Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • wcg ti 51 kr. 228-231
  • “Awerɛkyekye Ba”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Awerɛkyekye Ba”
  • Nya Akokoduru Na Wo Ne Onyankopɔn Nnantew
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sua Pii Ka Ho
  • Dɛn Na Woasua?
  • Dwinnwen Asɛm Yi Ho Kɔ Akyiri
  • Sua Biribi Foforo Wɔ Ha
  • Barnaba—“Awerɛkyekye Ba”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • ‘Anigye Ne Honhom Kronkron Hyɛɛ Wɔn Ma’
    ‘Di Onyankopɔn Ahenni Ho Adanse Fefeefe’
  • “Wɔde Yehowa Tumi Kasae Akokoduru So”
    ‘Di Onyankopɔn Ahenni Ho Adanse Fefeefe’
  • Kristofo Asɛmpatrɛw Adwuma Nhwɛso A Efi Honhom Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Nya Akokoduru Na Wo Ne Onyankopɔn Nnantew
wcg ti 51 kr. 228-231

51 BARNABA

“Awerɛkyekye Ba”

Nea Yɛaprente
Nea Yɛaprente

BERE a Saul a ofi Tarso fii Yerusalem no, edii mfe 3 ansa na ɔresan aba hɔ, na ɔbae no, ɔhwehwɛɛ Kristofo a ɛwɔ hɔ no akyi kwan. (Gal. 1:​15-19) Ná wabɛyɛ wɔn nua Kristoni, nanso wɔn de, na wɔda so hu no sɛ obi a ɔtan Kristofo ani. Ɛbɛyɛ sɛ na wɔn mu pii nnye nni sɛ wasesa ampa. Ɔbarima bi a akyiri yi wɔbɛfrɛɛ no Barnaba de, Saul asɛm yɛɛ no mmɔbɔ, na onyaa akokoduru boaa no.

Ná Kristofo a wɔwɔ Yerusalem no suro sɛ wɔbɛboa Saul a ofi Tarso, nanso Barnaba nyaa akokoduru kɔboaa no

Bere a edi kan a Bible kaa Barnaba ho asɛm no, edin a ɛde frɛɛ no ne Yosef, na saa bere no, na wabɛyɛ Kristoni. Esiane sɛ na ne yam ye, na ɔtaa yɛ nneɛma de kyekye afoforo werɛ nti, asomafo no too ne din Barnaba a n’asekyerɛ ne, “Awerɛkyekye Ba.” Sɛ nhwɛso no, bɛyɛ afe 33 Y.B. Pentekoste afahyɛ bere mu no, Yosef tɔn n’asaase, na ɔde sika no kɔmaa ne nuanom Kristofo a wɔhia mmoa. Afei, bere a Saul baa Yerusalem afe 36 Y.B. mu no, Barnaba nyaa akokoduru boaa no. Bible ka sɛ: “Barnaba boaa no, na ɔde no kɔɔ asomafo no nkyɛn.”

Asomafo mmienu bi wɔ fie rekenkan nhoma mmobɔwee, na Barnaba de Saul aba wɔn nkyɛn; wuhu sɛ Barnaba ani agye.

Efi saa bere no reba no, wɔn mmienu bɛyɛɛ nnamfo, na obiara boaa ne yɔnko. Bere a Saul wɔ Yerusalem no, ɔde akokoduru kaa asɛmpa no. Ɛno nti, na Yudafo bi repɛ no akum no. Enti anuanom a wɔwɔ hɔ no ma ɔkɔɔ ne kurom Tarso. Barnaba de, bɛyɛ mfe 9 akyi no, wɔsomaa no kɔɔ Antiokia a ɛwɔ Siria no ma ɔkɔhyɛɛ asuafo foforo no den. Bible ka sɛ: “Ná Barnaba yɛ onipa pa, na na honhom kronkron ne gyidi ayɛ no ma.” Asɛmpa a Barnaba kɔkaa wɔ Antiokia no, nnipa pii tiei ara ma eduu baabi no, na ehia sɛ obi kɔboa no. Enti ɔkɔɔ Tarso kɔhwehwɛɛ n’adamfo Saul de no baa Antiokia, na wɔn mmienu kaa wɔn ti boom de akokoduru kaa asɛmpa no. Afei nso, wɔyɛɛ nhyehyɛe gyigyee sika ne nneɛma bi de kɔboaa anuanom a wɔhia mmoa no.

Saul a akyiri yi wɔbɛfrɛɛ no Paul no ne Barnaba tutuu akwan kɔyɛɛ asɛmpatrɛw adwuma. Ná wɔhia akokoduru paa na wɔatumi ayɛ saa adwuma no. Bere bi sei a na wɔreka asɛm no wɔ Ikoniom no, na Yudafo bi a wɔmpɛ Kristofo asɛm pɛ sɛ wɔsiw wɔn abo kum wɔn. Enti asɛmpatrɛwfo yi fii hɔ bɔkɔɔ de wɔn ani kyerɛɛ Listra. Ahyɛase no, na ɛhɔfo no susuw sɛ wɔyɛ anyame. Nanso atamfo bi fi Antiokia ne Ikoniom bɛsɛee nkurɔfo no adwene. Ɛno nti wɔsiw Paul abo twee no kɔɔ kurow no akyi, efisɛ na ɛyɛ wɔn sɛ wawu. Nanso Kristofo a wɔwɔ Listra no betwaa Paul ho hyiae, ɛnna Paul sɔre ne wɔn san kɔɔ kurow no mu. Bere a Barnaba hui sɛ Paul da so te ase no, hwɛ sɛnea ne bo bɛtɔ ne yam afa! Akyiri yi wɔne anuanom dii nkra, na wɔfii kurom hɔ. Nanso ankyɛ na wɔsan baa Listra bɛkyekyee Kristofo a ɛwɔ hɔ no werɛ. Nea wɔyɛe no kyerɛ sɛ na wɔwɔ akokoduru paa!

Ɛwom, Barnaba ne Paul hyiaa ɔhaw pii a na ebetumi de wɔn nkwa ato asiane mu, nanso wɔboom kaa asɛmpa no, na wɔyɛɛ anwanwade pii. Bere bi de, biribi sii a anka ɛreyɛ asɛe wɔn ntam. Nea ɛkɔbae ne sɛ, na Barnaba asi ne bo sɛ wɔn asɛmpatrɛw akwantu a edi hɔ no, ɔde ne busuani Marko bɛka wɔn ho akɔ. Nanso na Paul ne no nyɛ adwene, efisɛ bere bi a wɔde Marko kaa wɔn ho kɔe no, ogyaw wɔn hɔ. Ná Barnaba ne Paul mu biara nyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛte ne yɔnko ase, enti ɛkɔfaa “akasakasa a emu yɛ den bae, na obiara faa ne kwan.”

Nea esii no, na egye akokoduru paa na Barnaba amfa Paul ho abufuw anhyɛ ne mu, na ama ɔne ne ntam akɔ so ayɛ kama. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ asɛm ba yɛne yɛn nua Kristoni bi ntam a, nea ɛtaa ba yɛn komam ne sɛ, yɛde onipa no ho asɛm bɛhyɛ yɛn mu, yɛbɛkeka ne ho asɛm yayaayaw akyerɛ afoforo, anaa yɛbɛtwe yɛn ho afi asafo no ho. Egye akokoduru paa na yɛatumi ayi adwene a ɛte saa afi yɛn tirim, na yɛayere yɛn ho ama asomdwoe atena yɛne yɛn nuanom Kristofo ntam, na yɛne Yehowa ntam nso ayɛ kama.

Ɛda adi sɛ, wɔn mu biara amma nea esii no ansɛe ne som. Barnaba ne Marko faa po so hyɛn kɔɔ Kipro, na wɔkɔtoaa so yɛɛ asɛnka adwuma no wɔ hɔ. Ɛnna Paul nso faa Silas kaa ne ho, na ɔtoaa n’akwantu so kɔbɔɔ adwuma maa Yehowa.

Mmarima mmienu yi, wohwɛ a wɔn mu biara de ne yɔnko ho asɛm hyɛɛ ne mu anaa? Daabi, wɔanyɛ saa. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, akyiri yi, Paul bɔɔ Barnaba din pa wɔ ne nkrataa a honhom kaa no ma ɔkyerɛwee no mu. Ne nkrataa no baako mu no, ɔkaa sɛ ɔne Barnaba nyinaa yɛ adwuma de hwɛ wɔn ho na wɔatumi ayɛ asɛnka adwuma no; wɔmfa wɔn yafunu nto obiara so. (1 Kor. 9:6) Krataa foforo mu nso, ɔkaa “Barnaba busuani Marko” ho asɛmpa. (Kol. 4:​10, 11) Enti ɛwom, asɛnka adwuma no de Paul kopuee baabi, ɛnna ɛde Barnaba nso kopuee baabi foforo, nanso wɔn adamfofa no de, ansɛe. Barnaba toaa so kaa asɛmpa no, na yebetumi aka sɛ ɔkɔɔ so kyekyee nkurɔfo werɛ sɛnea ne din no kyerɛ no. Afei nso adwuma a ɔne aberantewa Marko yɛe no, ɛbɛyɛ sɛ ɛma onyaa hokwan kyerɛɛ Marko nneɛma pii wɔ ɔsom adwuma no mu. Yebesua Marko akokoduru ho ade wɔ ti a edi hɔ no mu.

Kenkan asɛm yi fi Bible mu:

  • Asomafo Nnwuma 4:​34-37; 9:​23-31; 11:​19-30; 12:25–13:​5, 42-52; 14:​1-26; 15:​35-41

Yensusuw wei ho:

Dɛn ne dɛn na Barnaba yɛe a ɛkyerɛ sɛ na ɔwɔ akokoduru?

Sua Pii Ka Ho

  1. 1. Bere a wɔrekyɛ agyapade ama Israelfo no, wɔamma Lewifo no asaase. Enti ɛyɛɛ dɛn na Barnaba a na ɔyɛ Lewini no tumi nyaa asaase? (Num. 18:20; Aso. 4:​36, 37; w98 4/15 20 ¶4, ase hɔ asɛm)

  2. 2. Adɛn nti na na wɔfrɛ Barnaba ɔsomafo? (Aso. 14:14; it “Barnaba” ¶3-wcgr)

  3. 3. Bere a Barnaba ne Paul kɔɔ Kipro no, wɔdii ɔbarima bi a wɔfrɛ no Sergio Paulos adanse. Bere a Luka reka Sergio Paulos ho asɛm wɔ Asomafo Nnwuma mu no, ɔfrɛɛ no “ɔmantam soafo.” Adɛn nti na yebetumi aka sɛ ɔfrɛ no saa a, ontii? (Aso. 13:​7, 12; it “Kipro” ¶7-wcgr) A

    Bank of Cyprus Cultural Foundation Collection

    Mfoni A: Sika bi a wɔakohu wɔ Kipro a Klaudio ti da so. Bere a Barnaba ne Paul kɔɔ Kipro supɔw no so no, Klaudio na na ɔyɛ Roma Ɔhempɔn wɔ hɔ. Wɔakyerɛw biribi foforo nso wɔ sika no so a ɛma yehu sɛ, sɛ obi yɛ amrado wɔ Kipro a, na wɔfrɛ no “ɔmantam soafo”

  4. 4. Adɛn nti na ɛnyɛ nwanwa sɛ Listrafo no yɛe sɛ wɔrebɛbɔ afɔre ama Barnaba ne Paul? (bt 97, adaka)

Dɛn Na Woasua?

  • Dɛn ne dɛn na yebetumi ayɛ de asuasua Barnaba ayamye no?

  • Ɛbɛyɛ sɛ ahyɛase no, Barnaba na na odi nneɛma anim wɔ ɔne Paul asɛmpatrɛw akwantu no mu, nanso akyiri yi, Paul na na odi akoten wɔ adwuma no mu. Nanso biribiara nkyerɛ sɛ na Barnaba ani bere no. Nneɛma bɛn mu na yebetumi asuasua Barnaba nhwɛso no? B

    Mfoni Ahorow: 1. Asafo mu panyin bi a n’ani afi kakra rehwɛ “Ɔwɛn-Aban” Adesua so wɔ Ahenni Asa so, ɛnna onua aberante bi nso anya hokwan rekenkan “Ɔwɛn-Aban” no, na wutumi hu sɛ n’ani gye n’adwuma no ho. 2. Mfe bi atwam, na afei de, onua aberante no na ɔrehwɛ “Ɔwɛn-Aban” Adesua no so, ɛnna ɔpanyin a n’ani afi kakra no te adesua no ase, na wuhu sɛ n’ani agye adesua no ho.

    Mfoni B

  • Akokoduru a na Barnaba wɔ no, wobɛyɛ dɛn asuasua?

Dwinnwen Asɛm Yi Ho Kɔ Akyiri

  • Dɛn na asɛm yi ma mihu fa Yehowa ho?

  • Nea Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no, dɛn na asɛm yi ma mihu fa ho?

  • Barnaba ho ade bɛn na woasua a ɛma w’ani gye sɛ ɔne Kristo rekodi ade wɔ soro?

Sua Biribi Foforo Wɔ Ha

Ayɔnkofa a na ɛda Barnaba ne Paul ntam no, sɛn na ɛma yehu sɛ, sɛ obi ne obi suban nsɛ mpo a, wɔbetumi abom ayɛ adwuma?

“Akasakasa Ba Wo ne Afoforo Ntam a, Wubesiesie Ama Asomdwoe Aba Anaa?” (w17.06 16-20)

Hwɛ video yi, na wubehu sɛnea anuanom betumi asiesie wɔn ntam te sɛ Barnaba ne Paul.

“Yesiesiee Yɛn Ntam” (3:23)

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena