Onyankopɔn Asɛm Wɔ Nkwa
Dɛn Ne Onyankopɔn Ahenni No?
BERE a Yesu Kristo wɔ asase so no na n’adwuma titiriw ne sɛ ɔbɛka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm na wakyerɛkyerɛ. Ɔkae bere bi sɛ: “Ɛsɛ sɛ meka Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa no efisɛ eyi na wɔbɔɔ din somaa me.” (Luka 4:43) Sɛnea wubetumi ahu wɔ ha no, Yesu somaa n’akyidifo no sɛ wɔnkɔyɛ Ahenni asɛnka adwuma koro no ara. (Mateo 10:1, 7) Ɔkyerɛɛ n’akyidifo no mpo sɛ wɔmmɔ Onyankopɔn mpae sɛ: “W’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro.”—Mateo 6:10.
Dɛn ne saa Onyankopɔn Ahenni yi, na dɛn nti na ɛho hia saa? Wiɛ, wunim nea ɔhene yɛ. Ɔne obi a odi ɔman anaa asasesin bi so. Esiane sɛ ɔyɛ ɔhene nti, wɔfrɛ ne nniso no ahenni. Onyankopɔn Ahenni no nso yɛ nniso. Bible no ka ho asɛm sɛɛ so: “Na wɔawo akokoaa ama yɛn, wɔama yɛn ɔbabanin; ne nniso bɛda ne mmati so, na wɔafrɛ ne din sɛ Asomdwoe-hene; na ne nniso mu bɛtrɛw, na asomdwoe a enni awiei aba.”—Yesaia 9:6, 7, AV.
Saa ɔhene—Ɔhenkɛse, Yehowa Nyankopɔn Babanin yi—ne Yesu Kristo. Onyankopɔn apaw no sɛ ɔnyɛ N’Ahenni nniso no sodifo. Sɛnea ɛbɛyɛ a wubehu sɛ na Onyankopɔn Ahenni no ne ɔsɛmpɔw titiriw wɔ Kristo som adwuma no mu no, susuw nea esii da a na ɔrebewu no ho hwɛ. Bible no bɔ yɛn amanneɛ sɛ nnipa no totoo Yesu ano sɛ: “Yɛahu sɛ onipa yi resɛe yɛn man, na wabara sɛ wonnyi Kaesare tow, na ɔka sɛ ɔno ankasa ne ɔhene Kristo no.” Bere a Roma amrado Pontio Pilato tee eyinom no obisaa Yesu sɛ: “Wo ne Yudafo hene anaa?”—Luka 23:1-3.
Yesu ammua Pilato asemmisa no tẽe na mmom ɔkae sɛ: “M’ahenni mfi wi yi ase.” (Yohane 18:36) Yesu maa mmuae wɔ saa kwan yi so efisɛ na n’Ahenni no renyɛ asase so de a nnipa amammuisɛm wom. Sɛ́ Onyankopɔn Hene no, na obedi tumi afi soro, na ɛnyɛ sɛ onipa bi a ofi asase so ahengua bi so.
So wohyɛɛ nea Onyankopɔn nniso no bɛma adɔɔso a ɛremma awiei no nsow wɔ Yesaia nhoma no mu? Yiw, asomdwoe. So afei wutumi hu nea enti a saa nniso no ho hia saa no? Nnipa nniso biara nni hɔ a ebetumi de asomdwoe a ɛtra hɔ daa aba; Onyankopɔn Ahenni nkutoo na ebetumi ayɛ saa. Yesu de n’asetra wɔ asase so kaa nokware ahorow a ɛyɛ nwonwa wɔ Onyankopɔn Ahenni ho no ho asɛm kyerɛɛ nkurɔfo. Ná ɛne n’asɛm titiriw. Ahenni no da so ara yɛ ɔsɛmpɔw a ɛho hia titiriw nnɛ.