Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w86 5/1 kr. 11-16
  • Asafo Mu Asomfo​—Nhyira ma Yehowa Nkurɔfo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asafo Mu Asomfo​—Nhyira ma Yehowa Nkurɔfo
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Wɔnsɔ Eyinom Nhwɛ Kan”
  • Bere Nyinaa Ɔsom Adwuma No Boa Wɔn
  • Asafo Mu Asomfo Nnwuma Ahorow
  • Ɔkwan Bɛn So Na Wɔredu Ho?
  • Adwuma a Asafo Mu Asomfo Yɛ No Som Bo Paa
    Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde
  • Asafo Mu Asomfo Munkura Gyinabea Pa Mu!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Adwuma Bɛn na Asafo mu Asomfo Yɛ?
    Henanom Na Wɔreyɛ Yehowa Apɛde Nnɛ?
  • Biakoyɛ a Wɔbɛma Atra Asafo mu Mpanyimfo ne Asomfo Ntam
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
w86 5/1 kr. 11-16

Asafo Mu Asomfo​—Nhyira ma Yehowa Nkurɔfo

“Na wɔnsɔ eyinom nhwɛ kan, na sɛ asɛm bi nni wɔn ho ansa a, wɔama wɔasom.”​—1 Timoteo 3:10.

1. Henanom na wɔboa ma anigye ne biakoyɛ tra asafo no mu?

YEHOWA yɛ “anigye Nyankopɔn,” na ɔpɛ sɛ n’asomfo ani gye. (1 Timoteo 1:11, NW) Esiane eyi nti ɔde mpanyimfo ne asafo mu asomfo ama sɛnea ɛbɛyɛ a ne nkurɔfo benya nhyira. Saa mmarima a asɛyɛde hyɛ wɔn nsa yi yɛ nnwuma a mfaso wɔ so, na wɔboa ma anigye ne biakoyɛ tra Kristofo asafo no mu na atumi akɔ so yiye. Hwɛ aseda ara a Yehowa Adansefo de ma wɔ ɔdɔ nnwuma a mfaso wɔ so a wɔn a wɔapaw wɔn wɔ Onyankopɔn teokrase ahyehyɛde mu yi yɛ no ho!

2. Su bɛn na ɛsɛ sɛ mpanyimfo ne asafo mu asomfo nya, na dɛn na ɛnsɛ sɛ wɔma wɔn werɛ fi?

2 Nanso, wɔ mmoa a ɛho hia a mpanyimfo ne asafo mu asomfo de ma asafo no nyinaa akyi no, ɛnsɛ sɛ wɔde wɔn ho a ehia no hoahoa wɔn ho. Ɛsɛ sɛ wɔkae sɛ Yesu Kristo tuu n’akyidifo fo sɛ wɔmmrɛ wɔn ho ase. Ɔka kyerɛɛ wɔn bere bi sɛ: “Obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase sɛ abofraa yi no, ɔno ara ne ɔkɛse koraa ɔsoro ahenni no mu.” (Mateo 18:4) Osuani Yakobo kyerɛwee sɛ: “Mommrɛ mo ho ase [Yehowa] anim, na ɔbɛma mo so.” (Yakobo 4:10; Romafo 12:3) Nanso ahobrɛase su a mmarima yi benya no nkyerɛ sɛ wobebu hia a wɔn adwuma sɛ mpanyimfo ne asafo mu asomfo ho hia no animtiaa. Wobetumi abrɛ wɔn ho ase na wɔakɔ so ara adi kan wɔ ɔsom adwuma no mu. Ɛnsɛ sɛ wɔma wɔn werɛ fi mfaso horow a wɔn adwuma no de ba no, na mmom ɛsɛ sɛ wɔkae asɛyɛde a wɔwɔ wɔ Yehowa ne wɔn nuanom Kristofo nyinaa anim sɛ wɔbɛyɛ wɔn nnwuma yiye sɛnea wobetumi bere nyinaa no.

3. Wobetumi de adwuma a wɔde biakoyɛ yɛ wɔ Yehowa Adansefo mu no atoto dɛn ho, na ɔkwan bɛn so na mmarima a wɔahyira wɔn ho so betumi ama biakoyɛ a ɛte sɛɛ ne Ahenni nneɛma anya nkɔso?

3 Wobetumi de biakoyɛ a wɔde yɛ adwuma wɔ Yehowa Adansefo mu nnɛ no atoto biakoyɛ a ɛwɔ nipadua mu no ho. Nokwarem no, ɔsomafo Paulo de Kristo honhom nipadua no toto nipadua a ɛwɔ akwaa ahorow pii no ho. Nanso sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nyinaa benya mu mfaso no, akwaa ahorow no nyinaa yɛ adwuma bom. (1 Korintofo 12:12-31) Ampa, mpanyimfo ne asafo mu asomfo a wɔapaw wɔn no yɛ nhyira ma Yehowa nkurɔfo efisɛ wɔma biakoyɛ mu a Kristofo asafo no fi yɛ adwuma nnɛ no nya nkɔso. (Fa toto Kolosefo 2:18, 19 ho.) Mmarima a wɔwɔ asafo no mu a wɔahyira wɔn ho so a wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛboa Yehowa ahyehyɛde kwan so nhyehyɛe no denam ‘ɔhwɛfodwuma a wɔhwehwɛ’ so no reboa titiriw wɔ biakoyɛ a wɔbɛma atra Kristofo mu ne Ahenni no nneɛma a wɔbɛma anya nkɔso no mu. (1 Timoteo 3:1, NW) Nanso nea edi kan no, ɔkwan bɛn so na Kristoni betumi afata ma wabɛyɛ asafo mu ɔsomfo?

“Wɔnsɔ Eyinom Nhwɛ Kan”

4. (a) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ ‘wɔsɔ’ wɔn a wɔpaw wɔn sɛ asafo mu asomfo no ‘hwɛ kan’? (b) Ɛsɛ sɛ eyinom nya ɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ dɛn?

4 Ɔsomafo Paulo kaa nea na wɔhwehwɛ ansa na wɔatumi apaw mmarima sɛ asafo mu asomfo no kyerɛɛ ne yɔnko dwumayeni Timoteo. Paulo kyerɛw kaa nneɛma afoforo ho sɛ: “Na wɔnsɔ eyinom nhwɛ kan, na sɛ asɛm bi nni wɔn ho ansa a, wɔama wɔasom.” (1 Timoteo 3:10) Eyi remma wɔmpaw mmarima a wɔmfata a wonnu Kyerɛwnsɛm mu nneɛma atitiriw bi a wɔhwehwɛ no ho no. Ɛno nso bɛma woanya bere de ahwehwɛ wɔn a wɔbɛpaw wɔn sɛ asafo mu asomfo no botae ahorow mu. Ampa, ɛnsɛ sɛ saa mmarima yi ma dibea ho akɔnnɔ kanyan wɔn, efisɛ ɛno bɛkyerɛ sɛ wonni ahobrɛase. Mmom no, bere a onua no ahu nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Kristoni ahosohyira ma Onyankopɔn nyɛ dibea bi nti na mmom ɛyɛ nea ɛfa biribiara ho no, ɛsɛ sɛ onya ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ adwuma biara a Yehowa hu sɛ ɛfata sɛ ɔde no yɛ wɔ N’ahyehyɛde no mu no. Yiw, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔbɛpaw wɔn sɛ asafo mu asomfo no nya ɔpɛ sɛ wɔbɛsom sɛ ɔnokwafo Yesaia a ɔkae sɛ: “Mini, soma me!” no.​—Yesaia 6:8.

5. (a) Nneɛma bɛn a wɔhwehwɛ wɔ asafo mu asomfo ho na wɔada no adi wɔ 1 Timoteo 3:8? (b) Yɛ a ‘wɔn anim bɛyɛ duru’ no kyerɛ dɛn? (d) Dɛn na na Paulo kyerɛ bere a ɔkae sɛ ɛnsɛ sɛ asafo mu asomfo yɛ “ano nta” no?

5 Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, “Asafo mu asomfo nso, ɛsɛ sɛ wɔn anim yɛ duru, wɔnyɛ ano nta, wɔnyɛ asadweam, wɔnyɛ adifudepɛfo.” (1 Timoteo 3:8) Ɛwom sɛ wɔ ntotoho mu no, ebia na asafo mu asomfo binom nnyinii pii de, nanso wɔnyɛ mmofra, na ɛsɛ sɛ “wɔn anim yɛ duru.” Wɔasua sɛnea wobu nsɛm a ɛho hia aniberesɛm. (Fa toto Mmebusɛm 22:15 ho.) Ɛsɛ sɛ wɔyɛ nnipa a wotumi de ho to wɔn so a wofi ahonim mu yɛ ade a wɔnyɛ nnipa a wommu asɛyɛde aniberesɛm. Ampa, ɛsɛ sɛ wotumi nya wɔn mu ahotoso na wobu wɔn nnwuma aniberesɛm. Wɔ ne nyinaa mu no, dɛn na wobetumi asusuw ho anibere so sen ɔsom kronn a wɔde ma Yehowa no? Ɛyɛ asɛm a ɛfa nkwa ne owu ho​—ma wɔne afoforo.(Fa toto 1 Timoteo 4:16 ho.) Bio nso, bere a Paulo kae sɛ ɛnsɛ sɛ asafo mu asomfo yɛ “ano nta” no, na ɔkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔn a wɔn asɛm teɛ a wodi nokware a wɔnyɛ wɔn a wodi nseku, nyaatwom anaasɛ nnaadaafo.-Mmebusɛm 3:32.

6. Nneɛma ahorow a ɛsɛ sɛ asafo mu asomfo kari pɛ wom no bi ne nea ɛwɔ he?

6 Ɛsɛ sɛ mmarima a wɔfata sɛ asafo mu asomfo no kari pɛ wɔ wɔn ankasa asetra mu. Ɛda adi sɛ na Paulo kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wokwati asabow, adifudepɛ, ne nsisi, bere a ɔkae sɛ ɛnsɛ sɛ ‘wɔyɛ asadweam’ ne “adifudepɛfo” no. Ɛsɛ sɛ saa Kristofo yi kwati adwene a wɔbɛma nkurɔfo anya sɛ wɔn ani gye anigyede ne honam fam nneɛma ho kɛse no nso. Ɛsɛ sɛ wɔbɔ mmɔden Sɛ wɔde honhom mu nneɛma bedi kan wɔ wɔn asetra mu bere nyinaa. Eyi bɛboa wɔn ma wɔakura “ahonim a emu tew” mu wɔ wɔn mfɛfo nnipa ne ne titiriw no, Onyankopɔn anim.​—1 Timoteo 3:8, 9.

7. (a) Dɛn nti na wobetumi aka sɛ asafo mu asomfo asɛyɛde ahorow nyɛ nea wɔde hyɛ mmofra nsa? (b) Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ asafo mu ɔsomfo bi yɛ ɔhokwafo no betumi ada dɛn adi wɔ ne ho?

7 Asɛyɛde a emu yɛ duru a ɛda asafo mu asomfo so no nyɛ nea wɔde hyɛ mmofra nsa. Wɔka eyinom ho asɛm wɔ Kyerɛwnsɛm no’mu sɛ wɔanyinyin adu baabi a wobetumi aware na wɔanya abusua. Wɔ saa tebea no mu no, ɛsɛ sɛ wotumi ‘di wɔn mma ne wɔn ankasa fi so yiye.’ (1 Timoteo 3:12) So eyi kyerɛ sɛ aberante rentumi mfata sɛ asafo mu ɔsomfo kosi sɛ ɔbɛware na wanya abusua ansa? Dabi, ɛnte saa koraa. Nokwarem no, pɛ a ɔrempɛ sɛ ɔbɛware ntɛm bere a onsiesiee ne ho yiye, anaasɛ, kosi sɛ obenya Kristoni hokafo a wɔabɔ no asu a ɔfata no betumi ada ahokokwaw bi a ehia na ama obi atumi adi n’ankasa nsɛm ne asafo mu asɛyɛde ahorow a anibere wom kɛse ho dwuma a ɔwɔ adi.

8. Ɛdefa 1 Timoteo 3:13 ne Mateo 24:14 ho no, asɛyɛde bɛn na ɛda asafo mu asomfo so?

8 Paulo kae sɛ “mmarima a wɔsom ɔkwan pa so no renya gyinabea pa ne gyidi a ɛwɔ Kristo Yesu mu no mu ɔkasa mu ahofadi kɛse ama wɔn ho.” (1 Timoteo 3:13, NW) Ɔkwan biako a wobetumi afa so ada “ɔkasa mu ahofadi kɛse” a wɔhwehwɛ no adi ne sɛ wobenya “ahenni no ho asɛmpa” a wɔka no mu kyɛfa kɛse. (Mateo 24:14) Ɛsɛ sɛ wohu sɛ ɛyɛ wɔne mpanyimfo no asɛyɛde sɛ wobedi kan wɔ afie afie asɛnka ne ɔsom adwuma no afã horow a wobenya mu kyɛfa no mu. (Asomafo no Nnwuma 5:42; 20:20, 21) Bere a Satan nneɛma nhyehyɛe bɔne no rebɛn n’awiei ntɛmntɛm no. asɛnka adwuma no gye ntɛmpɛ sen bere biara. Enti, ɛsɛ sɛ asafo mu asomfo ma ntɛmpɛ a Ahenni asɛnka adwuma no gye no tra asafo no adwene mu denam nhwɛso pa a wɔn ankasa bɛyɛ wɔ ɔsom adwuma no mu no so.

Bere Nyinaa Ɔsom Adwuma No Boa Wɔn

9. Esiane ntɛmpɛ a yɛn mmerɛ yi gye no nti, ɔsom adwuma bɛn na Kristofo pii de wɔn ho ahyem?

9 Esiane ntɛmpɛ a yɛn mmere a emu yɛ den yi gye no nti, Kristofo pii de wɔn ho ahyɛ bere nyinaa som adwuma no mu. Sɛ wɔkyekyem a, nnipa pii a wɔfrɛ wɔn akwampaefo de nnɔnhwerew abien kosi anum yɛ asɛnka adwuma da biara, na wɔn mu binom yɛ asɛmpatrɛwfo wɔ nsase afoforo so. Afoforo de wɔn bere nyinaa som wɔ ɔwɛn Aban Asafo no ti anaasɛ wɔ ne baa dwumadibea ahorow wɔ asase so nyinaa. Wɔn som adwuma no ma wɔne wɔn a wɔsom wɔn no nya anigye ne akomatɔyam. Na wɔ nsɛm pii mu no, osuahu a wɔanya wɔ bere nyinaa som adwuma no mu no aboa wɔn ma wɔanya nneɛma a ɛho hia a wɔhwehwɛ na ama wɔatumi asom asafo no wɔ ɔkwan pa so sɛ asafo mu asomfo no.

10, 11. Sɛnea wɔn ankasa nsɛm a woaka wa ha kyerɛ no, ɔkwan bɛn so na wɔn a wɔpɛ sɛ woyɛ asafo mu asomfo no betumi anya bere nyinaa som adwuma no mu mfaso?

10 Obi a kan na ɔyɛ asafo mu ɔsomfo a mprempren ɔyɛ ɔpanyin wɔ asafo bi a ɛwɔ Berlin, Germany mu ka akwampae adwuma a ɔyɛe wo mfe bi a atwam mu, bere a na ɔyɛ aberante no ho asɛm sɛ: “Metumi aka sɛ na ɛyɛ adepa a minnuu me ho wo ho da. Yehowa ahyira me. Abusuabɔ a me ne no wɔ no mu ayɛ den kɛse.” Yiw, te sɛ nnipa mpempem afoforo pii no, onua yi ahu sɛ bere nyinaa som adwuma no betumi ama abusuabɔ a obi ne Yehowa wo no mu ayɛ den na ama wadu Kristofo onyin ho ntɛm.

11 Obi foforo a wayɛ akwampae adwuma akyɛ kyerɛkyerɛ sɛnea bere nyinaa som adwuma no aboa no no mu. ɔka sɛ, “Mebɛyɛɛ obi a odwo na mekarii pɛ kɛse wɔ gyinae ahorow a na misi no ntɛmntɛm no mu. M’ani gyei kɛse na meyɛɛ fakãã kɛse wɔ nnipa ahorow ahorow a me ne wɔn di no mu.” So eyinom nka su ahorow a mmarima a wɔpɛ sɛ wɔsom sɛ asafo mu asomfo hia no ho?

12. (a) Hokwan ahorow bɛn na ɛwɔ hɔ a ebetumi ama obi de ne ho ahyɛ bere nyinaa som adwuma no mu? (b) Bere nyinaa som adwuma no mu a asafo mu ɔsomfo de ne ho bɛhyɛ hwehwɛ sɛ otumi yɛ nneɛma ahorow bɛn a ɛbɛboa no ma watumi ayɛ ne nnwuma?

12 Sɛ Kyerɛwnsɛm mu asɛyɛde ahorow ma ho kwan a, ɛnde wɔn ho a wɔde bɛhyɛ bere nyinaa som adwuma mu no betumi ayɛ hokwan kɛse a Kristofo de ‘bɛsɔ wɔn ho ahwɛ kan.’ Ebinom betumi ayɛ ɔsom adwuma a ɛte saa no daa na afoforo nso betumi ayɛ wɔ bere ne bere mu. Ebia mmofra betumi ayɛ wɔ sukuu akwamma mu na wɔn a wɔanyin nso betumi ayɛ wɔ adwuma akwamma mu anaasɛ wɔ mmere afoforo a ɛfata wɔ afe no mu nyinaa mu. Nokwarem no, obi ho a ɔde bɛhyɛ bere nyinaa som adwuma no mu no hwehwɛ sɛ ɔkari pɛ na ɔyɛ nhyehyɛe pa. Eyinom a wotumi yɛ ho hia asafo mu ɔsomfo na ɛbɛboa no ma watumi ayɛ ne nnwuma ahorow. Nnwuma bɛn?

Asafo Mu Asomfo Nnwuma Ahorow

13. Asomafo no Nnwuma 6:1-6 kyerɛ dɛn wɔ adwuma ko a wɔde hyɛ asafo mu asomfo nsa no ho?

13 Ɛwom sɛ Asomafo no Nnwuma 6:1-6 nka paw a wɔpaw asafo mu asomfo ho asɛm pɔtee de, nanso nea ɛkae wɔ hɔ no kyerɛ adwuma anaasɛ asɛyɛde ko a wɔde bɛhyɛ asafo mu asomfo nsa. Ɛdenam aduan a na wɔbɛkyekyɛ a ɛnyɛ wɔn mfɛfo gyidifo a wɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn so no, “mmarima baason a wɔwɔ din pa” a wɔpaw wɔn saa bere no maa asomafo no nyaa kwan ‘kuraa [mpaebɔ] ne asɛm no som mu.’ Ɛdenam nnwuma a ɛte saa ara a asafo mu asomfo yɛ nnɛ so no, wɔma mpanyimfo no nya bere pii de yɛn “Onyankopɔn nguankuw” no na wɔkyerɛkyerɛ wɔn.​—1 Petro 5:2, 3.

14. Nnwuma ahorow bɛn na ebia wɔde bɛhyɛ asafo mu asomfo nsa?

14 Ɛdefa asafo mu asomfo nnwuma ahorow ho no, Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Awie Yɛn Som Adwuma nhoma no ka sɛ: “Ebia wɔbɛpaw asafo mu ɔsomfo ma wahwɛ asafo nhoma so, na ama yɛn nyinaa nsa aka nhoma a yɛn ankasa hia ne nea yɛde bɛkɔ asɛnka. Ebia ɔfoforo bɛhwɛ asafo nsɛmma nhoma so. Wɔma afoforo nso di kyerɛwtohɔ ahorow ho adwuma, te sɛ asafo sika akontaabu anaa asasesin a wɔbɛkyekyɛ, anaa afiri a wɔkasa mu ho adwuma a wɔma wɔyɛ, wɔma wɔhwɛ asɛnka agua so, anaasɛ ebia wɔboa mpanyimfo no wɔ akwan afoforo so. Adwuma pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wɔyɛ de siesie Ahenni Asa no so ma ɛhɔ atew, enti wɔtaa ma asafo mu asomfo boa wɔ eyinom ho dwumadi mu. Wɔma asafo mu asomfo gye ahɔho, ma wɔn baabi tra, kan wɔn, na wɔboa ma nneɛma ‘kɔ so fɛfɛɛfɛ wɔ asafo nhyiam ase.”​—Kratafa 57.

15. (a) Sɛ asafo mu ɔsomfo betumi asom yiye a, dɛn na ɛho hia ka mmɔdenbɔ ho? (b) Ɛwom sɛ asafo mu asomfo hwɛ nneɛma ahorow so de, nanso dɛn na ɛsɛ sɛ wɔn ani gye ho titiriw?

15 So onua biara a ɔbɔ mmɔden kɛkɛ betumi ayɛ adwuma a ɛte sɛɛ? Dabi, efisɛ na “nnipa a wɔwɔ din” a wɔpaw wɔn wɔ afeha a edi kan no mu Yerusalem no yɛ wɔn a “honhom ne nyansa ahyɛ wɔn ma” anaasɛ “mmɔdenbɔfo a wokura honhom adwene.” (Asomafo no Nnwuma 6:3, Philips) Sɛ ná wɔyɛ mpanyimfo dedaw wɔ Yehowa nkurɔfo mu mpo a, wɔde nnwuma a ɛte sɛ nea asafo mu asomfo yɛ mprempren no na ɛhyɛɛ wɔn nsa. Enti sɛ asafo mu asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ betumi ayɛ wɔn adwuma yiye a, ɛsɛ sɛ wɔyɛ “mmɔdenbɔfo ne wɔn a wokura honhom adwene.” Bere a wɔde wɔn adwene si nnwuma ahorow a wɔde ahyɛ wɔn nsa wɔ asafo no mu so no, nea ɛsɛ sɛ wɔn ani gye ho titiriw ne sɛ wɔbɛsom nkurɔfo wɔ akwan horow a eye no wɔ honhom fam.

16. Sɛ mpanyimfo a wɔdɔɔso nni asafo bi mu a, nnwuma bɛn na ebia wɔde bɛhyɛ asafo mu asomfo nsa?

16 Esiane sɛ ɛsɛ sɛ asafo mu asomfo yɛ wɔn a wokura honhom adwene nti, ɛtɔ bere bi a wobetumi ama wɔayɛ adwuma a mpanyimfo taa yɛ no. Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Awie Yɛn Som Adwuma (nkratafa 58-9) kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Sɛ mpanyimfo a wɔdɔɔso nni hɔ a wɔbɛyɛ Asafo Nhoma Adesua no a, wɔde asafo mu asomfo a wɔn ho akokwaw kɛse no bi yɛ adesua so ahwɛfo ma wɔhwɛ akuw bi so. Wobetumi ama wɔn dwumadi wɔ ɔsom Nhyiam ne Teokrase ɔsom Sukuu no mu na wobetumi ama baguam ɔkasa wɔ wɔn asafo no mu. Wobetumi de hokwan afoforo ama asafo mu asomfo binom wɔ faako a ahiade pɔtee bi wɔ hɔ na wɔfata wɔ ɛho dwumadi mu no.​—Fa toto 1 Petro 4:10 ho.”

17. Ná Stefano yɛ onipa bɛn, na asemmisa bɛn na eyi ma ɛsɔre a ɛfa asafo mu asomfo ho?

17 Ná “mmarima baason a wɔwɔ din” wɔ Bible mmere mu no biako ne “Stefano, ɔbarima a gyidi ne honhom kronkron ayɛ no ma.” (Asomafo no Nnwuma 6:5) Ansa na Stefano rewu sɛ mogyadansefo nokwafo no, odii adanse a ɛka koma wɔ Yudafo Sanhedrin no anim. Kenkan kyerɛwtohɔ no na wubegye atom sɛ na okura honhom adwene ne sɛ, ɔyɛ ɔdansefo a ɔda nsow a ogyee Onyankopɔn honhom kronkron akwankyerɛ toom a ofii ne pɛ mu sɛ ɔde ne nkwa bɛto hɔ ama Yehowa som adwuma. (Asomafo no Nnwuma 6:8-7:60) Sɛ woyɛ asafo mu ɔsomfo a, so wubu nnwuma a wowɔ wɔ asafo no mu ne asɛnka adwuma no aniberesɛm sɛnea ɛda adi sɛ Stefano buu n’asɛyɛde ahorow ne hokwan a onya de kaa nokware no ho asɛm no?

Ɔkwan Bɛn So Na Wɔredu Ho?

18. Dɛn na yebetumi aka wɔ asafo mu asomfo no mu pii adwuma ho, na dɛn na wobetumi ahyɛ wɔn bɔ wɔ ho?

18 Asafo mu asomfo pii reyɛ nhwɛso pa wɔ Kristofo asetra mu, wodi wɔn asafo mu asɛyɛde ahorow ho dwuma yiye na wodi asɛnka adwuma no anim. Wɔn mfɛfo asomfo ani sɔ wɔn adwuma a wɔyɛ no kɛse na Yehowa betua wɔn so ka, efisɛ wɔhyɛɛ Hebri Kristofo no bɔ sɛ: “Onyankopɔn nyɛ nea ɔnteɛ a ne werɛ befi mo adwuma ne mo dɔ mmɔden a mobɔe ne din ho, sɛ mosom ahotefo na moda so som wɔn.”​—Hebrifo 6:10.

19. (a) Nsɛm bɛn na asafo mu ɔsomfo biara betumi abisa ne ho? (b) Dɛn nti na ɛbɛyɛ nea mfaso wɔ so sɛ yebesusuw ɔhaw ahorow a asafo mu asomfo binom hyia no ho?

19 Nanso, asafo mu ɔsomfo biara betumi abisa ne ho sɛ: Ɔkwan bɛn so na meredu nneɛma a Kyerɛwnsɛm no hwehwɛ no ho? So meboa ankasa ma biakoyɛ tra asafo no mu? So meyɛ nnwuma a wɔde ahyɛ me nsa no yiye na mede nsiyɛ yɛ? Na so mereyɛ nhwɛso pa wɔ asɛnka adwuma no mu? Asafo mu asomfo binom ahyia ɔhaw ahorow wɔ nea wɔhwehwɛ wɔ wɔn ho a wobedu ho no mu. Enti momma yensusuw ɔhaw ahorow yi bi ho. Saa a yɛbɛyɛ no bɛboa asafo mu ɔsomfo biara ma ‘wasɔ n’ankasa adwuma ahwɛ.’ (Galatifo 6:4) Ɛsɛ sɛ ɛno ma anisɔ a afoforo wɔ ma ɔdɔ nnwuma a mmarima a wɔyɛ nnwuma a mfaso wɔ so wɔ Yehowa Adansefo mu a wɔyɛ nhyira ankasa ma Onyankopɔn nkurɔfo no yɛ kɛse nso.

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

◻ Ɔkwan bɛn so no asafo mu asomfo yɛ nhyira ma Yehowa nkurɔfo?

◻ Ɔkwan bɛn so na bere nyinaa som adwuma no betumi aboa anuanom a wɔpɛ sɛ wɔyɛ asafo mu asomfo no?

◻ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ asafo mu asomfo yɛ “mmɔdenbɔfo ne wɔn a wokura honhom adwene”?

◻ Ɔkwan bɛn so na ɔnokwafo Stefano yɛ nhwɛso pa ma asafo mu asomfo nnɛ?

[Kratafa 12 mfoni]

Mpanyimfo ne asafo mu asomfo yɛ nhyira ma asafo no

[Kratafa 14 mfoni]

Akwampae adwuma yɛ ntetee pa ma wɔn a wopɛ sɛ wɔyɛ asafo mu asomfo anaasɛ mpanyimfo

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena