TI 16
Dɛn Na Ɛho Hia Ankasa?
Ná ɔbarima no haw ne sɛn?
DA BI, ɔbarima bi baa Yesu nkyɛn behuu no. Na onim sɛ Yesu nim nyansa yiye, enti obisaa no sɛ: ‘Ɔkyerɛkyerɛfo, ka kyerɛ me nua ma ɔmma me ne nneɛma a ɔwɔ no bi.’ Ná ɔbarima no susuw sɛ ɛsɛ sɛ onya saa nneɛma no bi.
Sɛ wone Yesu a, dɛn na anka wobɛyɛ?— Yesu hui sɛ biribi haw ɔbarima no. Nanso na ɛnyɛ asɛm no ne sɛ ohia ne nua no nneɛma no. Nea na ɛhaw ɔbarima no ne sɛ na onnim nea ehia ankasa wɔ asetena mu.
Ma yensusuw wei ho nhwɛ. Dɛn na ɛsɛ sɛ ɛho hia yɛn sen biara? Ɛyɛ buroniba a ɛyɛ fɛ, ntaade foforo, anaa nneɛma bi a ɛtete saa a wubenya anaa?— Daabi, biribi wɔ hɔ a ɛho hia sen saa koraa. Na wei ne asuade a na Yesu pɛ sɛ ɔkyerɛkyerɛ. Enti ɔkaa ɔbarima bi a ne werɛ fii Onyankopɔn ho asɛm. Wopɛ sɛ wote anaa?—
Ná ɔbarima yi yɛ ɔdefo paa. Ná ɔwɔ nsaase ne adan a ɔde ne nnɔbae sie mu. Ne nnɔbae a oduae yɛɛ yiye paa. Wannya baabi a ɔde nnɔbae no nyinaa besie wɔ n’adan no mu. Enti dɛn na na ɔbɛyɛ? Wiɛ, ɔkaa wɔ ne tirim sɛ: ‘Medwiriw m’adan a mede nnɔbae gu mu no agu na masi akɛse. Na afei mede me nnɔbae ne me nneɛma pa nyinaa asie adan foforo yi mu.’
Ɔdefo no susuwii sɛ wei ne ade a nyansa wom sɛ ɔyɛ. Osusuwii sɛ nneɛma pii a ɔde besie no bɛkyerɛ sɛ n’ani atew yiye. Ɔkae wɔ ne tirim sɛ: ‘Mewɔ nneɛma pa pii a mede asie. Medi no mfe pii. Enti afei ɛnsɛ sɛ mehaw me ho. Medidi, anom, na magye m’ani.’ Nanso na mfomso bi wɔ adwene a na ɔdefo no kura no ho. Wunim dekode?— Na ɔresusuw ne nkutoo ne anigye a obenya ho. Ne werɛ fii Onyankopɔn.
Dɛn na ɔdefo no redwen ho?
Enti Onyankopɔn kasa kyerɛɛ ɔdefo no. Ɔkaa sɛ: ‘Ɔkwasea. Wubewu anadwo yi. Afei hena na ɔbɛfa nneɛma a wode asie no?’ Sɛ ɔdefo no wu a, na obetumi de saa nneɛma no ayɛ biribi anaa?— Daabi, obi foforo na ɔbɛfa. Yesu kaa sɛ: “Saa ara na nea ɔhyehyɛ ademude ma ne ho na ɔnyɛ ɔdefo Onyankopɔn fam no te.”—Luka 12:13-21.
Wompɛ sɛ wobɛyɛ sɛ saa ɔdefo no, ɛnte saa?— Ná n’asetena mu atirimpɔw titiriw ne sɛ obenya honam fam nneɛma. Na ɛyɛ mfomso. Bere nyinaa na ɔhwehwɛ bi aka ho. Nanso na “ɔnyɛ ɔdefo Onyankopɔn fam.”
Nnipa pii te sɛ saa ɔdefo no. Wɔhwehwɛ pii bere nyinaa. Nanso wei betumi de nsɛnnennen aba. Sɛ nhwɛso no, ebia na wowɔ agode, ɛnte saa?— Agode a wowɔ no bi ne nea ɛwɔ he? Ka kyerɛ me.— Na sɛ wo nnamfo no mu bi wɔ bɔɔl anaa buroniba anaa agode foforo bi a wunni bi nso ɛ? Wohwɛ a, ɛbɛyɛ papa sɛ wobɛbɔ mmɔden sɛ wobɛma w’awofo atɔ bi ama wo?—
Mmere bi wɔ hɔ a ebetumi ayɛ sɛ nea agode bi ho hia paa. Nanso sɛ ɛkyɛ kakra a, ɛte dɛn?— Ɛyɛ dedaw. Ebia ebetutu, na w’ani rennye ho bio mpo. Nokwarem no, wowɔ biribi a ɛsom bo koraa sen agode ahorow. Wunim dekode?—
Nneɛma bɛn na wowɔ a ɛho hia sen nneɛma a wode di agorɔ?
Ɛyɛ wo nkwa. Wo nkwa ho hia paa efisɛ sɛ enni hɔ a, wuntumi nyɛ hwee. Nanso wo nkwa gyina nea ɛsɔ Onyankopɔn ani a wobɛyɛ so, ɛnte saa?— Enti mma yɛnnyɛ sɛ saa ɔdefo kwasea a ne werɛ fii Onyankopɔn no.
Ɛnyɛ mmofra nkutoo na ebia wɔbɛyɛ nneɛma a nyansa nnim te sɛ saa ɔdefo no. Mpanyimfo pii nso yɛ saa ara. Wɔn mu binom hwehwɛ sɛ wɔbenya pii aka nea wɔwɔ dedaw no ho bere nyinaa. Ebia na wɔwɔ aduan a wɔbedi, ntaade a wɔbɛhyɛ ne baabi a wɔbɛtra mprempren. Nanso wɔpɛ pii aka ho. Wɔpɛ ntaade pii. Na wɔpɛ afie akɛse. Saa nneɛma yi gye sika pii. Enti wɔyɛ adwuma denneennen na ama wɔanya sika pii. Na bere a wɔnya sika pii no, wɔkɔ so hwehwɛ pii ka ho.
Mpanyimfo binom ani bere hwehwɛ sika araa ma enti wonnya bere mma wɔn abusuafo. Na wonnya bere mma Onyankopɔn. Wohwɛ a, wɔn sika betumi ama wɔakɔ so atena ase?— Daabi, entumi. Sɛ wowu a, wɔbetumi adi wɔn sika no?— Daabi. Wɔntumi efisɛ awufo ntumi nyɛ hwee koraa.—Ɔsɛnkafo 9:5, 10.
Enti wei kyerɛ sɛ ɛyɛ bɔne sɛ yebenya sika?— Daabi. Yebetumi de sika atɔ aduan ne ntaade. Bible ka sɛ sika yɛ ahobammɔ. (Ɔsɛnkafo 7:12) Nanso sɛ yɛn ani bere sika a, ɛnde na asɛm wɔ hɔ retwɛn yɛn. Yɛbɛyɛ te sɛ ɔdefo kwasea a ɔhyehyɛɛ ademude fae, nanso na ɔnyɛ ɔdefo Onyankopɔn fam no.
Ɔdefo a yɛbɛyɛ Onyankopɔn fam no kyerɛ dɛn?— Ɛkyerɛ sɛ yɛde Onyankopɔn bedi kan wɔ yɛn asetena mu. Nnipa binom ka sɛ wogye Onyankopɔn di. Wosusuw sɛ nea ehia ara ne sɛ wɔbegye no adi. Nanso wohwɛ a wɔyɛ adefo Onyankopɔn fam ankasa?— Daabi, wɔte sɛ ɔdefo a ne werɛ fii Onyankopɔn no.
Yesu werɛ amfi N’agya a ɔwɔ soro no da. Wammɔ mmɔden sɛ ɔbɛpɛ sika pii. Na na onni honam fam nneɛma pii. Ná Yesu nim nea ehia wɔ asetena mu ankasa. Wunim dekode no?— Ɛne sɛ wobɛyɛ ɔdefo Onyankopɔn fam.
Nneɛma bɛn na abaayewa no reyɛ a wuhu sɛ ɛho hia paa?
Afei ka kyerɛ me, ɔkwan bɛn so na yebetumi ayɛ adefo wɔ Onyankopɔn fam?— Yebetumi ayɛ adefo wɔ Onyankopɔn fam denam nea ɛsɔ n’ani a yɛbɛyɛ so. Yesu kaa sɛ: “Meyɛ nea ɛsɔ n’ani daa.” (Yohane 8:29) Sɛ yɛyɛ nneɛma a Onyankopɔn pɛ sɛ yɛyɛ a, n’ani gye. Afei kyerɛ me, nneɛma bɛn na wubetumi ayɛ na ama woasɔ Onyankopɔn ani?— Wubetumi akenkan Bible, akɔ Kristofo nhyiam ahorow, abɔ Onyankopɔn mpae, na woaboa afoforo ma wɔasua ne ho ade. Weinom ne nneɛma a ɛho hia ankasa wɔ asetena mu.
Esiane sɛ na Yesu yɛ ɔdefo wɔ Onyankopɔn fam nti, Yehowa hwɛɛ no so. Ɔmaa Yesu akatua a ɛne sɛ ɔbɛtra ase daa. Sɛ yɛyɛ sɛ Yesu a, Yehowa bɛdɔ yɛn nso na wahwɛ yɛn so. Enti ɛmmra sɛ yɛbɛyɛ sɛ Yesu na yɛnyɛ sɛ saa ɔdefo a ne werɛ fii Onyankopɔn no.
Bible mu nsɛm bi a ɛkyerɛ sɛnea ɛsɛ sɛ yenya honam fam nneɛma ho adwene a ɛkari pɛ ni: Mmebusɛm 23:4; 28:20; 1 Timoteo 6:6-10; ne Hebrifo 13:5.