Ɔmaa ‘Nnesoa A Emu Yɛ Duru’ Yɛɛ Hare
YESU ka faa akyerɛwfo ne Farisifo no ho sɛ: “Wɔkyekyere nnesoa duruduru de to nnipa mmati, na wɔn ankasa de, wɔmpɛ sɛ wɔde wɔn nsateaa mpo ka.” (Mateo 23:4) Sɛ́ nea edi nokware a na eyi yɛ ho adanse no, yɛkenkan nea edi so yi wɔ A Dictionary of the Bible, a James Hastings yɛɛ ho adwuma, no mu sɛ:
“Na akyerɛwfo no nyɛ nyansapɛfo; na wɔyɛ Mmara kronkron no asekyerɛfo. . . . Edi asetra mu biribiara so. . . . Wɔde ahyɛde nketenkete pii kaa Bible mu mmarasɛm biara ho. Wɔansusuw nsɛm tebea no ho amma hokwan biara; wɔhwehwɛe sɛ Yudani biara di Mmara no fã biara so pɛpɛɛpɛ. Wɔde ‘Halakha’ anaasɛ Atetesɛm a wɔde mae sɛ ahyɛde kronkron fi awo ntoatoaso biako so kɔ foforo so, na awiei koraa no wɔde hyɛɛ Talmud no mu, no kaa Mmara a Wɔakyerɛw no ho. . . . Enti wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma Mmara no ayɛ nea ɛfa tebea biara ho, na wɔde mmara no dii ɔdesani adeyɛ biara so katee. Wɔde mmara no bi kekaa ho araa ma nyamesom bɛyɛɛ te sɛ aguadi, na asetra bɛyɛɛ adesoa a emu yɛ duru mmoroso. Ɛmaa nnipa bɛyɛɛ te sɛ mfiri. Wosiw ahonim ano; na wɔde mmara bebrebe kataa tumi a Onyankopɔn asɛm wɔ no so. Ɛno nti na yɛn Awurade kasa tiaa Farisifo no sɛ, wɔn atetesɛm nti wɔmaa Mmara no yɛɛ hunu no.”
Hwɛ nkuranhyɛ ara a na ɛbɛyɛ ama nnipa ahobrɛasefo ne anokwafo sɛ wɔbɛte sɛ Onyankopɔn Ba no nnsusuw ɔsom ho wɔ saa kwan no so! Hwɛ anigye ara a na ne nsɛm yi bɛyɛ ama wɔn: “Mo a moayɛ adwuma abrɛ na wɔasoa mo nnosoa nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma moahome. Momfa me kɔndua nto mo ho so, na munsua me, sɛ midwo na mebrɛ me ho ase koma mu; na mubenya ɔhome ama mo kra. Na me kɔndua yɛ mmerɛw na m’adesoa yɛ hare”!—Mateo 11:28-30.