Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w88 10/1 kr. 4-7
  • Yiyedi​—A Nea Wobɛhwere Biara Mfa Ho?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yiyedi​—A Nea Wobɛhwere Biara Mfa Ho?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔyeraa Kwan​—Ɔkwan Bɛn So
  • “Yiyedi” ho Yaw
  • Yiyedi Foforo bi a Eye Kɛse
  • Kɔ So Hwehwɛ Honhom Fam Yiyedi
  • Ma Ensi Wo Yiye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Nea Ɛbɛma Asi Wo Yiye
    Nyan!—2014
  • So Ɛsɛ sɛ Kristofo Yɛ Ahiafo?
    Nyan!—2003
  • Yehowa Nhyira Na Ɛyɛ Ɔdefo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
w88 10/1 kr. 4-7

Yiyedi​—A Nea Wobɛhwere Biara Mfa Ho?

SI A obi si ne bo sɛ obedi yiye no kyerɛ sɛ ɔwɔ botae pɔtee bi. Dɛn ne wo botae wɔ asetra mu? Dɛn na woasie sie wo ho sɛ wobɛyɛ na ama woadu wo botae no ho? Nokwarem no, dɛn titiriw na ɛsɛ sɛ wohwehwɛ na ama woanya akomatɔyam ne anigye ankasa?

Wɔ Aman a Ɛto so Abiɛsa no mu pii mu no, asetra gyinapɛn no nye koraa. Esiane ɔhaw ahorow a wohyia wɔ hɔ nti, afotu a ɛfata a efi Onyankopɔn Asɛm mu no ho a yebesusuw no bɛboa yɛn ma yɛahwehwɛ yɛn ankasa botae horow ne yiyedi mu yiye a faako a yɛte no mfa ho.

Esiane sɛ ohia abu so nti, nnipa pii ahwehwɛ sika fam yiyedi na wɔapow biribi foforo biara. Ebinom sisi afoforo sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya eyi. Nanso bere a wɔabɛyɛ Kristofo no, ɛsɛ sɛ anka wogyae saa su yi koraa sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nneyɛe ne Bible trenee gyinapɛn ahorow no behyia.

Nanso, Kristofo binom mpo san de wiase no nneɛma yɛ wɔn botae. Ebia wobebu ɔbra a ɛne Kristosom nhyia na ama wɔatumi adi yiye. Awofo bu wɔn ani gu wɔn mmusua so. Ankorankoro bu wɔn ani gu ɔsom a wɔde ma Onyankopɔn no so. Wɔ asetra mu akomatɔyam ne anigye fam no, wususuw sɛ dɛn na ebefi mu aba?

Bere a Bible no rema yɛahu nea ebefi mu aba no, ɛde kɔkɔbɔ ma sɛ: “Na wɔn a wɔpɛ wɔn ho anya no hwe sɔhwɛ ne afiri ne nkwasea akɔnnɔ . . . mu. Na bɔne nyinaa ntini ne sikapɛ a ebinom dii akyiri yeraa gyidi kwan na wɔde yaw pii wowɔɔ wɔn ho.”​—1 Timoteo 6:9, 10.

“Bɔne nyinaa.” “Wɔde yaw pii wowɔɔ wɔn ho.” Ɛda adi sɛ ɛno nyɛ akomatɔyam ne anigye ho nkyerɛkyerɛmu, anaa ɛte saa? Nanso, nnipa ɔpepem pii a wɔtraa ase wɔ mfehaha pii a atwam no mu no ne nnɛ mpo osuahu ahorow kyerɛ sɛnea saa Bible asɛm no yɛ nokware. Ɛnde, dɛn na eyi kamfo kyerɛ wɔ Kristoni botae horow ne n’asetra kwan ho?

Wɔyeraa Kwan​—Ɔkwan Bɛn So

Akwan horow bɛn so na wobetumi ama Kristofo ayera gyidi kwan no? Ebinom ayɛ ade akɔ akyiri araa ma wɔapow abrabɔ pa ne gyidi ahorow a eye no koraa. Wɔ nsɛm afoforo mu no, ankorankoro atwe wɔn ho afi onyamesom pa ahofama ho na wɔde ahofama a ɛte saa no di dwuma mpo sɛ ɔkwan a wɔnam so nya afoforo so nkɛntɛnso. Enti Bible no ka “wɔn a wosusuw sɛ onyamesom pa [ahofama] yɛ adepɛde” no ho asɛm. (1 Timoteo 6:5) Bere a ɛnyɛ nea wɔapow Kristosom koraa no, ebia wohu sɛ wɔrebu Bible nnyinasosɛm ahorow a ɛyɛ Kristoni gyidi mu nneɛma atitiriw no so.

Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔnnyɛ wɔn ho te sɛ wiasefo a wodi afoforo so bakoma no. Ɔkae sɛ: “Na ɛnte saa mo mu, na mmom obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ mo mu kɛse no, ɔnyɛ mo somfo.” Bere a Yesu rekasa atia Yudafo nyamesom akannifo no, ɔkaa asɛm no kɔɔ akyiri. Ɔkyerɛe sɛ ɔdɔ kɛse a obi wɔ ma wiase anuonyam no ma ɔhwere Onyankopɔn anim dom. (Mateo 20:26; 23:6-9, 33) Enti, ɛsɛ sɛ Kristofo hwehwɛ sɛ wɔbɛsom wɔn ho wɔn ho mmom sen sɛ wobegye din asen afoforo anaasɛ wobedi wɔn so tumi. Ebetumi ayɛ mmerɛw sɛ obi a ɔdɔ sika a ɔhwehwɛ sɛ obedi yiye a nea ɔbɛhwere biara mfa ho no bɛfom kwan yi.

Wuhu wo ho dɛn wɔ eyi mu? So wuhu sɛ wuhu yiye a wudi no denam sɛnea wudi afoforo so tumi no so? So wukyinkyim Kristofo nnyinasosɛm ne nkyerɛkyerɛ ahorow sɛnea ɛbɛyɛ a wubedi afoforo so tumi anaasɛ wubenya tumi? So wote nka sɛ ɛsɛ sɛ wutumi yɛ pii sen w’atipɛnfo a nea ebefi mu aba biara mfa ho? So w’ani gye ho kɛse sɛ wobɛka w’ahonyade anaasɛ nea woatumi ayɛ ho asɛm? Sɛ ɛte saa de a, ɛnde ɛho hia sɛ woyɛ nhwehwɛmu hwɛ sɛ ebia wɔrema woafom gyidi kwan no anaa.

“Yiyedi” ho Yaw

Yesu nso kae sɛ: “Monnhyehyɛ ademude asase so . . . Na nea w’ademude wɔ no, ɛhɔ na wo koma nso wɔ. Morentumi nsom Onyankopɔn ne mamon.” (Mateo 6:19-24) So awofo a wɔtwe wɔn mma adwene si honam fam botae ne wiase nnwuma horow so titiriw no retie afotu yi? So wiase yiyedi a wosi so dua no fata nea wɔhwere no, sɛ mmofra no pow nokware no na wɔpaw asetra a ɛne Kristosom bɔ abira a? So ɛfata sɛ wode wɔn honhom fam asetra bɔ afɔre anaasɛ anyɛ yiye koraa no, wode bɛto asiane mu esiane ‘asase so ademude’ nti? Awofo a wɔyɛ eyi no taa hu mpo sɛ ‘wɔde yaw awowɔ wɔn ho nyinaa’ esiane wɔn mma ho a wodwen ne nu a wonu wɔn ho esiane sɛ wɔahwere wɔn wɔ honhom mu​—anaa ɛtɔ bere bi a wɔ honam fam nti.

Sika ho dɔ yɛ owura nhyɛsofo. Egye nkurɔfo bere, wɔn ahoɔden, ne tumi horow; esiw onyamesom pa ahofama kwan. Ɛtaa daadaa nkurɔfo ma wɔhwehwɛ ahonyade kɛse ne wiase anuonyam mpo ma enti wɔkɔ so twe wɔn ho fi gyidi no ho. Bible no ka ma ɛteɛ sɛ: “Nea ɔpɛ sika no, sika mmee no, na nea ɔpɛ adedodow no nnya mu mfaso.”​—Ɔsɛnkafo 5:10.

Bere a Afrikani adwumawura bi bɛyɛɛ Kristoni akyi mpo no, ɔkɔɔ so de sika fam yiyedi ho dɔ dii kan wɔ n’asetra mu. Obuu n’ani guu Kristofo dwumadi ahorow so na ɔde ne mfɛfo adwumawuranom a wɔyɛ wiasefo nsrahwɛ sii ɛno ananmu. Wɔannya honhom mu nkɔso biara wɔ mmɔden a n’asafo mu mpanyimfo bɔe sɛ wɔbɛboa no no nyinaa akyi. Enti ohui sɛ n’adwenem ayɛ no naa wɔ honhom fam nneɛma ho​—a na ɔnyɛ Kristoni nanso ɔpɛ sɛ wogye no tom sɛ ɔte saa. Yɛn nyinaa betumi ahu sɛ na ne tebea no nyɛ nea ɛma onya akomatɔyam kɛse wɔ asetra mu anaasɛ anigye a enni awiei.

Nnipa a wɔte saa no betumi ate yaw nka wɔ honhom mu. Adwuma ne asetra mu nkitaho a obi ne nnipa a wonsusuw nokwaredi anaasɛ ɔbarima ne ɔbea nna mu abrabɔ pa ho kɛse no ma ohyia nkɛntɛnso bɔne. Enti ɛsɛ sɛ Kristofo a wohyia nkɛntɛnso ahorow yi ko tia eyinom na wɔn ahonim taa haw wɔn. Awiei koraa no, ebinom dan yɛ te sɛ wɔn nnamfo no na wofom kwan koraa fi gyidi no ho. (1 Korintofo 15:33) Mfaso bɛn na ɛwɔ sika fam yiyedi a ɛma obi di nkogu wɔ honhom mu ne abrabɔ fam no so? Sɛnea Yesu kae no: “Na sɛ onipa nya wiase nyinaa na ɔhwere ne kra a, mfaso bɛn na obenya?”​—Mateo 16:26.

Yiyedi Foforo bi a Eye Kɛse

Osuahu asi so dua sɛ nyansa wom sɛ wobetie Bible afotu yi: “Na monnyɛ mo ho sɛ wiase yi, na mmom . . . moasɔ nea Onyankopɔn pɛ a eye, na ɛsɔ ani, na ɛyɛ pɛ no ahwɛ.” “Monnnɔ wiase anaa nneɛma a ɛwɔ wiase. Sɛ obi dɔ wiase a, agya no dɔ no nni ne mu.” Yiw, sɛ yɛansuasua wiase no anaasɛ yɛn kɔn annɔ nea ɛde ma no a, yɛyɛ anyansafo. Nea ɛsɛ sɛ ɛyɛ yɛn botae titiriw ne sɛ yebenya Onyankopɔn anim dom, ade a nneɛma a ɛwɔ wiase no akyi a yebedi no rentumi mma yennya.​—Romafo 12:2; 1 Yohane 2:15, 16.

Yesu de okuafo bi a ɔde ne ho too n’ahonyade so nanso Onyankopɔn kaa asɛm a edi so yi wɔ ne ho no yɛɛ eyi ho mfatoho: “Ɔkwasea, anadwo yi wobegye wo kra afi wo nsam; na nneɛma a woasiesie no bɛyɛ hena dea?” Yesu retwa mfatoho no tiawa no, ɔkae sɛ: “Saa ara na nea ɔhyehyɛ ademude ma ne ho na ɔnyɛ ɔdefo Onyankopɔn fam no te.”​—Luka 12:15-21.

Yesu de sodifo ɔdefo kumaa bi nhwɛso dii dwuma de kyerɛɛ ade koro no ara. Wiase no fam no, na saa ɔbarima yi di yiye na na ɛda adi sɛ ɔpɛ sɛ ɔyɛ obi a obu ɔbra pa. Nanso Yesu anka ne ho asɛm sɛ ɔyɛ yiyedi ho nhwɛso. Mmom no, Yesu kae sɛ ɛbɛyɛ den ama nnipa a wɔte saa no sɛ ‘wɔbɛkɔ Onyankopɔn ahenni mu!’ Nnipa pii a wɔwɔ saa tebea no mu no nsiesiee wɔn ho sɛ wɔde honam fam nneɛma bɛbɔ afɔre na wɔahwehwɛ Onyankopɔn Ahenni no sɛ ade titiriw wɔ wɔn asetra mu.​—Luka 18:18-30.

Yesu resan asi sɛnea honhom fam nneɛma ho hia so dua no, ɔkae sɛ: “Enti munnnwinnwen sɛ: Dɛn na yebedi anaasɛ dɛn na yɛbɛnom anaasɛ dɛn na yebefura? Na eyinom nyinaa akyi na wiase amanaman no di. Na mo soro Agya nim sɛ eyi nyinaa hia mo. Na monhwehwɛ Onyankpɔn ahenni ne ne trenee kan; na wɔde eyinom nyinaa bɛka mo ho.” Enti ɛdefa nneɛma a ɛho hia ho mpo no, ɛsɛ sɛ yehu nneɛma a yehia titiriw. Sɛ yebetumi adi yiye ampa​—yebenya anigye ne akomatɔyam ankasa​—a, ɛsɛ sɛ yɛde honhom fam de no di honam fam de no anim kan.​—Mateo 6:31-33.

Kɔ So Hwehwɛ Honhom Fam Yiyedi

Enti ɛda adi sɛ nea nyansa wom ne sɛ wobɛhwehwɛ Onyankopɔn Ahenni ne ne trenee akyi kwan. Eyi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wusua Bible no sɛnea ɛbɛyɛ na ‘woasɔ nea Onyankopɔn pɛ a eye, na ɛsɔ ani, na ɛyɛ pɛ no ahwɛ.’ N’apɛde hwehwɛ sɛ wode ne som di kan wɔ w’asetra mu, sɛ wubenya Kristofo som adwuma no mu kyɛfa akodu ase, sɛ woremmu w’ani nngu Kristofo nhyiam horow so, ne sɛ wubebu ɔbra pa ma ɛne Onyankopɔn trenee ahyia. Ɛnsɛ sɛ wupia eyinom to nkyɛn, anaasɛ woma honam fam nneɛma yɛ ade titiriw sen no. Na eyi ne nea Yesu kyerɛ bere a ɔde afotu yi maa sodifo ɔdefo kumaa no: “Kɔtɔn nea wowɔ nyinaa, na kyɛ ma ahiafo, na wubenya ademude ɔsoro; na bra bedi m’akyi!”​—Romafo 12:2; Luka 18:22.

Bere a woreyɛ eyi no na worehyehyɛ w’ankasa ne w’abusua honhom mu yiyedi. Sɛ anka wubedi akokurokosɛm anaasɛ wode w’ani bɛto ahonyade a enni hɔ daa so no, wobɛka wɔn a ‘wɔanya wɔn ho nnwuma pa fam; . . . na wɔahyehyɛ ase pa ato hɔ ama wɔn ho asie daakye, na wɔaso nokware nkwa no mu’ no ho. Yiw, wo botae betumi ayɛ daa nkwa wɔ Paradise asase a wɔasan anya so efisɛ “wiase ne n’akɔnnɔ retwam, na nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa.” Yiyedi kɛse biara nni hɔ a wobetumi anya asen eyi.​—1 Timoteo 6:17-19; 1 Yohane 2:17.

[Mfonini wɔ kratafa 5]

So sika ne ano aduru?

[Mfonini wɔ kratafa 7]

So awofo bɛma wɔn mma akɔ na wɔakɔhwehwɛ yiyedi denam nhomasua a ɛkɔ anim so?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena