Sɛnea Wubetumi Agyina Amanehunu Ano
“MO BOASETƆ mu na mubenya mo kra.” Yesu Kristo kaa saa asɛm yi bere a ɔde ne nkɔmhyɛ a ɛfa “awiei bere” no ho rema no. (Luka 21:19; Daniel 12:4) Saa nsɛntitiriw abien yi da adi wɔ asɛm a ɔkae no mu: (1) Boasetɔ ho hia wɔ yɛn nkwagye mu, ne (2) sɛ, yebetumi atɔ yɛn bo ase. Nanso wobɛyɛ dɛn atumi atɔ wo bo ase? Sɛ yebebua asɛm yi a, ɛho hia sɛ yedi kan hu nea enti a Yehowa ma kwan ma amanehunu ne ɔtaa ba n’asomfo so no.
Amanehunu Ne Ɔtaa—Dɛn Ntia?
Nea enti a ɛte saa titiriw ne sɛ Satan twaa teɛ a Yehowa amansan tumidi teɛ no mpoa. (Genesis 3:1-19) Yehowa ayɛ nhyehyɛe sɛ obedi mpoatwa yi ho dwuma esiane n’ankasa ne afoforo din nti.
Bio nso Yehowa ama kwan ma ne nkurɔfo hu amane esiane atirimpɔw a ɛho betumi aba yɛn mfaso kɛse nti, sɛ yesusuw amanehunu a ɛte saa ho wɔ ɔkwan a ɛteɛ so a. Sɛ nhwɛso no, sɛ yɛto yɛn bo ase bere a yehyia sɔhwɛ ahorow a yenni yɛn amanehunu ahorow no ho yaw a, ɛnde na yɛda yɛn ho adi sɛ yɛwɔ nokware gyidi, nea ɛsɔ Onyankopɔn ani no. (1 Petro 1:6, 7; Hebrifo 11:6) Nanso amanehunu betumi ama su ahorow a enye te sɛ ahantan, boasetɔ a yenni ne asetra a ɔbrɛ nnim a yɛpɛ ada adi. Ɛdenam Onyankopɔn honhom mmoa so no, yebetumi adi su ahorow a ɛte sɛɛ so na ‘yɛahyɛ onipa foforo no.’—Kolosefo 3:9-14.
Odwontofo no kyerɛkyerɛɛ asɛm yi mu yiye maa yɛn bere a ɔkae sɛ: “Eye ma me sɛ wobrɛɛ me ase, na ama masua w’ahyɛde” no. (Dwom 119:71) Ɔkwan pa a wɔfa so susuw amanehunu ho bɛn ara ni! Anwiinwii biara nni mu. Wannya pɛsɛmenkominya adwene wɔ biribiara a ebia amanehunu no ma efii ne nsa no ho. Mmom no, ade a nyansa wom a yetumi hu wɔ ha ne sɛ nea Yehowa maa kwan ma ɛbaa odwontofo no so no betumi aboa no ma wakyerɛ Yehowa ahyɛde ho anisɔ kɛse. So yɛma kwan ma amanehunu nya tumi a ɛte saa ara wɔ yɛn so?
Ɔsomafo Paulo nyaa amanehunu a ɛbaa no so wɔ Asia mantam no mu no mu mfaso. Ade biako ne sɛ, amanehunu yi ma ɔde ne ho too Yehowa so kɛse. Esii ɔsomafo no gyidi a na ɔwɔ wɔ owusɔre no mu no so dua, efisɛ ogyinaa n’amanehunu no ano denam ne ho a ɔde too “Nyankopɔn a onyan awufo no” so kɛse no so. (2 Korintofo 1:8-10) Yiw, Paulo nyaa mfaso ahorow esiane sɛ ɔtɔɔ ne bo ase wɔ amanehunu mu nti.
Eyi yɛ nokware wɔ Kristofo a wɔwɔ amanehunu ho adwene a ɛteɛ no ho nnɛ. Wɔ zimbabwe a ɛyɛ ɔman bi a emufo twaa wɔn ho koe no mu no, Yehowa nkurɔfo asafo bi tu kɔɔ akuraa bi a na wɔbɔ ho ban ase. Esiane ɔko no mu tebea horow nti, asafo mpanyimfo baasa a wɔwɔ asafo no mu no mu biara ba biako awu. Bio nso, na nkuraasefo no rehyɛ Kristofo awofo yi kɛse sɛ wɔmpa wɔn gyidi denam ahonhommɔne a wɔkyerɛ sɛ wɔn bo afuw wɔn a wɔbɛpata wɔn no so. Mpanyimfo no tee nka dɛn wɔ eyi ho? Bere a wɔn mu biako rekasa ama wɔn nyinaa no, ɔkae sɛ: “Bere a ɔman no reko no, na yɛn nso ne ahonhommɔne redi ako. Yɛwɔ gyinabea a ɛkorɔn sen atamfo [ahonhommɔne] no, efisɛ yɛwɔ anidaso. Enti, sɛ ɛba sɛ yewu wɔ ɔko no mu mpo a, bere tenten a yedi nokware ma Yehowa kosi owu mu no, wobenyan yɛn. Na yɛadi ɔtamfo no so nkonim.” Saa mmarima anokwafo baasa yi amma wɔn werɛ amfi tumi a Yehowa betumi agye wɔn no. Bere a yɛahu wɔn gyinabea a ɛyɛ den yi no, ɛsɛ sɛ yegye di sɛ yebetumi agyina mu akosi awiei!
Bere A Ɔtaa Ano Yɛ Den
Ebia wubebisa sɛ: ‘Na sɛ ɔtaa no mu yɛ den kɛse na wɔyɛ yɛn ayayade ahorow nso ɛ? So yebetumi agyina ano a yɛrempa yɛn gyidi?’ Ampa, tete Kristofo tumi gyinaa aninyanne ahorow ano a wɔampa wɔn gyidi.
Saa ara na nnɛyi Kristoni bi a ɔte akuraa bi a atew ne ho ase wɔ zimbabwe daa gyidi kɛse wɔ Yehowa mu adi. Bere bi a ɛkaa ɔno nkutoo esiane sɛ na ne yere rekɔsra wɔn babea a na waware nti no, mpofirim ara mmarima bi a wokura akode a wɔtotõõ n’ano esiane sɛ ɔyɛ Kristoni nti tow hyɛɛ no so. Bere a wɔaboro no pasaa akyi no, mmarima yi kyekyeree ntayaa bi a wɔde ato ogya mu ma adɔ fam n’anan ntam na afei wɔkae sɛ ɔmfa nnantew. Afei wogyaw no too hɔ sɛ onwu. Esiane sɛ nsakrae a ɛbae mpofirim wɔ hɔ no yɛ nea na ɛmma wontumi ntu kwan wɔ hɔ nti na ɔbarima no yere nnim tebea a ɔwom no ho hwee. Wɔka kyerɛɛ wɔn a wɔte mpɔtam hɔ no sɛ, sɛ wɔboa no a, wobekunkum wɔn. Enti ɔno nkutoo traa tebea yi mu asram abiɛsa a ɔhwɛ kwan da biara sɛ obewu.
Saa Kristoni a na ɔrehu amane yi tumi traa nkwa mu denam nsu ne aburow a na ɔwɔ a odii no so. Nanso esiane ayayade a wɔyɛɛ no no nti, na ontumi nnantew. Enti bere a ogya a ɛbɛn faako a ɔwɔ a ɔsɔ no sae no, na ɛsɛ sɛ obubu ne nkongua de sɔ gya noa aduan. Efi ne asunson baa nsu a na ɔwɔ no mu. Ne ho akuru no kɔɔ so yɛɛ kɛse.
Tebea yi mu na na onua barima yi wɔ bere a ne yere san bae wɔ asram abiɛsa akyi no. Susuw sɛnea ɔtee nka bere a ohuu no no ho hwɛ! Ntɛm ara osiesiee ne ho sɛ ɔde no bɛkɔ ayaresabea. Sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi ayɛ eyi no, na ɛsɛ sɛ ɔde no tra wheel barrow mu na ɔde no kɔ bɔs gyinabea a ɛbɛn hɔ no na ɔde no kɔ kurow a ayaresabea wom mu. Adapɛn abiɛsa akyi no, woyii no fii ayaresabea hɔ ma ɔkɔtraa ne babea no nkyɛn, baabi a onyaa honhom mu mmoa ne nkuranhyɛ fii Yehowa Adansefo asafo a ɛwɔ hɔ no mufo hɔ no.
Dɛn na ɛboaa saa Onyankopɔn Ahenni kyigyinafo yi ma otumi gyinaa ayayade a emu yɛ den yi ano no? Ɔno nkutoo traa ase asram abiɛsa. Ná ɔhwɛ kwan sɛ obewu. Nanso, bere a wobisaa no sɛnea ɔtee nka wɔ saa amanehunu yi mu no, obuae sɛ, “Metee nka sɛ na Yehowa ka me ho bere nyinaa.” Wankasa antia n’ataafo no na saa ara na wanwiinwii wɔ nea ɛbaa no so no ho—onyaa gyidi a emu yɛ den sɛ Yehowa rempa n’asomfo anokwafo.—Dwom 37:28.
Yiw, Kristofo betumi atɔ wɔn bo ase. Wonim sɛ, sɛ Yehowa ma amanehunu ho kwan a, na ɛyɛ atirimpɔw a eye bi nti, na wobetumi atɔ wɔn bo ase. Onyankopɔn Asɛm ne osuahu afoforo,,ma yenya nokwasɛm yi mu awerɛhyem.—Mateo 24:13.