔ so bi, enti ɛsɛ sɛ woma wo ba nso kɔ so bi. Ansa na wobɛma wo ba kwan akɔ sohyia midia so no, hwɛ hu sɛ ɔyɛ obi a n’ani da fam a ɔnyɛ basabasa, enti ɔkɔ so a, onim bere a ɛsɛ sɛ ofi so, ɔremfa nnamfo bɔne wɔ hɔ, na ɔrenkɔhwɛ nneɛma bɔne biara nso.
Sɛ wopɛ sɛ wusua wei ho ade pii a, kenkan asɛm a yɛato din “Memma Me Ba Nkɔ Sohyia Midia So Anaa?” ne “Boa Wo Ba a Ɔyɛ Babun Ma Ɔnyɛ Ahwɛyiye Wɔ Sohyia Midia So.”
“[Momfa] mo bere nyɛ nneɛma a ɛho hia.”—Efesofo 5:16.
Sɛ woma wo ba kwan ma ɔkɔ sohyia midia so a, hyehyɛ ho mmara ma no, na ma onhu sɛnea saa mmara no bɛbɔ ne ho ban. Ɛyɛ a fa w’ani to fam hwɛ sɛ wo ba no suban resesa anaa. Ebetumi aba sɛ sohyia midia na ɛreyɛ no saa no. Ɛba no saa a, bere a ɔde kɔ sohyia midia so no, ebia ebehia sɛ woma ɔtew so.
Nneɛma a wɔadrɔdrɔ ayɛ no video a yɛato din Wokɔ Sohyial Nɛtwɛk So a, Hwɛ Yie no, wo ne wo ba nhwɛ, na onhu nea enti a ehia sɛ wohyehyɛ sohyia midia ho mmara ma no.
Nea awofo betumi ayɛ de aboa wɔn mma no, sɛ worepɛ ɛho afotusɛm foforo a efi Bible mu a, hwɛ asɛm a yɛato din “Apɔwmuden Ho Nimdefo Panyin Bi De Ato Gua Sɛ, Sohyia Midia Redi Mmabun Awu—Dɛn Na Bible Ka?”
Sua pii ka ho
Bible ka sɛ yɛte “mmere a emu yɛ den” mu. (2 Timoteo 3:1-5) Ɛsan ma yɛn afotu pa a ɛbɛboa yɛn na yɛanteetee bebree. Asɛm bi wɔ yɛn wɛbsaet yi so a “ɛboa mmabun na adwinnwen anhyɛ wɔn so.” Sɛ wubue a, wubenya nsɛm a egyina Bible so bɛboro 20 a ɛkɔ ma awofo ne wɔn mma.