Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w90 11/15 kr. 27-28
  • Wɔ Nkonimdi Aprententu Mu’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔ Nkonimdi Aprententu Mu’
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Onyankopɔn Nimdeɛ Hua No A Wɔma Etu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
w90 11/15 kr. 27-28

Wɔ Nkonimdi Aprententu Mu’

NA NKONIMDI aprententu yɛ ɔtamfo bi so nkonimdi ho afahyɛ titiriw bi. Anuonyam a ɛsen biara no mu biako a Roma Ɔman Baguafo de hyɛ ɔsahene a odi nkonim no ne sɛ wɔbɛma no kwan ma ɔde aprententu a ɛho ka so ahyɛ ne nkonimdi no ho fã. Ɔsomafo Paulo bɔɔ nkonimdi aprententu no din mprenu wɔ ne nhoma ahorow no mu. Nanso, ansa na yebesusuw ne nsɛm no ho no, momma yɛmmɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ aprententu a ɛte sɛɛ no ho mfonini wɔ yɛn adwene mu. Yɛ nnipadɔm a wogyinagyina akwan ho bere a wɔnantew brɛoo fa Via Triumphalis no so foro kɔfa ɔkwan a akɔntɔn no so kɔ Jupiter asɔrefi no mu wɔ Roma Capitoline Bepɔw so no ho mfonini wɔ w’adwene mu.

Ɔbenfo James M. Freedman kyerɛwee sɛ “atomde a wɔhyew no hua huamhuam no trɛw kɔfa asɔrefi no mu ne akwan no ho, na ne hua gye mframa no mu. Na ɔman baguafo ne ɔman no mpanyimfo a wɔnam wɔ a wɔwɔ hɔ no so hyɛ nkonimdifo no anuonyam no ka aprententufo no ho. Na wɔsoa ɔko mu asade a ɛwɔ bo, te sɛ sika, dwetɛ, akode ahorow biara, ne adwinne ahorow a ɛho yɛ nna na ne bo yɛ den, ne biribiara a nkonimdifo no anaa nkogudifo no bu no sɛ ɛsom bo yiye no wɔ petee mu ma kurow a nnipa ayɛ mu ma no hu. Wɔhyɛ ɔko no mu nneduafo nso ma wɔto santen wɔ aprententu no mu. Ɔsahene no a wɔde nkonimdi no hyɛ no anuonyam tra teaseɛnam soronko bi a apɔnkɔ anan twe mu. Na wɔde sika kɔkɔ adi n’atade mu adwinne, de nhwiren ahyehyɛ n’atade ngugu so mu. Okura terensu bi dubaa bi wɔ ne nsa nifa mu, ne ahempoma bi wɔ ne nsa benkum mu; bere a Delphic nhwiren da n’ani akyi. Bere a asraafo no teɛteɛm na ɔmanfo no bɔ wɔn nsam no, wɔsoa nkonimdifo no fa abɔnten so de no kɔ Jupiter asɔrefi hɔ, faako a wɔbɔ afɔre ahorow, na wɔtow pon ma ɔmanfo wɔ asɔrefi hɔ wɔ ɛno akyi.”

Paulo de nkonimdi aprententu no dii dwuma wɔ mfatoho kwan so bere a ɔkyerɛw ne nhoma a ɛto so abien no kɔmaa Korinto Kristofo no wɔ afe 55 mu wɔ yɛn Bere Yi mu no. Ose: “Aseda nka Onyankopɔn a mmere nyinaa ɔma Kristo di yɛn anim wɔ nkonimdi aprententu mu na ɔnam yɛn so ma wɔte ne ho nimdeɛ ho hua baabiara! Na yɛyɛ Kristo ho hua huamhuam wɔ wɔn a wɔregye wɔn nkwa ne wɔn a wɔreyera no mu ma Onyankopɔn; wɔn a wodi akyiri yi de, yɛyɛ hua a efi wu mu kɔ wu ma wɔn, na wɔn a wodi kan no de, yɛyɛ hua a efi nkwa mu kɔ nkwa mu ma wɔn.”​—2 Korintofo 2:14-16, New World Translation.

Ɛha no na wɔda Paulo ne Kristofo afoforo a wɔasra wɔn no ‘ne Kristo’ adi sɛ Onyankopɔn nkoa a wɔwɔ ahofama. Wɔayɛ wɔn ho mfonini sɛ mmabarima, asafohene ne asraafo a wodi Yehowa a odi wɔn anim wɔ nkonimdi aprententu mu wɔ ɔkwan a ɛso yi hua so no akyi. (Hwɛ July 15, 1990 Ɔwɛn-Aban, nkratafa 10-15.) Saa aprententu a wɔde di dwuma wɔ mfatoho kwan so sɛɛ yi nso kyerɛ sɛ wɔn a wɔpow Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no anidaso yɛ owu nkutoo. Nanso hwɛ sɛnea ɛsono Yesu akyidifo a wɔasra wɔn no de! Wɔwɔ nkwagye anidaso a ɛbɛma wɔne Kristo anya ɔsoro asetra a owu nnim. Na wɔn ahokafo anokwafo a wɔn nso wɔahyira wɔn ho so ama Onyankopɔn no nso ɛ? Wɔwɔ nkwa wɔ paradise asase so ho anidaso a ɛyɛ anigye, faako a Onyankopɔn ‘bɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi ni hɔ bio.’ (Adiyisɛm 21:1-4; Luka 23:43) So woka nnipadɔm yi ho?

Wɔka ade foforo ho asɛm wɔ Kolosefo 2:15, NW, faako a Paulo kyerɛwee sɛ: “Na ɔworɔw mpanyinni ne tumidi yii wɔn kyerɛe fann dii wɔn so nim wɔ mu, na ɔnam ɛno so dii wɔn anim wɔ nkonimdi aprententu mu.” Ɛha no wɔyɛ atamfo nniso ne atumfoɔ a wɔhyɛ Satan Ɔbonsam ase no ho mfonini sɛ nnommum ne nneduafo a wɔwɔ nkonimdi aprententu mu. Yehowa a ɔne Nkonimdifo no worɔw wɔn ho kwaterekwa na ɔde wɔn kyerɛ baguam sɛ wɔn a wadi wɔn so nkonim. “Ɔnam ɛno,” ɛkyerɛ Yesu “asɛndua” no, “so” adi wɔn so nkonim. Ne wu wɔ asɛndua no so na ɛde nea wogyinaa so yii “nsaano-nkyerɛwee” (Mmara apam no) fii hɔ, na ɛma etumi yɛɛ yiye maa Kristofo sɛ wobegye wɔn afi nkoa a Satan esum tumi de wɔn ayɛ no mu. (Kolosefo 2:13, 14) Hwɛ sɛnea ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ Kristofo ahofadi a ɛte sɛɛ ho anisɔ!

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena