Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w89 2/15 kr. 16-17
  • Bere a Wohuu Ɔba a Ɔyerae no

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bere a Wohuu Ɔba a Ɔyerae no
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔba a Ɔyerae no San Bae
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Agya a Wayɛ Krado sɛ Ɔde Bɔne Befiri
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Suasua Yehowa Mmɔborohunu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • “Yehowa, Onyankopɔn Mmɔborohunufo Ne Ɔdomfoɔ”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
w89 2/15 kr. 16-17

Yesu Asetra Ne Ne Som Adwuma

Bere a Wohuu Ɔba a Ɔyerae no

BERE a ɔba a ɔyerae anaa ɔba hohwini a ɔwɔ Yesu bɛ no mu no san ba n’agya fi no, wogye no dɛn? Tie bere a Yesu ka kyerɛ no:

“Na ɔda so wɔ akyirikyiri no, n’agya huu no, na ne yam hyehyee no, na otutuu mmirika kosoo ne kɔn mu, na ofew n’ano.” Agya mmɔborohunufo, ɔyamyefo a ogyina hɔ ma yɛn soro Agya Yehowa bɛn ara ni!

Ɛda adi sɛ na agya no ate ne ba no ahohwibra no ho asɛm. Nanso ogyee no baa fie a wantwɛn ma wankyerɛkyerɛ mu pii biara. Na Yesu nso wɔ ogye honhom, na odii kan kɔɔ abɔnefo ne towgyefo a ɔba hohwini no gyina hɔ ma wɔn wɔ ɛbɛ no mu no nkyɛn.

Ampa, akyinnye biara nni ho sɛ Yesu bɛ no mu agya a ɔwɔ nhumu no wɔ ne ba no adwensakra ho adwene bi denam n’anim mmɔbɔmmɔbɔ bere a ɔsan ba no a ohu no so. Nanso ade a efi ɔdɔ mu a agya no di kan yɛ no ma ɛyɛ mmerɛw ma ɔba no sɛ ɔbɛka ne bɔne, sɛnea Yesu ka kyerɛ no: “Na ɔba no ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Agya, mayɛ ɔsoro ne w’anim bɔne, na mensɛ sɛ wofrɛ me wo ba bio. Fa me yɛ w’apaafo no mu biako.’”

Nanso, nsɛm mfii ɔba no ano mpo agya no yɛ biribi na ɔhyɛ ne nkoa sɛ: “‘Ntɛm! Momfa ntade a eye no mmra mmɛhyɛ no, na momfa pɛtea nhyɛ ne nsa ne mpaboa nhyɛ ne nan. Na momfa nantwi ba a wadɔ srade no mmra mmekum no, na yenni, na yɛn ani nnye, efisɛ me ba yi wui, na wanyan bio; ɔyerae na wɔahu no.’ Na wofii ase gyee wɔn ani.”

Bere no mu no, na agya no “ba panyin no wɔ afum.” Hwɛ sɛ wubetumi ahu wɔn a ogyina hɔ ma wɔn no denam asɛm no nkae a wubetie no so. Yesu ka fa ɔba panyin no ho sɛ: “Na ɔrebɛn fie no, ɔtee asanku ne asaw. Enti ɔfrɛɛ asomfo no mu biako bisaa no nea eyinom kyerɛ. Osee no sɛ, ‘Wo nua aba, na w’agya akum nantwi ba a wadɔ srade no, efisɛ ne nsa aka no akwahosan mu.’ Nanso ne bo fuwii na wampɛ sɛ ɔkɔ mu.

“Ɛnna n’agya fii adi bɛsrɛɛ no. Na obua see n’agya no sɛ, ‘Hwɛ mfirihyia dodow yi a mede asom wo, nso memfom wo mmara da, nanso wommaa me apapowa bi sɛ me ne me nnamfo mfa nkogye yɛn ani da. Nanso wo ba yi a ɔne nguaman adi w’ahode no bae ara pɛ de, woakum nantwi ba a wadɔ’ srade no ama no.’”

Henanom na, te sɛ ɔba panyin no, wɔakasa atia mmɔborohunu a woyi adi kyerɛ abɔnefo ne adwene a wɔde si wɔn so no? So ɛnyɛ akyerɛwfo ne Farisifo no? Esiane sɛ kasa a wɔkasa tia Yesu esiane sɛ ogye abɔnefo nti na ɛma obuu saa bɛ yi no nti, ɛda adi pefee sɛ na ɔba panyin no gyina hɔ ma wɔn.

Yesu de agya no adesrɛ a ɔde too ne ba panyin no anim no wie n’asɛm no: “Ɔba, wowɔ me nkyɛn daa, na nea mewɔ nyinaa yɛ wo dea; nanso ɛsɛ sɛ yɛn ani gye na yedi ahurusi, efisɛ wo nua yi wui, na wanyan, ɔyerae, na wɔahu no.”

Enti Yesu gyaw nea ɔba panyin no yɛ no wom a wɔanhu ano. Nokwarem, akyiri yi wɔ Yesu wu akyi no, “asɔfo no mu pii nso yɛɛ wɔn aso mmerɛw maa gyidi no” a ebetumi aba sɛ na saa “ɔba panyin” kuw yi mufo a Yesu ne wɔn rekasa no bi ka ho. Nanso henanom na mma baanu no gyina hɔ ma wɔn nnɛ mmere yi mu? Ɛbɛyɛ wɔn a wɔabehu Yehowa atirimpɔw ahorow no sɛnea ɛsɛ a wɔwɔ nea wobegyina so ne no anya abusuabɔ no. Ɔba panyin no gyina hɔ ma “kuw ketewa” anaa “mmakan a wɔakyerɛw wɔn din wɔ ɔsoro no bagua” no mufo binom. Eyinom faa suban bi a ɛte sɛ ɔba panyin no de no. Na wonni ɔpɛ biara sɛ wobegye asase so kuw, “nguankuw foforo” no a na wɔte nka sɛ woregye wɔn anuonyam no.

Ɔkwan foforo so no, na ɔba hohwini no gyina hɔ ma Onyankopɔn nkurɔfo a wofi kɔhwehwɛ anigyede ahorow a wiase no de ma no. Nanso, bere bi akyi no, eyinom san de adwensakra ba na wɔsan bɛyɛ Onyankopɔn nkoa a wɔyɛ hyew. Ampa ara, ɔdɔ ne mmɔborohunu bɛn ara na Agya no wɔ wɔ wɔn a wohu hia a ɛho hia sɛ wonya fafiri na wɔsan ba ne nkyɛn no ho sɛɛ yi! Luka 15:20-32, NW; Asomafo no Nnwuma 6:7; Luka 12:32; Hebrifo 12:23; Yohane 10:16.

◆ Ɔkwan bɛn so na Yesu suasua agya mmɔborohunufo a ɔwɔ ne bɛ no mu no nhwɛso no?

◆ Ɔba foforo no adwene ne dɛn wɔ gye a wogyee ne nua no no ho, na ɔkwan bɛn so na Farisifo no yɛ ade te sɛ ɔba panyin no?

◆ Yesu bɛ no fa yɛn bere yi ho dɛn?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena