Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w26 January kr. 20-25
  • Dɛn Na Wobɛyɛ De Akyerɛ Sɛ W’ani Sɔ Agyede No?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Na Wobɛyɛ De Akyerɛ Sɛ W’ani Sɔ Agyede No?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2026
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • BIBLE ASUAFO
  • WƆN A WƆABƆ ASU
  • WƆN A WƆAGYAE YEHOWA SOM
  • DƐN NA WOBƐYƐ?
  • Nhyira a Yehowa Dɔ Ma Yenya
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
  • Dɛn Na Yesua Fi Agyede No Mu?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
  • Nea Enti a Yehia Agyede No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2026
  • Woasiesie Wo Ho Ama Da Titiriw a Ɛwɔ Afe No Mu No?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2026
w26 January kr. 20-25

MARCH 23-29, 2026

DWOM 18 Agyede no Som Bo Ma Yɛn

Dɛn Na Wobɛyɛ De Akyerɛ Sɛ W’ani Sɔ Agyede No?

“Ɔdɔ a Kristo wɔ no hyɛ yɛn.”—2 KOR. 5:14.

NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM

Nea yɛn mu biara betumi ayɛ de akyerɛ sɛ agyede no som bo ma no.

1-2. Dɛn na ɛsɛ sɛ Yesu agyede afɔre no kanyan yɛn ma yɛyɛ, na adɛn ntia? (2 Korintofo 5:​14, 15) (Hwɛ mfoni no nso.)

FA NO sɛ wohyɛ dan bi mu na edwiriw guu wo so ma wokɔhyɛɛ ase. Bere a wohyɛ ase hɔ ara na obi beyii wo. Saa onipa no, wohwɛ a anka wubesi no fam? Sɛ ɛnyɛ wo nko ara na oyii wo mpo a, ɛda adi sɛ w’ankasa wubetutu wo nan akɔ ne nkyɛn akɔda no ase, na woama onipa no ahu sɛ, ade a wayɛ ama wo no, worentumi nna no ase nwie da.

2 Sɛnea adesua a edi wei anim no ma yehui no, bɔne a wɔde awo yɛn no ayɛ sɛ dan bi a adwiriw agu yɛn so. Sɛ obi ammegye yɛn a, yɛn ho bɛka aguaa mu. Nanso Yesu agyede afɔre no adaworoma nti, yebetumi ade yɛn ho. Ɔkwan bɛn so? Nea edi kan, agyede no nti, sɛ yɛyɛ bɔne a Yehowa tumi de kyɛ yɛn. Nea ɛtɔ so mmienu, ɛma yenya anidaso sɛ, daakye bɔne befi yɛn ho koraa. Nea ɛtɔ so mmiɛnsa, ɛma yetumi ne Onyankopɔn fa adamfo denneennen. Ɛno nti, yɛwɔ anidaso sɛ daakye yebetumi atena ase daa wɔ wiase foforo no mu. Momma yɛnka, agyede no ama yɛahu sɛ Yesu dɔ nipa; onnya mmaa asaase so koraa no, na yɛda ne koma so. (Mmeb. 8:​30, 31) Ɔsomafo Paul kyerɛwee sɛ “ɔdɔ a Kristo wɔ no hyɛ yɛn.” (Kenkan 2 Korintofo 5:​14, 15.) Wei kyerɛ sɛ ɔdɔ a Yesu ayi no adi akyerɛ yɛn no, ɛsɛ sɛ ɛkanyan yɛn ma yɛyɛ biribi de kyerɛ sɛ yɛn ani sɔ agyede afɔre no.

Ɔbarima a ɔdan dwiriw guu no so a na ontumi mpue a yɛkaa ne ho asɛm wɔ adesua a edi wei anim mu no, obi reboa no ama wapue.

Sɛ dan bi dwiriw gu wo so na obi beyi wo a, saa onipa no anhwɛ a worensi no fam da. Yehowa ne Yesu nso agye yɛn afi bɔne ne owu nsam. Ɛnsɛ sɛ yɛkyerɛ ho anisɔ kɛse anaa? (Hwɛ nkyekyɛm 1-2)


3. Ɔkwan a wobɛfa so akyerɛ agyede no ho anisɔ no, ebia ɛnyɛ saa ara na obi foforo nso bɛyɛ no. Adɛn ntia?

3 Owu a Yesu wu maa yɛn no, dɛn na wobɛyɛ de akyerɛ sɛ w’ani sɔ? Nea wobɛyɛ no, ebia ɛnyɛ ɛno na asomasi nso bɛyɛ. Yɛmfa mfatoho bi nkyerɛ nea enti a yɛreka saa no mu. Fa no sɛ nnipa mmiɛnsa bi retu kwan akɔ kurow bi so. Ɛsono kurow a wɔn mu biara wɔ so, enti ɛnyɛ ɔkwan baako na wɔn nyinaa bɛfa so akɔ. Yɛn nso, ɛsono sɛnea obiara ne Yehowa ntam te, enti ɔkwan a obiara bɛfa so akyerɛ sɛ n’ani sɔ agyede no yɛ soronko. Enti adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ nea Bible asuafo, wɔn a wɔabɔ asu, ne wɔn a wɔagyae Yehowa som betumi ayɛ de akyerɛ sɛ wɔn ani sɔ agyede no.

BIBLE ASUAFO

4. Sɛ obi resua Bible a, dɛn na ɛma Yehowa ani gye ne ho?

4 Sɛ woresua Bible no a, kae sɛ pene a woapene so resua Bible no ara mpo kyerɛ sɛ Yehowa na ɔretwe wo aba ne nkyɛn. (Yoh. 6:44; Aso. 13:48) Bible ka sɛ “nea ɔhwehwɛ komam ne Yehowa.” Wei kyerɛ sɛ, sɛ Yehowa hu mmɔden biara a worebɔ sɛ wubesua ne ho ade, ne nsakrae biara a woreyɛ na woatumi adi ne mmara so a, ɛyɛ ne fɛ kwa. (Mmeb. 17:3; 27:11) Agyede no nti, wubetumi ne Yehowa afa adamfo denneennen. (Rom. 5:​10, 11) Mma wo werɛ mfi saa nokwasɛm yi da.

5. Asɛm a ɛwɔ Filipifo 3:16 no, Bible asuafo bɛyɛ dɛn de ayɛ adwuma?

5 Sɛ woyɛ obi a wo ne Yehowa adansefo resua ade a, ɛnde, dɛn na wobɛyɛ de akyerɛ sɛ w’ani sɔ agyede no? Ade baako a wubetumi ayɛ ne sɛ wubetie afotu a ɔsomafo Paul de maa Filipifo no. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Baabi a yɛanya nkɔso akodu no, momma yɛnkɔ so nnantew pɛpɛɛpɛ wɔ saa kwan yi ara so.” (Filip. 3:16) Bible nkyerɛase foforo nso kyerɛ saa kyerɛwsɛm yi ase sɛ: “Baabi a yɛde yɛn ani akyerɛ no, yɛnhwɛ so nkɔ yɛn anim tee.” Enti, kae sɛ nkwa kwan no ara na wonam so no, enti mma biribiara ntwe wo nsan.—Mat. 7:14; Luka 9:62.

6. Sɛ Bible suani bi nte Bible nkyerɛkyerɛ bi ase anaa ɛyɛ den ma no sɛ obegyae subammɔne bi a, dɛn na obetumi ayɛ? (Deuteronomium 30:​11-14) (Hwɛ mfoni no nso.)

6 Nnansa yi woasua biribi wɔ Bible mu a wonte ase anaa? Sɛ saa a, yɛ ho nhwehwɛmu na bɔ mpae srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo na te ase yiye. (Dw. 86:11) Sɛ ne nyinaa akyi woante ase a, wo de fa to hɔ ansa, nanso nnyae Bible no sua. Ebi nso a, subammɔne bi a Bible kasa tia na ayɛ den ama wo sɛ wubegyae. Sɛ saa a, kae sɛ Yehowa nhwɛ kwan sɛ yɛbɛyɛ nea ɛboro yɛn so. Enti nea ɔka sɛ yɛnyɛ biara, wubetumi ayɛ. (Kenkan Deuteronomium 30:​11-14.) Yehowa de, biribiara nso ne yɛ; w’ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛboa wo, enti mpa abaw. (Yes. 41:​10, 13; 1 Kor. 10:13) Enti nea ayɛ ɔhaw ama wo no, mma ɛno nnye w’adwene mmɔ so, mmom nneɛma pa a Yehowa ayɛ ama wo no, dwinnwen ho. Ebi ne agyede no. Sɛ ɔdɔ a wowɔ ma Yehowa no yɛ kɛse a, wubehu sɛ “n’ahyɛde nyɛ adesoa.”—1 Yoh. 5:3.a

Ɔbarima bi rekenkan adesua 40 wɔ “Wubetumi Anya Anigye Daa!” nhoma no mu. Sigaret adaka baako da pon no so, na nea wanom awie ase nso gu ade mu si pon no so.

Yehowa nhwɛ kwan sɛ yɛbɛyɛ nea ɛboro yɛn so. Nea ɔka sɛ yɛnyɛ biara, ɔbɛboa yɛn ma yɛatumi ayɛ (Hwɛ nkyekyɛm 6)


7. Mmofra a wɔn awofo retete wɔn wɔ Yehowa som mu no, dɛn na wɔbetumi adwinnwen ho?

7 Mmofra a mo awofo retete mo wɔ Yehowa som mu nso ɛ? Mo nso moyɛ Bible asuafo. Nokwasɛm ne sɛ, mo awofo Bible asuafo a wɔwɔ nyinaa, mo paa na mo ho hia. Bible ka sɛ: “Mommɛn Onyankopɔn na ɔbɛbɛn mo.” (Yak. 4:8; 1 Be. 28:9) Enti sɛ woyɛ nneɛma bi a ɛbɛma woabɛn Yehowa a, ɔno nso bɛtwe abɛn wo. Nnya adwene sɛ w’awofo yɛ Yehowa adansefo nti na Yehowa pɛ w’asɛm, mmom ɔpɛ paa sɛ wobɛyɛ n’adamfo. Dɛn na Yehowa ayɛ a ebetumi ama wo ne no afa adamfo? Ɛyɛ Yesu a obewu maa wo no; mma wo werɛ mfi da sɛ ɛyɛ ade a ɛsom bo a Yehowa de adom yɛn. (Rom. 5:​1, 2) Enti afe yi, ansa na wobɛkɔ Nkaedi no, nhyira a Yesu wu no de abrɛ wo no, tena ase na dwinnwen ho. Sɛ wudwinnwen ho saa a, ma ɛnkanyan wo na fa botae sisi w’ani so fa kyerɛ sɛ nea Yehowa nam ne Ba Yesu so ayɛ ama wo no, w’ani sɔ.b

WƆN A WƆABƆ ASU

8. Wɔn a wɔabɔ asu no, dɛn na wɔayɛ de akyerɛ sɛ wɔn ani sɔ agyede no?

8 Sɛ woabɔ asu a, woayɛ nneɛma bebree dedaw de akyerɛ sɛ w’ani sɔ agyede no. Ɛho nhwɛso ne sɛ, woyɛɛ nsakrae wɔ w’abrabɔ mu na ɛma wutumi bɛn Yehowa. Ahyɛde a Yesu de maa yɛn sɛ yɛnyɛ nkurɔfo asuafo no, wutie guu aso pa mu, enti wo nso wokyerɛkyerɛɛ afoforo. Afei nso, wuhyiraa wo ho so maa Yehowa na wobɔɔ asu. Yehowa som nti, ebi mpo a nkurɔfo asɔre atia wo. (2 Tim. 3:12) Sɛ saa a, sɛnea woamia w’ani agyina mu no kyerɛ sɛ wodɔ Yehowa na w’ani sɔ agyede no.—Heb. 12:​2, 3.

9. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛn a yɛabɔ asu no hwɛ yiye wɔ ho?

9 Yɛn a yɛabɔ asu no, sɛ yɛanhwɛ yiye a ebedu baabi no, anisɔ a yɛwɔ ma agyede no betumi akɔ fam. Ɛbɛyɛ dɛn na atumi aba saa? Wo de, yɛnhwɛ Kristofo a na wɔwɔ Efeso no. Yesu kamfoo wɔn sɛ, ɔhaw a na wɔrehyia nyinaa akyi no, na wɔda so ara de animia resom Yehowa. Nanso ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mewɔ biribi tia wo. Ɛne sɛ, ɔdɔ a na wowɔ kan no, woama atew kɔ.” (Adi. 2:​1-4) Yesu asɛm no ma yehu sɛ, sɛ yɛanhwɛ yiye a, nkakrankakra yɛn som bɛyɛ nipa ani so de. Enti ebia mpae a yɛbɛbɔ bi, adesua a yɛbɛkɔ bi, asɛnka nso a yɛbɛkɔ, nanso ebia na yɛ ara na yɛreyɛ bi kɛkɛ; ɛnyɛ Yehowa ho dɔ na ɛkanyan yɛn. Enti sɛ yehu sɛ ɔdɔ a na yɛwɔ kan no retew akɔ a, dɛn na yɛbɛyɛ?

10. Afotu a Paul de maa Timoteo no, wobɛyɛ dɛn de ayɛ adwuma? (1 Timoteo 4:​13, 15)

10 Ɔsomafo Paul tuu Timoteo fo sɛ ɔsom a ɔde ma Yehowa no ‘ɔmfa n’adwene nyinaa nsi so,’ na nea ɔbɛyɛ ama ne som atu mpɔn nso, ‘onwinnwen ho.’ (Kenkan 1 Timoteo 4:​13, 15.) Enti bɔ mmɔden fa saa afotu no kɔ adwinnwen mu, na hwehwɛ akwan a wubetumi afa so asom Yehowa yiye, sɛnea ɛbɛyɛ a ‘wobɛyɛ hyew honhom mu.’ (Rom. 12:11) Yɛbɛyɛ nhwɛso a, nea yebesua wɔ adesua ase no, wubetumi asua no yiye ansa na woakɔ, sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi de w’adwene adi adesua no akyi. Anaa sɛ woresua ade a, wubetumi apɛ baabi a ɛhɔ yɛ dinn akɔhyɛ na woatumi adwinnwen nea woresua no ho. Woyɛ saa a, ɛbɛma woanya nea woresua no so mfaso kɛse. Sɛ wosɔ gya na wopɛ sɛ ɛkɔ so dɛw a, wobɛkɔ so ara de nnyina ahyehyɛ mu. Nneɛma a Yehowa ayɛ ama yɛn a agyede no ka ho no nso, sɛ wopɛ sɛ wokyerɛ ho anisɔ a, nea yɛaka ho asɛm yi nyinaa ɛsɛ sɛ woyere wo ho yɛ no kɛse. Afei nso, sɛ aka nnawɔtwe kakra ma yɛakae Yesu wu no a, nhyira a Yehowa hwie gu n’Adansefo so no, wubetumi adwinnwen ho. Sɛ woyɛ saa a, ɛbɛboa wo ma woanya anisɔ kɛse ama agyede no, efisɛ ɛno na abue kwan ama woatumi ne Yehowa afa adamfo.

11-12. Sɛ ɛwom ara na ahokeka a wode som Onyankopɔn no kɔ fam a, ɛkyerɛ sɛ wayi ne honhom afi wo so anaa? Kyerɛkyerɛ mu. (Hwɛ mfoni no nso.)

11 Ɛwom ara na wuhu sɛ ahokeka a wo de som Onyankopɔn no, asɛ akɔ fam a, ɛnsɛ sɛ woma w’abam bu na wunya adwene sɛ Onyankopɔn ayi ne honhom afi wo so. Kae sɛ ɔsomafo Paul ka kyerɛɛ Korintofo no sɛ, ne som adwuma no, sɛ ‘ɔde amemenemfe yɛ mpo a, ne nyinaa mu no, wɔde ofiehwɛ adwuma bi ahyɛ ne nsa.’ (1 Kor. 9:17) Dɛn na na ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ?

12 Ɛtɔ da a, ná Paul tumi te nka sɛ asɛnka adwuma no nni ne mu. Nanso sɛ asɛnka adwuma no nni ne mu mpo a, na omia n’ani yɛ. Wo nso wubetumi asuasua Paul. Ɛtɔ da a wunim paa sɛ, ade a ɛsɛ sɛ woyɛ yi yɛ adepa, nanso biribiara mpusuw wo sɛ yɛ. Sɛ ɛba saa mpo a, wo de mia w’ani yɛ. Srɛ Yehowa sɛ ɔmma wo ‘ɔpɛ no ne ahoɔden a wode bɛyɛ n’apɛde.’ (Filip. 2:13) Nneɛma a woyɛ wɔ Yehowa som mu no, ntoto no ase. Nya awerɛhyem sɛ, woyɛ saa a ɔdɔ a na wowɔ ma Yehowa no, nkakrankakra ɛbɛsan aba.

Onuawa bi anim ayɛ bosaa na ɔrepia ne ba ketewa a ɔda ade bi mu wɔ asɛnka mu. Onuawa panyin bi ka wɔn ho, na ɔde ne nsa ato onuawa a n’anim ayɛ bosaa no kɔn mu.

Nneɛma a woyɛ wɔ Yehowa som mu no, sɛ ɛtɔ da na biribiara mpusuw wo sɛ yɛ mpo a, wo de, kɔ so yɛ (Hwɛ nkyekyɛm 11-12)


13. Yɛbɛyɛ dɛn ahu sɛ ‘yɛwɔ gyidi no mu’?

13 Ɔsomafo Paul kaa wɔ 2 Korintofo 13:5 sɛ: “Monkɔ so nsɔ nhwɛ sɛ mowɔ gyidi no mu anaa; monkɔ so nhwehwɛ mo mu nhwɛ sɛnea mote ankasa.” Enti ɛwom ara a, ɛsɛ sɛ yɛtena ase na yɛhwehwɛ yɛn abrabɔ mu hwɛ sɛ nneɛma rekɔ sɛn. Yebetumi abisa yɛn ho sɛ: ‘Sɛnea mebɔ me bra no kyerɛ sɛ mede Onyankopɔn som di kan wɔ m’asetena mu?’ (Mat. 6:33) ‘Sɛ mehwɛ nneɛma a mede gyigye m’ani a, metumi aka paa sɛ mikyi bɔne?’ (Dw. 97:10) ‘Meyɛ obi a mepɛ asomdwoe, na mebɔ mmɔden sɛ mɛma asomdwoe aba asafo no mu?’ (Efe. 4:​2, 3) Nkaedi bere yi yɛ bere papa paa a yebetumi de adwinnwen saa nsɛmmisa yi ho. Yehowa ne ne Ba Yesu akyerɛ sɛ wɔdɔ yɛn. Nea wɔayɛ ama yɛn no, sɛ yedwinnwen ho a, ɛbɛka yɛn ama yɛadɔ wɔn bi. Yɛyɛ saa a, ɛremma yɛrenyɛ nea yɛpɛ, mmom yɛbɛhwɛ sɛ nea yɛbɛyɛ biara bɛsɔ Yehowa ne Kristo ani.c

WƆN A WƆAGYAE YEHOWA SOM

14. Dɛn na etumi ma ebinom gyae Yehowa som?

14 Yɛrekasa yi, yɛn nuanom bi agyae Yehowa som. Wɔn mu bi wɔ hɔ a, wɔde mfe pii na ɛsom Yehowa, ebinom nso de, wɔfii ase som Yehowa no, abosome kakra akyi na wɔgyaee. Dɛn na ɛma ɛba saa? Ebinom wɔ hɔ a, “asetena mu dadwen” na ahyɛ wɔn so. (Luka 21:34) Ebinom nso wɔ hɔ a, wɔn nua Kristoni bi kaa asɛm bi anaa ɔyɛɛ biribi ma ɛkɔɔ wɔn ho paa. (Yak. 3:2) Afoforo nso yɛɛ bɔne kɛse bi a na ɛsɛ sɛ wɔhwehwɛ mmoa, nanso wɔantu anammɔn biara. Ɛnde, sɛ biribi nti woagyae Yehowa som a, dɛn na wubetumi ayɛ? Dɔ a Yehowa dɔ wo a ɛno nti ɔmaa ne ba Yesu bewu maa wo no, dɛn na ɛsɛ sɛ ɛno kanyan wo ma woyɛ?

15. Wɔn a wɔagyae Yehowa som no, dɛn na Yehowa yɛ de kyerɛ sɛ odwen wɔn ho? (Hesekiel 34:​11, 12, 16)

15 Wɔn a wɔagyae Yehowa som no, wohwɛ a Yehowa ayi wɔn towkyene anaa ne bo afuw wɔn? Daabida! Sɛ obi gyae Yehowa som a, Yehowa hwehwɛ onipa no denneennen. Sɛ ohu no a, ɔkyerɛkyerɛ no, na ɔboa no ma ɔsan ba ne nkyɛn. (Kenkan Hesekiel 34:​11, 12, 16.) Wo nso, wohwɛ a Yehowa rehwehwɛ wo ama woasan aba ne nkyɛn anaa? Yiw! Adesua asɛm a worekenkan yi koraa kyerɛ sɛ, wopɛ sɛ wosan ba Yehowa nkyɛn. Yehowa huu biribi pa wɔ wo koma mu, ɛno nti na ɔtwee wo baa nokware no mu. Ɔda so ara hu biribi pa bi wɔ wo koma mu, ɛno nti ɔpɛ sɛ ɔsan twe wo ba ne nkyɛn.

16. Dɛn na ebetumi aboa wɔn a wɔagyae Yehowa som ma wɔasan aba Yehowa nkyɛn? (Hwɛ mfoni no nso.)

16 Sɛ wohwɛ San Bra Yehowa Nkyɛn nhomawa no mu a, asɛm bi wom a ɛhyɛ nkuran paa. Ɛka sɛ: “Nya awerɛhyem sɛ, sɛ wosan ba Yehowa nkyɛn a, ɔbɛgye wo. Ɔbɛboa wo ma woagyina wo dadwene ano, na woayi ɛyaw biara afi wo mu. Afei wobɛnya ahonim pa na ama woanya asomdwoe ne akomatɔyam. Ɛno bɛka wo ma wo ne wo nuanom Kristofo asan asom Yehowa bio.” Kae nso sɛ, mpanyimfo no ayɛ krado sɛ wɔbɛboa wo. Wɔbetumi ayɛ sɛ “mframa ano hintabea, ne ahum ano guankɔbea” ama wo. (Yes. 32:2) Yenim sɛ w’ani sɔ agyede no, enti bisa wo ho sɛ, “Anammɔn bɛn na metumi atutu na ama me ne Yehowa ‘atoto nneɛma yiye?’” (Yes. 1:18; 1 Pet. 2:25) Nneɛma a wubetumi ayɛ no bi ne sɛ, wubetumi akɔ adesua wɔ Ahenni Asa so. Afei nso, wubetumi aka akyerɛ mpanyimfo no baako sɛ wopɛ sɛ wosan ba Yehowa nkyɛn. Ebia ɔbɛyɛ nhyehyɛe ma obi ne wo asan asua ade kakra. Kae sɛ anammɔn biara a wubetu asan aba Yehowa nkyɛn no, ɛkyerɛ sɛ w’ani sɔ agyede no, enti Yehowa nso behyira so.

Papa bi a ne mfe akɔ anim kura Bible. Ogyina Ahenni Asa bi ho rehwɛ sɛnea anuanom rema wɔn ho akwaaba.

Bisa wo ho sɛ, “Anammɔn bɛn na metumi atutu na ama me ne Yehowa ‘atoto nneɛma yiye?’” (Hwɛ nkyekyɛm 16)


DƐN NA WOBƐYƐ?

17-18. Sɛ aka kakra ma yɛakae Yesu wu no afe yi a, yɛbɛyɛ dɛn de yɛn bere adi dwuma yiye?

17 Yesu kaa sɛ Yehowa somaa no sɛ ɔmfa ne nkwa mmɛbɔ afɔre, “na obiara a ogye no di no ansɛe, na mmom wanya daa nkwa.” (Yoh. 3:16) Bɔne ne owu ama nnipa adi amia, nanso Yehowa nam agyede no so betumi ama yɛanya yɛn ho atetew. Nea agyede no ayɛ ama yɛn no, ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn werɛ fi da. (Rom. 3:​23, 24; 2 Kor. 6:1) Sɛ aka nna kakra ma yɛakae Yesu wu no a, gye bere dwinnwen ɔdɔ a Yehowa ne Yesu ayi no adi akyerɛ yɛn no ho. Woyɛ saa a, ebepusuw wo ama woayɛ biribi de akyerɛ sɛ w’ani sɔ.

18 Ɛnde, dɛn na wobɛyɛ de akyerɛ sɛ w’ani sɔ agyede no? Nea wobɛyɛ no, ebia ɛnyɛ ɛno na asomasi nso bɛyɛ. Nanso kae sɛ, Yehowa asomfo a wɔwɔ wiase nyinaa rebɔ mmɔden sɛ ‘wɔrentena ase mma wɔn ho bio, na mmom wɔbɛtena ase ama nea owu maa wɔn no.’ Enti wo nso, sɛ wobɔ mmɔden yɛ saa a, wubetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa behyira wo.—2 Kor. 5:15.

WUBEBUA SƐN?

  • Sɛ woyɛ Bible suani a, dɛn na wubetumi ayɛ de akyerɛ sɛ w’ani sɔ agyede no?

  • Sɛ woabɔ asu a, dɛn na wubetumi ayɛ de akyerɛ sɛ w’ani sɔ agyede no?

  • Sɛ woagyae Yehowa som a, dɛn na wubetumi ayɛ de akyerɛ sɛ w’ani sɔ agyede?

DWOM 14 Ayeyi Nka Asase So Hene Foforo No

a Nea ɛbɛboa wo ma wode Bible a woresua no ayɛ adwuma no, ɔfã a yɛato din “Fa Wei Si W’ani So” a ɛwɔ Wubetumi Anya Anigye Daa! nhoma no mu no, yɛ dwumadi a ɛwɔ hɔ no.

b Sɛ wopɛ sɛ wuhu botae a wubetumi de asisi w’ani so wɔ Yehowa som mu a, hwɛ adesua asɛm a yɛato din “Mmabun—‘Monkɔ So Nyɛ Mo Ankasa Nkwagye Ho Adwuma’” no. Ɛwɔ December 2017 Ɔwɛn-Aban no mu.

c Sɛ wopɛ sɛ wuhu ɔkwan a wobɛfa so akyerɛ nea Yehowa ayɛ ama wo no ho anisɔ a, hwɛ adesua asɛm a yɛato din “Dɛn na Ɛkanyan Wo ma Wosom Onyankopɔn?” Ɛwɔ June 15, 1995, Ɔwɛn-Aban no mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena