Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • wcg ti 44 kr. 200-203
  • ‘Obiara Nni Hɔ a Ɔyɛ Kɛse Sen No’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Obiara Nni Hɔ a Ɔyɛ Kɛse Sen No’
  • Nya Akokoduru Na Wo Ne Onyankopɔn Nnantew
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sua Pii Ka Ho
  • Dɛn Na Woasua?
  • Dwinnwen Asɛm Yi Ho Kɔ Akyiri
  • Sua Biribi Foforo Wɔ Ha
  • Hena Ne Yohane Suboni?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Onyaa Akokoduru Wɔ Mmere Bɔne Mu
    Nya Akokoduru Na Wo Ne Onyankopɔn Nnantew
  • Hwehwɛ Nsɛmmisa Yi Ho Mmuae
    2025-2026 Ɔmansin Nhyiam Program—Ɔmansin Sohwɛfo Na Ɔbɛyɛ
  • Nsɛm a Mmarima Anokwafo Kae De Dii Nkra No, Sua Biribi Fi Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
Hwɛ Pii Ka Ho
Nya Akokoduru Na Wo Ne Onyankopɔn Nnantew
wcg ti 44 kr. 200-203

44 YOHANE SUBONI

‘Obiara Nni Hɔ a Ɔyɛ Kɛse Sen No’

Nea Yɛaprente
Nea Yɛaprente

MFE bebree ansa na Yohane reba no, na Yehowa nsomaa ne diyifo biara mmaa ne nkurɔfo nkyɛn. Nanso, prɛko pɛ na Yehowa somaa Yohane sɛ ɔmmɛkasa nkyerɛ ne nkurɔfo. Ná ɔwɔ akokoduru, efisɛ baabi a na ɔte wɔ Yudea sare so no, na nkekantwɛre, awɔ, ne mmoa akɛse a wɔn ho yɛ hu ahyɛ hɔ ma. Afei nso, na ɛhɔ yɛ mmonkyimmɔnka, na na akorɔmfo nyɛ na wɔ hɔ. Ɛnyɛ ɛno nko ara; asɛm a Yohane bɛkae no, sɛ onni akokoduru a, anka ɔrentumi nka.

Ɛbɛyɛ sɛ Yohane mmofraberem na ne papa Sakaria ne ne maame Elisabet ma ohuu nea Onyankopɔn bɔfo bi ka faa ne ho. Enti yebetumi aka sɛ, na Yohane nim sɛ ɔbɛba abɛyɛ odiyifo a ɔbɔ ne ho mmɔden te sɛ Elia na wayɛ Nasirini te sɛ Samuel. Afei nso, na obesiesie kwan mu ama obi a ɔso sen no. Ná Yohane papa yɛ ɔsɔfo, enti bere a Yohane dii mfe 30 no, anka ɔno nso betumi ayɛ ɔsɔfo ama no ayɛ yiye. Nanso ɔbɛyɛɛ odiyifo. Ansa na Yohane reba no, na odiyifo Yesaia ahyɛ nkɔm sɛ ‘obi bɛteɛm wɔ sare so,’ na saa nkɔmhyɛ no baa mu wɔ Yohane so. Yohane ka kyerɛɛ ne manfo sɛ wɔnsakra wɔn adwene. “Ɔsoro Ahenni no” ho asɛm na ɔkae, na ahokeka a ɔde kaa asɛm no nti, ɛmaa nkurɔfo pii fii wɔn nkurow mu betiee no. Yehowa honhom ma ɔbɔɔ nkurɔfo asu wɔ nsu mu. Ná Sadukifo ne Farisifo no yɛ nyamesom akannifo a nyaatwom ahyɛ wɔn ma, na na nkurɔfo nso suro wɔn, nanso Yohane nyaa akokoduru kaa wɔn anim.

Yohane Suboni gyina Asubɔnten Yordan mu, na ɔde akokoduru rekasa akyerɛ Sadukifo ne Farisifo ahantanfo no. Wɔn a wɔabɔ asu foforo, ne wɔn a wɔgyinagyina asubɔnten no ho no rehwɛ nea ɛrekɔ so.

Adwuma a Yehowa de hyɛɛ Yohane nsa no amma wamma ne ho so. Mmom ɔbrɛɛ ne ho ase, na ɔkaa sɛ ɔno de, ɔreprapra kwan mu ama obi a ɔso kyɛn no. Yohane kaa sɛ, saa onipa no mpaboa hama mpo, ɔmfata sɛ ɔsan. Bere a Yohane rebɔ Yesu asu no, ɔtee sɛ Yehowa nne reka sɛ: “Oyi ne me Ba, nea medɔ no na magye no atom.” Akyiri yi, bere a Satan sɔɔ Yesu hwɛe a ɔsan baa Yohane nkyɛn no, Yohane kaa asɛm bi faa Yesu ho ma obiara tee. Nea ɔkae ne sɛ: “Hwɛ, Onyankopɔn Guammaa no ni, nea oyi wiase bɔne fi hɔ no!”

Ade baako nso a ɛma yehu sɛ na Yohane brɛ ne ho ase ne sɛ, ɔka kyerɛɛ ɔno ara n’asuafo sɛ wɔnkɔka Yesu ho. Enti wɔn mu bebree kodii Yesu akyi. Wɔn a wɔkodii Yesu akyi no bi ne Petro nua Andrea, na ɛbɛyɛ sɛ na Sebedeo ba Yohane nso ka ho. Akyiri yi, Andrea ne Yohane bɛkaa Yesu asomafo no ho. Adwuma a na Yohane reyɛ no, Yesu nso fii ase yɛɛ bi. Ɔno nso ka kyerɛɛ nkurɔfo sɛ wɔnsakra wɔn adwene na wɔmmɔ wɔn asu. Bere a Yohane tee sɛ Yesu asuafo no rebɔ nkurɔfo bebree asu sen no no, anhaw no. Mmom ɔde ahobrɛase kaa sɛ, “ɛsɛ sɛ ɔkɔ so dɔre, na me de, me so huan.”

Yohane asɛm no hyɛɛ nyamesom akannifo ne atumfo abufuw, nanso wɔn a na wɔretwɛn Mesia no de, ɛmaa wɔn ani gyei

Ná Yohane wɔ akokoduru paa. Adɛn ntia? Ɔkaa asɛm no kyerɛɛ atumfo ne ahemfo nso. Mmere bi sei, Herode Antipa a na wabɛyɛ Yudani a ohu ne ho sɛ ɔsom Onyankopɔn yiye no, obuu mmara so kɔwaree ɔno ankasa ne nua yere Herodia. Enti Yohane de akokoduru ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ wabu Yehowa mmara so. Wei maa Herode de Yohane kɔtoo afiase. Nanso wei nko ara amma Herodia koma antɔ ne yam; na ɔpɛ sɛ wɔkum Yohane.

Bere a Yohane da afiase no, ɔsomaa n’asuafo mmienu ma wɔkobisaa Yesu sɛ: “Wone Nea Ɔreba no, anaasɛ yɛnhwɛ obi foforo kwan?” Yesu kaa anigyesɛm bi kyerɛɛ Yohane asuafo no. Ɔkaa sɛ: “Seesei anifuraefo hu ade, . . . wɔn a wɔn aso asiw te asɛm, wonyan awufo.” Saa asɛm yi maa Yohane koma tɔɔ ne yam paa. Ɛwom, na Yohane yɛ odiyifo te sɛ Elia, nanso Yehowa amma no tumi biara a ɔde bɛyɛ anwanwade. Nanso bere a Yohane da afiase a anidaso nyinaa asa ama no mpo no, ɛbɛyɛ sɛ na ɔwɔ anigye mu, efisɛ na onim sɛ adwuma a ɔbɛyɛe no na abɔ kwan ama Yesu a ɔreyɛ nnwuma akɛse a ɛte saa no.

Nanso ankyɛ biara na Herodia faa kwatikwan bi so ma wɔkum Yohane. Nea ɛkɔbae ne sɛ, Herodia babea kɔsae wɔ Herode anim, enti Herode hyɛɛ no bɔ sɛ ɔbɛyɛ ne koma so ade biara a ɔpɛ ama no. Bere a Herodia tee ara pɛ na ɔkɔdaadaa ne babea no sɛ, ɔnkɔka sɛ ɔpɛ Yohane Suboni ti. Ɛwom, na ɛnyɛ Herode yam sɛ obekum Yohane, nanso ehu nti, ɔma wɔkum no. Nokwasɛm ni, Yohane nyaa akokoduru ara kɔpem sɛ owui.

Bere bi Yesu kaa sɛ: “Mereka akyerɛ mo sɛ, wɔn a mmea awo wɔn nyinaa mu no, obiara nni hɔ a ɔyɛ kɛse sen Yohane.” Adiyifo te sɛ Mose, Elia, ne nnipa afoforo a bɔne wɔ wɔn ho no, wɔn mu biara nni hɔ a onyaa hokwan bɛyɛɛ nea Bible kaa ne ho asɛm sɛ “ɔreteɛm wɔ sare so” a ɔprapraa kwan mu maa Mesia no. Ɛnnɛ ne nnɛ nyinaa, sɛ yedwinnwen akokoduru a Yohane daa no adi no ho a, ɛka yɛn ma yɛn nso yesuasua no, na yɛda akokoduru kɛse adi.

Kenkan asɛm yi fi Bible mu:

  • Mateo 3:​1-17

  • Marko 6:​14-29

  • Luka 7:​18-28

  • Yohane 1:​6-8, 15, 19-37; 3:​25-30

Yensusuw wei ho:

Dɛn ne dɛn na Yohane Suboni yɛe a ɛkyerɛ sɛ na ɔwɔ akokoduru?

Sua Pii Ka Ho

  1. 1. Abusuabɔ bɛn na na ɛda Yohane Suboni ne Yesu ntam? (w10 9/1 15 ¶4-6-wcgr)

  2. 2. Dɛn na abakɔsɛm kyerɛwfo Flavius Josephus a ɔtenaa ase wɔ asomafo no bere so no kyerɛwee a ɛma yehu sɛ, Yohane Suboni yɛ obi a ɔtenaa ase ampa? (mrt asɛm 14-wcgr) A

    Mfoni A: Sika bi a Herode Antipa twae. Wɔakyerɛw so: “Herode a Ɔyɛ Ɔmantam Sodifo.” Wɔtwaa sika no afe 30 Y.B.

  3. 3. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ “Elia honhom ne ne tumi” na Yohane de yɛɛ adwuma? (Luka 1:17; it “Honhom” ¶60-wcgr) B

    Mfoni Ahorow: 1. Yohane Suboni de akokoduru rehwɛ n’anim tee. 2. Elia gyina Karmel Bepɔw so, na ɔde akokoduru refrɛ ogya afi soro.

    MfoniB

  4. 4. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ bere a Yohane wui no, wɔannyan no ankɔ soro? (Mat. 11:11; ijwbq asɛm 178 ¶4)

Dɛn Na Woasua?

  • Yohane maa Bible nkɔmhyɛ baa mu, na ɔbɔɔ kwan maa Mesia no, ne nyinaa mu no, na ɔbrɛ ne ho ase. (Yoh. 1:​26, 27) Dɛn na yebetumi asua afi ne hɔ?

  • Yohane anhwehwɛ nneɛma akɛse biara wɔ n’abrabɔ mu, na mmom nea na ehia no paa ne sɛ ɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde. (Mat. 3:4) Yɛn nso, dɛn na ebetumi aboa yɛn na yɛanhwehwɛ nneɛma akɛse wɔ abrabɔ mu? D

    Mfoni Ahorow: Awarefo bi resusuw ho ahwɛ sɛ wɔntɔ kar anaa. 1. Wɔrehwɛ kar ahorow wɔ wɔn kɔmputa so ahwɛ sɛ wɔbenya nea wɔpɛ anaa. 2. Akyiri yi, wɔabom rebɔ mpae, na wɔabue Bible mu da wɔn anim.

    MfoniD

  • Akokoduru a na Yohane Suboni wɔ no, wobɛyɛ dɛn asuasua?

Dwinnwen Asɛm Yi Ho Kɔ Akyiri

  • Dɛn na asɛm yi ma mihu fa Yehowa ho?

  • Nea Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no, dɛn na asɛm yi ma mihu fa ho?

  • Sɛ Onyankopɔn nyan Yohane Suboni ba a, asɛm bɛn na mebisa no?

Sua Biribi Foforo Wɔ Ha

Hwɛ sɛnea Yohane de anigye ne abotare gyinaa ɔhaw ano.

“Yohane Suboni​—Ne Nhwɛso Betumi Aboa Ama Yɛn Ani Akɔ So Agye” (w19.08 29-31)

Sɛ wɔtan yɛn ani, yɛn sikasɛm yɛ basaa, anaasɛ obi di yɛn huammɔ a, ɔkwan bɛn so na Yohane asɛm no betumi aboa yɛn?

Sua Biribi Fi Wɔn Hɔ—Yohane Suboni (6:58)

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena