Tete Wo Ba ma Onnya Onyamesompa Ahofama
“Kyerɛ abofra ɔkwan a ɔmfa so, na sɛ onyin nso a, ɔremfi ho.”—MMEBUSƐM 22:6.
1. Dɛn na ɛsɛ sɛ wodu mu na ama wɔatumi atete abofra, na dɛn ntia?
ƆBEA bi a ɔrebɔ mmɔden sɛ ɔbɛkyerɛ ne ba sɛnea wohuruw fa dua so hui sɛ ɛyɛ den ma ne ba no sɛ obetumi ayɛ. Ɔbea no kae sɛ: “Sɛ wotow wo koma fa dua no so a, wo nipadua nso bedi akyi.” Saa na ɛsɛ sɛ wɔn a ‘wɔretete’ wɔn ba ma wanya onyamesompa ahofama no kanyan ne koma. Eyi yɛ yɛ den, titriw bere a ɔrebɛn mpanyin afe so no.—Mmebusɛm 4:23.
2. Dɛn nti na bere a wɔrebɛn mpanyin afe so no yɛ nea emu yɛ den, na ɔkwan ben so na awofo betumi aboa?
2 Kristoni agya bi a ɔwɔ Germany kae sɛ: “Wɔ mfe pii mu no, na ɛnyɛ den sɛ mehu nea ɛrekɔ so wɔ me mmabarima no koma mu. Nanso ɛno sakrae mpofirim ara te sɛ anyinam, bere a na wɔrebɛn mmerante afe so no.” Bere a ɔreyɛ ɔpanyin yi mu no, akɔnnɔ ahorow pii foforo a nipadua mu nsakrae ahorow ama ano ayɛ den ka abofra no koma. Nanso mpɛn pii mfomso ahorow a ɛyɛ awerɛhow sɛe saa mfe yi. ɔnokwafo Hiob mpo de awerɛhow kae sɛ ‘ɔredi ne mmerantebere mu bɔne so ade.’ (Hiob 13:26) Nkate mu ɔhaw ahorow betumi de “komam awerɛhow” aba abofra so. Mmebusɛm 12:25 se eyi ma koma “botow, na asɛmpa ma koma tɔ yam.” Ɔkwan bɛn so na wubetumi de nkitahodi pa aboa wo ba wɔ saa mfe a emu yɛ den no mu?
Nkitahodi A Efi Komam
3, 4. (a) Ɔkwan bɛn so na nsonsonoe da ɔkwan a Elihu faa so de afotu mae ne Hiob “nnamfo” baasa de no ntam? (b) Dɛn na ebesiw nkitahodi a efi komam kwan?
3 Susuw nsonsonoe a ɛda ɔkwan a Elihu faa so de afotu mae, ne Hiob “nnamfo” baasa de ntam no ho. Eyi bɛma woahu nea ɛma nkitahodi nya nkɔso ne nea ɛmma ennya nkɔso no. Ná Elihu yɛ otiefo pa. Bere a afoforo no annye wɔn ankasa ɔdesani mfomso ahorow antom no, ɔkae sɛ: “Hwɛ, me nso, meyɛ Onyankopɔn de sɛ wo ara, anwemmo mu na wotii me nso fii.” Ɔka kyerɛɛ Hiob sɛ ‘onyi ano,’ ɔnka nea ɛwɔ ne komam na onsuro. (Hiob 33:5-7) “Nnamfo” baasa no yɛɛ te sɛ nea wɔregyam Hiob, wɔrekyekye ne werɛ, nanso wotiei a na wɔanya adwene bi dedaw. Hiob srɛe sɛ, “Muntie m’atɛnyi, na monyɛ aso mma m’anoyi,” nanso wɔantie. (Hiob 13:6) Yiw, ɔkwan a wɔfaa so no maa ɔhye bɛdaa wɔn ntam.
4 Sɛ ɔwofo anhwɛ yiye a, saa ara na ɔhye betumi abɛda wɔn ntam a ɔrenhu. Enti tie wo ba no. (Mmebusɛm 18:13) Susuw nea wo mmuae no bɛyɛ ho yiye. “Ɛwɔ nea ɔworo kasa te sɛ nkrante nwowɔe, na nyansa tɛkrɛma sa yare.” (Mmebusɛm 12:18) Ampa, ɛtɔ bere bi a abofra nneyɛe ne ne nsɛm tumi yɛ abufuw. Nanso kae, ebia nea ɛhyɛ saa ‘ɔkasa a ɛwowɔ’ no akyi ne koma a ɔhaw ahyɛ no ma. Fa wo tɛkrɛma di dwuma yiye fa sa no yare.—Hiob 6:2, 3.
5. (a) Dɛn na ɛbɛboa ɔwofo ma wama abofra ada ne komam nsusuwii adi? (b) Ɔkwan bɛn so na Asafo nhoma ahorow so a wɔdan kɔ no betumi aboa?
5 Aso a wobɛyɛ atie a anifere kwan so nsemmisa ka ho bɛboa ma abofra no akasa na ɛbɛma ayɛ mmerɛw ama no sɛ ɔbɛka nea ɛhaw no ho asɛm. (Mmebusɛm 20:5) Ɛna bi a ɔwɔ ɔba a wadi mfe 18 kae sɛ: “Mpɛn pii me babarima no fi nkɔmmɔbɔ ase wɔ bere a ɛte sɛ nea enye mu na ɔka asɛm biako anaa abien, ebia nea ɛfa biribi a esii wɔ sukuu ho. Ɛyɛ me na ɛsɛ sɛ mifi ayamye mu de nsemmisa te sɛ, ‘Afei dɛn na ɛbae?’ Anaasɛ, ‘Na wote nka dɛn wɔ ho?’ Anaasɛ, ‘Dɛn na woyɛe anaasɛ wokae?’ hu nea ɛwɔ ne komam. Eyi ne nea ɔhwɛ kwan, na ɔka ne haw ahorow no ho asɛm. Nanso eyi gye bere pii!” Nya bere a ɛte saa ma wo ba no! Ebia bere a moretu mpase anaasɛ moregye mo ahome no, hu nea ɛwɔ n’adwenem. Awofo pii ahu sɛ ɛdenam nsɛm a wɔada no adi wɔ Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma ahorow mu wɔ mfe a atwam no mu so a wɔdan kɔ so no, ɛboa ma wɔte wɔn mma no ase yiye na wɔne wɔn bɔ nkɔmmɔ a edi emũ. Esiane eyi nti, nkɔmmɔbɔ a efi komam anya nkɔso wɔ abusua no ntam. Nanso nea ɛsen nkitahodi pa ho hia na ama wɔanya onyamesompa ahofama
Hyɛ Honhom Mu Aduan Ho Nkuran
6, 7. Dɛn na Timoteo maame tumi yɛe, na ɔkwan bɛn so na awofo betumi asuasua no?
6 Ná Timoteo maame ani kũ honhom mu nneɛma a ɛkyerɛ nkwa ma ne ba no ho. Wɔkyerɛw faa no ho sɛ: “Na wufi wo mmofraase nim nkyerɛwee kronkron no a ebetumi ama woahu nyansa akɔ nkwagye mu.” (2 Timoteo 3:15) Saa ara na nnɛ, awofo a wɔn mma nya onyamesompa ahofama no susuw wɔn mma honhom fam aduan ho kɛse. Wɔkyerɛkyerɛ wɔn ma wɔyɛ wɔn ankasa kokoam adesua fi wɔn mmofraase
7 So wohwɛ ma wo ba nya n’ankasa Bible nhoma na osiesie ne ho ma asafo nhyiam ahorow? So wohyɛ no nkuran kɛse sɛ ɔnyɛ bere nhyehyɛe mfa nhwehwɛ ademude ahorow a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no mu? (Mmebusɛm 2:1-5; 1 Yohane 2:14) Bere a mowɔ nhyiam ase no, so wotra ne nkyɛn sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛhyɛ no nkuran na amma n’adwene—ne ne koma—ankyinkyin? So wohyɛ no nkuran sɛ ɔmfa ne ho nhyɛ mu? (Hebrifo 10: 23-25) So wokɔ so yɛ abusua adesua a ɛma wo ba no nya nimdeɛ a ɛho hia ma n’ahiade ahorow pɔtee bere nyinaa? Susuw nsemmisa ahorow yi ho.—Mmebusɛm 24:5.
‘Ma Onhu Yehowa Ankasa’
8. Deuteronomium 11:18, 19 kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ onyamesompa ahofama fi ase wɔ he na ɔkwan bɛn so na awofo betumi de eyi adi dwuma wɔ abofra ho nnɛ?
8 Nanso, ebia nokwasɛm ahorow a wode bɛhyɛ ne tirim ara kwa no rentumi nka adwene ne ahonim no. Sɛ wo ba benya ahonim pa a, ɛsɛ sɛ ohu sɛ Yehowa yɛ obi a ɔwɔ tumi na n’ani gye ɔno ne nea ɔyɛ ho kɛse. Nanso nea edi kan no, ɛsɛ sɛ woma ɔdɔ a wowɔ ma Yehowa no hyɛ w’ankasa koma ma na ɛka wo ma woka ne hwɛ a ɔdɔ wom ne ne kɛseyɛ ho asɛm bere nyinaa. Ɛsɛ sɛ wunya ɔdɔ ma nokware no na wode tra ase. Bere a wobisaa ɛna bi a ɔwɔ England sɛnea ne mma baanu a wɔn nyinaa yɛ bere nyinaa asɛnkafo nyaa ɔdɔ a emu yɛ den a ɛte saa maa Onyankopɔn ho asɛm no, ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Ɛnam ka a mekaa sɛnea Yehowa wɔ hɔ ankasa ho asɛm kyerɛɛ wɔn no so. Waboa me kɛse araa ma nea metumi ayɛ ara ne sɛ mɛma wɔahu sɛ Yehowa wɔ hɔ ankasa. Biribiara a yɛyɛ fa ne ho.” Tete wo ba nso ma ‘ɔmfa mpaebɔ ne ɔsrɛ . . . [nkɔ so] mmɔ mpae daa honhom mu’ nkasa nkyerɛ Yehowa. (Efesofo 6:18) Ma abofra no nte wo mpaebɔ a emu yɛ hyew a efi komam no na wo ne no nsusuw n’ankasa de mu nsɛm ho.—Deuteronomium 11:1, 2, 18, 19; Mmebusɛm 20:7.
9. Ɔkwan bɛn so na awofo betumi de asetra mu nhwɛso ahorow ankasa adi dwuma de atete abofra ahonim?
9 Asetra mu nhwɛso ahorow ankasa betumi anya abofra ahonim so tumi kɛse. (Fa toto 1 Korintofo 8:10 ho.) Wɔ bere ne bere mu no ebia wobɛte nnipa a wohu amane esiane sɛ wobu Onyankopɔn mmara so nti ho asɛm. Wo ne wo ba no mmɔ nhwɛso ahorow a ɛte saa ho nkɔmmɔ wɔ ɔkwan a ɔkasatia nnim so na fa saa yɛ so boa no ma onnya Paulo asɛm no ho anisɔ: “Worentumi nnaadaa Onyankopɔn. Nea wudua no ɛno ara na wubetwa.” (Galatifo 6:7, Beck) Wɔ nhwɛso pa ho no, wo ne no nsusuw Asɛmpa no mu kyerɛwtohɔ a ɛfa Yesu asetra ho a ɛka koma no ho. Wobɛboa wo ba no ma wanya “Kristo adwene.” (1 Korintofo 2:16) Nanso ɛsɛ sɛ woma kyerɛwtohɔ no yɛ nea ɛkanyan anigye! Hyɛ wo ba no nkuran ma ɔnyɛ nsɛm a esisii a ɛyɛ anigye no ho mfonini wɔ n’adwenem na onsusuw ɔkwan a etu mpɔn a Yesu faa so dii nsɛm ho dwuma no ho. Paw nsɛm fi Bible nhoma ahorow a ɛka Yesu asetra ne ne su ahorow ho asɛm kɛse no mu, na sɛnea ɛbɛyɛ a mobɛsakra mo abusua adesua no mu no, munsua eyi wɔ bere ne bere mu.a
10. Ɔkwan bɛn so na wubetumi aboa wo ba ma ‘wahu Kristo dɔ’ no?
10 Ɛsɛ sɛ wo ba no bɔ mmɔden nso sɛ obesua Yesu nhwɛso no. Ɛno ansa na abofra no betumi ‘ahu Kristo dɔ a ɛtra so no’ denam osuahu ankasa so. (Efesofo 3:19) Enti, hyɛ no nkuran ma onsuasua tan a Yesu tan amumɔyɛ, ɔdɔ a ɔwɔ ma nnipa, nnamyɛ a ɔdaa no adi wɔ n’Agya som ho, ne mmɔborohunu ne n’ayamye, ne ɔpɛ a ɔwɔ sɛ obegyina fɛwdi ano no kɛse. (Hebrifo 1:9; Marko 6:34; Yohane 4:34; Luka 23:34; 1 Petro 2:23) Fa anigye kamfo wo ba no bere a odi ho dwuma no. Ɛsɛ sɛ ohu sɛ ɛwom sɛ yɛnyɛ pɛ de, nanso sɛ yedi Owura no nhwɛso akyi a, yenya anigye kɛse ne ahonim pa. Afei yɛbɛn Onyankopɔn kɛse efisɛ Yesu da n’Agya no nipasu adi. (Yohane 14:6-10) Kae wo ba no ma ommu abusuabɔ yi sɛ ɛsom bo bere nyinaa. Sɛnea ɛna bi a ɔyɛ Kristoni a ɔwɔ mmofra baanan a watumi atete wɔn yiye kae no: “Da biara nni hɔ a me kunu mfa ne nsa nto wɔn mu biara kɔn mu na ɔnka sɛnea ɔdɔ wɔn ne sɛnea onim sɛ Yehowa ani gye wɔn abrabɔ ho no ho asɛm nkyerɛ wɔn. Ɔka sɛ ‘Yehowa dɔ mo. Munnni no huammɔ.’”—Mmebusɛm 21:11.
Hia A Nteɛso A Efi Ɔdɔ Mu Ho Hia
11. Dɛn nti na abofra biara hia nteɛso?
11 Wɔ kyerɛ a Onyankopɔn kyerɛkyerɛɛ Dawid ‘fii ne mmofraase’ nyinaa akyi no, ɔkɔɔ so srɛe sɛ: “Nkae me mmofraase bɔne.” (Dwom 71: 5, 17; 25:7) Yiw, ‘agyimisɛm kyekyere abofra biara koma ho.’ Nanso “nteɛso abaa bɛma afi ne ho.” (Mmebusɛm 22:15) Mpɛn pii “abaa” a ɛyɛ tumi a ɔwofo wɔ yi betumi ayɛ asɛm a wɔde teɛ obi so anaasɛ anohyeto a emu yɛ den. Enti sɛ wo ba koma a ɛyɛ okontomponi no kɔn dɔ sɛ ɛbɛyɛ biribi a ebetumi apira no a, ɛho hia sɛ wode pintinnyɛ ka sɛ dabi!—Yeremia 17:9; Mmebusɛm 29:17, 19, 21.
12, 13. Ɔkwan bɛn so na wubetumi ama nteɛso ayɛ nea etu mpɔn?
12 Ɛdefa nteɛso, ne titiriw bere a wode asotwe rema ho no, ɛsɛ sɛ wudi Yehowa a ‘ɔkyerɛ ne yɛbea a eye’ nhwɛso no akyi. Yesaia 28:26-29 kyerɛ sɛ ɔte sɛ okuafo a ɔde nhumu di dwuma na ama wahu adwinnade ko a ɔde bɛporow awi ahorow ahorow wɔ ɔkwan a etu mpɔn so ne bere tenten a ɛsɛ sɛ ɔde porow a ‘ɔnna ho mporow no daapem.’ Enti bisa wo ho sɛ: Esiane me ba no mfe ne onyin ho a ɔrebɛn no nti, so anohyeto no yɛ nea ntease wom? So asotwe no fata aniberesɛm a bɔne no yɛ no a ɛnyɛ me bo a afuw kɛkɛ nti? Na so abofra no nim nea enti a meretwe n’aso no ankasa?—Hiob 6:24.
13 Anohyeto ahorow a ntease biara nnim anaa nteɛso a ɛmfata bɛhyɛ abofra no abufuw.”‘ (Efesofo 6:4; Kolosefo 3:21) Nanso ɔdɔ mu a wufi ma wo nsa yɛ den wɔ wo ba so no bɛbɔ ne ho ban afi tebea horow a ebetumi asɛe nkyerɛkyerɛ ahorow a wode asie ne komam no nyinaa ho. Eyi ho hia titiriw wɔ fekuw a ɔne afoforo bɔ no mu. (Mmebusɛm 13:20; 28:7) Nanso dɛn na wobɛyɛ, sɛ wɔ wo mmɔdenbɔ nyinaa akyi no wo ba no tɔ ɔhaw ankasa mu a?
Bere A Ɔhaw Aba
14. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ ɔwofo pow abofra bra ma no ntɛm ara bere a ɔtɔ ɔhaw ahorow a anibere wom mu no?
14 Abasamtu kɛse ama awofo binom apow abofra a wayɛ bɔne no bra ama no ntɛm ara. Bere a Yehowa de asotwe ne nkaanim a ɛfata maa tete Israel man a na bere bi wɔte sɛ “ɔba” ma no no, wampow wɔn bra amma wɔn ntɛm ara. (Hosea 11:1; 2 Beresosɛm 36:15, 16; Dwom 78:37, 38; Nehemia 9:16, 17) Te sɛ wɔn a na wɔtete ammirikatufo wɔ tete bere no mu a wotumi kyekyere apirakuru na wɔtoa dompe a abu bere a mmirikatufo bi apira no, saa ara na ɛsɛ sɛ awofo bɔ mmɔden mprempren sɛ “wɔbɛhyɛ nsa a emu agow . . . no mu den . . . na nea ɔtɔ apakye no antere ho, na mmom wɔasa no yare.”—Hebrifo 12:12, 13.
15. Ɔkwan bɛn so na ɔwofo betumi de Galatifo 6:1 adi dwuma wɔ abofra a wayɛ bɔne a wɔbɛma wasakra n’akwan no ho?
15 Sɛ́ wɔbɛma abofra a ‘ɔtɔ apakye’ wɔ honhom mu asakra n’akwan na amma tebea a ɔwom no ankɔ so ansɛe no hwehwɛ sɛ wɔbɛma abofra no asakra ne nsusuwii. Paulo de afotu mae sɛ, “Sɛ mfomso bi bɛto obi [abofra] nso a, mo a moyɛ honhom mufo no, monteɛ nea ɔte saa no so odwo honhom mu.” (Galatifo 6:1) Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase sɛ ‘monteɛ no so’ no yɛ aduruyɛ mu asɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ Paulo bere so de gyinaa hɔ maa ‘toa a wɔtoatoa nnompe a abubu.’ Ɛda adi sɛ adeyɛ a ɛyɛ yaw yi gye ahokokwaw kɛse na amma dompe a abu no ammɛyɛ asetra nyinaa mu ɔhaw. Wɔakyerɛ saa asɛmfua koro no ara ase sɛ ‘tua a wotuatua (asau) mu’ ne “yɛ a wɔyɛ biribi yiye.” (Marko 1:19; 1 Tesalonikafo 3:10) Sɛ ‘wubetuatua’ abofra komam a, ɛnde bɔ mmɔden sɛ wobɛma “nkyerɛkyerɛ” no adu ne komam. Sɛ́ wo ne no bɛkasakasa mmom no, di Bible nyansahyɛ a ɛho hia no akyi: ‘Yi odwo adi . . . na brɛ [wo] bo ase bɔne ho, na fa odwo kasa kyerɛ wɔn a wɔne wo di asi, nsɛm mu, sɛ ebia Onyankopɔn bɛma wɔn adwensakra.’—2 Timoteo 2:24-26.
16. (a) Nsakrae ahorow bɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ na ama wɔatumi aboa abofra a wayɛ bɔne ma wasakra n’akwan? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ wɔma abofra no te ase pefee?
16 Sakra a wɔbɛma abofra asakra ne nsusuwii a ɛnteɛ no hwehwɛ sɛ ɔwofo bɛma ntetee a ɔde ma no mu ayɛ den. Ebia ɛho behia sɛ ɔwofo no yɛ nsakrae ahorow wɔ n’asetra mu na ama watumi de ntetee a ehia no ama. Yesu kaa ɔbea bi a ogyaee biribiara yɛ kɔhwehwɛɛ ne dwetɛbona a ɛyerae no ho asɛm wɔ bɛ bi a ɛda mmɔden a ɛfata a wɔbɔ sɛnea ɛbɛyɛ a “ɔdebɔneyɛfo biako” bɛsakra n’adwene adi no mu. (Luka 15:7-10) Yɛ a wabɛyɛ obi a ɔmfra ne afobu nkate horow betumi anya abofra a wɔde onyamesompa atete no so nkɛntɛnso bere a ne bɔne a wayɛ da adi no, enti ɛho hia sɛ ɔwofo si ɔdɔ a ɔwɔ ma abofra no so dua. Boa abofra no ma onhu sɛ n’abrabɔ no na wompɛ na ɛnyɛ ɔno ankasa, ne sɛ obetumi asakra n’abrabɔ no.—Yuda 23.
17, 18. (a) Ɔkwan bɛn so na agya bi tumi maa ne ba sakraa n’akwan? (b) Dɛn na ɛtaa ma nneɛma yɛ yiye?
17 Agya biako a asafo no de nteɛso maa ne ba esiane abrabɔ bɔne nti fii ase ne ne ba no tuu mpase kɔɔ mmeae ahorow mpɛn pii dapɛn biara na ɔne no bɔɔ nkɔmmɔ wɔ odwo kwan so bere tenten. Afei nso ɔpaw Bible nhoma ahorow a ɛka ne ba no ahiade ahorow pɔtee ho asɛm. Agya no ne abarimaa no suaa eyinom de kaa ma a ɔma onyaa kyɛfa wɔ adesua a ɔne abusua mũ no nyinaa yɛ no mu no ho. Ɔwofo no yɛɛ nsakrae wɔ n’adwuma sɛ asafo mu ɔpanyin no mu sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi adi ne ba no nkate ne adwenem ahiade ho dwuma. Abarimaa no sakraa n’abrabɔ.
18 Nanso ɛtɔ bere bi a, ɔbabarima anaasɛ ɔbabea betumi adan otuatewfo koraa ma ‘wabu osetie animtiaa’ mpo.b (Mmebusɛm 30:7) Nea ɛyɛ anigye no, eyi ntaa nsi wɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu. Hwɛ nkuranhyɛ ara a ɛyɛ sɛ yebehu sɛ wɔ tebea horow pii mu no, bere a awofo mmu wɔn ani ngu abrabɔ bɔne no so no, wɔmpow abofra no bra mma no ntɛm ara na mmom wɔde boasetɔ bɔ mmɔden sɛ wobedu ne komam, na nneɛma pa fi mu ba!
Adwuma A Ɛyɛ Den—Nanso Mfaso Wɔ So!
19. Ɔkwan bɛn so na wubetumi asuasua Maria nhwɛso no wɔ hwɛ a wobɛhwɛ w’abusua no mu?
19 Mmofra a wɔtete wɔn, ne titiriw wɔ “nna a edi akyiri” yi mu no yɛ adwuma a ɛyɛ den. Ɛsɛ sɛ wɔkamfo awofo a.. wobu asɛyɛde a ɛte sɛɛ aniberesɛm no! Kɔ so hwehwɛ bo a nneɛma a wopɛ som no mu. Mma honam fam “nneɛma pii” a wode bɛma w’abusua no nsiw wo kwan wɔ honhom mu nneɛma a wo ne wɔn benya mu kyɛfa no ho. Kae, Yesu ka kyerɛɛ Marta sɛ “ade biako na ehia.” Yiw, na aduan kakraa bi a ɔbɛyɛ no ye. Yɛ te sɛ nana a ɔne Yesu nyaa honhom mu nneɛma mu anigye kɛse no. Paw “nea eye” ma w’abusua denam honhom mu nnwuma a mobɛyɛ sɛ abusua no so.—Luka 10:38-42.
20. Akatua bɛn na ɛwɔ hɔ ma Kristofo awofo a wotumi tete wɔn mma?
20 Bere a ɔwofo bi atumi aboa ne mma baasia ma wɔatumi anya ɔdɔ ama Yehowa akyi mfe bi no, ne nsa kaa krataa fii wɔn mu biako hɔ. Ne fã bi kenkan sɛ: “Mama, medɔ wo kɛse sen sɛnea wubetumi ahu. Meda wo ase wɔ akwankyerɛ a wode maa me no ho . . . Woma minyaa anidaso a eye sen biara wɔ wiase no mu na ɛno ne nokware no. Meda wo ase sɛ woagye me nkwa.” Hwɛ sɛnea ɛna yi dii ahurusi! Sɛnea Mmebusɛm 23:24, 25 ka no: “W’ani betumi agye ɔbabarima [anaa ɔbabea] nyansafo ho. Ma w’agya ne wo na ani nnye wo ho; ma wo na nnya saa anigye no.” (Today’s English Version) Ɛmmra sɛ ɛdenam Yehowa mmoa so no wubenya anigye a ɛte saa!
[Ase hɔ nsɛm]
a Sɛ wopɛ Yesu asase so asetra ho asɛm a wɔatwa no tiaa a, hwɛ asɛm a ɛne “So Nokware Nkwa No Mu Pintinn” a ɛwɔ June 1, 1973 Ɔwɛn-Aban mu no mu. Asɛm a ɛne “Monkyerɛ Sɛ Moyɛ Kristo Nokware Asuafo” a ɛwɔ January 1, 1978 Ɔwɛn-Aban mu no ka ne su ahorow pii ho asɛm na saa ara na Aid to Bible Understanding (a Ɔwɛn Aban Bible ne Nhomawa Asafo a ɛwɔ New York tintimii) nkratafa 927-32 nso yɛ.
b Nhwehwɛmu bi a ɛfa mmofra 417 ho a wotintim wɔ nsɛmma nhoma a wɔfrɛ no Adolescence mu no ka sɛ: “Ofi a anohyeto pii wom de abasamtu ne afei basabasayɛ ba, na ofi a obiara tumi yɛ nea ɔpɛ wom de abasamtu ba esiane nim a wonnim nea awofo hwɛ kwan nti, ɛno nso de basabasa a wɔyɛ de hwehwɛ nnyinasosɛm ahorow ba.”
Hwɛ “Asemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” a ɛwɔ May 1, 1960 Watchtower kratafa 287-8 no.
Dɛn Na Woka?
◻ Ɔkwan bɛn so na ɔwofo betumi ama nkitaho a efi komam a ɔne abofra di no anya nkɔso?
◻ Dɛn na ɛbɛboa abofra ma wanya ahonim pa?
◻ Dɛn na ɛbɛma nteɛso atumi ayɛ nea etu mpɔn?
◻ Ɔkwan bɛn so na wobetumi ama abofra a wayɛ bɔne asakra n’akwan?
[Kratafa 10 adaka]
Ɔhaw a Ɛwɔ Boseabɔ Mu
“Ɔhaw a ɛwɔ boseabɔ mu ne sɛ bere a obi nsa aka sika no, ofi ase susuw sɛ ɛyɛ n’ankasa de. Ɛba bɛyɛ onii no de, obu no sɛ n’abusua no de, na ebia ɔbɛpow anaasɛ ɔbɛma ne werɛ afi nokwasɛm a ɛyɛ sɛ da koro bi ebefi ne nkyɛn akɔ onipa foforo hɔ. Boseabɔ nyɛ den. Ne tua mmom na ɛyɛ yaw.” Saa na Parade a ɛyɛ atesɛm krataa a wotintim Kwasida no ka wɔ ɔhaw a ɛyɛ adwenem de a ɛfa boseabɔ ho no ho.
Nanso, ɔhaw no pii ka ho. Abrabɔ fam de nso wɔ hɔ—asɛyɛde a ɛne bosea a obi akogye a ɔbɛsan atua no. Enti, eye sɛ yɛbɛma adwene a Yehowa wɔ wɔ obi a ɔbo bosea a ontua ho no tra yɛn adwenem. Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Ɔbɔnefo fɛm, na ontua.”—Dwom 37:21.
[Kratafa 6 mfoni]
Aso a wobɛyɛ atie wɔ bere a enye mu mpo betumi ahyɛ nkitahodi a efi komam ho nkuran
[Kratafa 8 mfoni]
Ɛyɛ adwuma a ɛyɛ den ankasa sɛ wobɛma abofra ahu ɔdɔ a wowɔ ma no na woadu ne komam bere a wayɛ bɔne a anibere wom no