So Wowɔ Honhom a Enwu Da?
SO OWU akyi asetra wɔ hɔ? Saa asɛmmisa no ahaw adesamma adwene mfe mpempem pii. Ɔman biara mu nnipa asusuw asɛm no ho na ama wɔanya gyidi horow wɔ mfe pii a atwam no mu.
Wɔ wiase nyinaa a Polynesia a ɛwɔ Pacific mpɔtam hɔ ka ho no, nnipa pii gye di sɛ “honhom” bi kɔ so tra ase wɔ bere a obi wu no akyi. So ɛyɛ ampa sɛ, sɛ obi wu a, biribi fi no mu a ɛkɔ so tra ase? Dɛn ne honhom a ɛwɔ onipa ɔteasefo mu no? Sɛ yewu a, dɛn na ɛto no? Onyankopɔn Asɛm Bible a efi honhom mu no de nsɛmmisa yi ho mmuae a ɛyɛ nokware na ɛma akomatɔyam ma.
Dɛn Ne Honhom No?
Wɔ Bible mu no, nea nsɛmfua a wɔkyerɛ ase sɛ “honhom” no kyerɛ titiriw ne “ahome.” Nanso eyi nkyerɛ home a yɛhome kɛkɛ. Sɛ nhwɛso no, Bible kyerɛwfo Yakobo ka sɛ: “Nipadua a honhom nni mu awu.” (Yakobo 2:26) Enti, honhom no na ɛma nkwa tra nipadua no mu.
Saa nkwa tumi yi rentumi nyɛ ahome anaasɛ mframa a ɛnam ahrawa no mu kɛkɛ. Dɛn ntia? Efisɛ sɛnea The World Book Encyclopedia kyerɛ no, sɛ obi gyae home a, nkwa kɔ so tra ne nipadua mu nkwammoawa mu bere kakra—“simma pii.” Eyi nti, wobetumi abɔ mmɔden ama onipa no ani so atetew no, na wobetumi de obi nipadua nkwaa ama onipa foforo. Nanso, sɛ nkwa tumi no gyae adwumayɛ wɔ nipadua no nkwammoawa mu ara pɛ a, mmɔden biara a wɔbɛbɔ sɛ wɔbɛma wasan aba nkwa mu no bɛyɛ kwa. Ahome dodow biara nni hɔ a ebetumi ama nkwaboaa biako pɛ mpo aba nkwa mu bio. Enti, honhom yɛ nkwa tumi a aniwa nhu—a ɛma nkwammoawa no tumi tra nkwa mu. Ahome na ɛma nkwa tumi yi kɔ so yɛ adwuma.—Hiob 34:14, 15.
So nnipa nkutoo mu na saa honhom no yɛ adwuma? Bible no boa yɛn ma yenya mmuae a ɛteɛ wɔ asɛm yi mu. Ɔhene nyansafo Salomo kyerɛwee sɛ: “Hena na onim nnipa mma honhom sɛ ɔforo kɔ ɔsoro, ne mmoa honhom sɛ osian kɔ asase ase?” (Ɔsɛnkafo 3:21) Enti wɔka mmoa ne nnipa nyinaa ho asɛm sɛ wɔwɔ honhom. Ɛbɛyɛ dɛn na atumi aba saa?
Yebetumi de honhom anaa nkwa tumi no atoto anyinam ahoɔden a ɛnam afiri bi mu ho. Wobetumi de anyinam ahoɔden a aniwa nhu no ayɛ nneɛma ahorow, a egyina afiri ko a ɛde yɛ adwuma no so. Sɛ nhwɛso no, wobetumi de ama sutof ayɛ hyew, de ama kɔmputa adi nsɛm ho dwuma abu akontaa, de ama television ayi mfonini aka nsɛm akyerɛ. Nanso anyinam ahoɔden no nnan nyɛ afiri a ɛma ɛyɛ adwuma no. Ɛkɔ so ara yɛ tumi bi kɛkɛ. Saa ara na nkwa tumi no nnan nyɛ abɔde a ɛma wɔtra nkwa mu no mu biara. Enni nipasu ne adwene a edwen ade ho. Nnipa ne mmoa nyinaa wɔ “honhom biako.” (Ɔsɛnkafo 3:19) Enti sɛ onipa wu a, ne honhom nkɔtra ase wɔ baabi foforo sɛ honhom abɔde.
Ɛnde, tebea bɛn na awufo wom? Na dɛn na ɛto honhom no bere a obi wu no?
“Dɔte Mu Na Wobɛsan Akɔ”
Bere a onipa a odi kan a ɔne Adam, hyɛɛ da buu Onyankopɔn ahyɛde so no, Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “W’anim fifiri mu na wubedidi de akosi sɛ wobɛsan akɔ dɔte mu, efisɛ emu na woyii wo fii, na woyɛ dɔte, na dɔte mu na wobɛsan akɔ.” (Genesis 3:19) Na ɛhe na Adam wɔ ansa na Yehowa de dɔte rebɔ no no? Na onni baabiara! Na onni nkwa mu. Enti bere a Yehowa Nyankopɔn kae sɛ Adam ‘bɛsan akɔ dɔte mu’ no, na ɔkyerɛ sɛ Adam bewu. Na Adam renkɔtra ahonhom trabea. Na ɔrentra nkwa mu bio wɔ ne wu mu. Na n’asotwe ne owu—obefi nkwa mu—na ɛnyɛ sɛ ɔbɛkɔ trabea foforo.—Romafo 6:23.
Na afoforo a wɔawuwu no nso? Wɔkyerɛ tebea a awufo wom no pefee wɔ Ɔsɛnkafo 9:5, 10, a yɛkenkan wɔ hɔ sɛ: “Awufo nnim hwee . . . Adwuma, nhyehyɛe, nimdeɛ anaasɛ nyansa biara nni ɔdamoa mu.” (Moffatt) Enti, owu kyerɛ sɛ obi afi nkwa mu. Odwontofo no kyerɛw sɛ, sɛ onipa wu a, “ne honhom fi kɔ, ɔsan kɔ ne dɔte mu, da no ara ne tirim a ɔbobɔe yera.”—Dwom 146:4.
Ɛda adi pefee sɛ awufo nhu hwee, wontumi nyɛ hwee. Wonnim hwee. Wontumi nhu wo, wɔnte wo kasa na wontumi ne wo nkasa. Wontumi mmoa wo na wontumi mpira wo nso. Ɛnsɛ sɛ wusuro awufo. Nanso, ɔkwan bɛn so na honhom no “fi kɔ” wɔ onipa no wu mu?
Honhom no ‘San Kɔ Nokware Nyankopɔn no Nkyɛn’
Bible no ka sɛ, sɛ obi wu a, ne ‘honhom san kɔ Onyankopɔn a ɔde mae no nkyɛn.’ (Ɔsɛnkafo 12:7) So eyi kyerɛ sɛ honhom bi tu kwan fa ahunmu kɔ Onyankopɔn anim? Ɛnkyerɛ saa koraa! Sɛnea Bible no de asɛm ‘san kɔ’ no di dwuma no nhwehwɛ sɛ ebefi baabi atwa kwan akɔ beae foforo. Sɛ nhwɛso no, wɔka kyerɛɛ Israelfo a wɔanni nokware no sɛ: “Monsan mmra me nkyɛn. Na mɛsan maba mo nkyɛn, asafo [Yehowa, New World Translation] na ose.” (Malaki 3:7) Ná Yehowa nkyɛn a Israelfo no ‘bɛsan akɔ’ no kyerɛ sɛ wobegyae bɔne bi yɛ na wɔasan akɔyɛ Onyankopɔn adetrenee. Ná Israelfo no nkyɛn a Yehowa ‘bɛsan akɔ’ no kyerɛ sɛ ɔbɛma ne nkurɔfo asan anya n’anim dom. Wɔ nsɛm abien yi nyinaa mu no, na ‘san’ no fa su bi ho, na ɛnyɛ sɛ obi betu afi baabi akɔtra beae foforo.
Saa ara na owu mu no, honhom no ntu kwan ankasa mfi asase so nkɔ soro bere a ‘ɛsan kɔ’ Onyankopɔn nkyɛn no. Kae sɛ honhom no yɛ nkwa tumi. Sɛ saa tumi no fi onipa no mu a, Onyankopɔn nkutoo na obetumi asan de ama no. Enti honhom no ‘san kɔ nokware Nyankopɔn no nkyɛn’ a ɛkyerɛ sɛ anidaso biara a onipa no wɔ sɛ ɔbɛtra ase daa no gyina Onyankopɔn nkutoo so afei.
Sɛ nhwɛso no, susuw nea Kyerɛwnsɛm no ka fa Yesu wu ho. Asɛmpa no kyerɛwfo Luka ka sɛ: “Na Yesu de nne kɛse teɛɛm sɛ: Agya, wo nsam na mede me honhom mehyɛ. Na ɔkaa saa no, ogyaa mu.” (Luka 23:46) Bere a Yesu honhom fii ne mu no, na ɛnyɛ nea ɔnam kwan so rekɔ soro. Edii nnansa ansa na wɔrenyan Yesu afi awufo mu. Na edii nnafua 40 ansa na ɔreforo akɔ soro. (Asomafo no Nnwuma 1:3, 9) Nanso, bere a na Yesu rebewu no, ofi ahotoso mu de ne honhom hyɛɛ n’Agya nsa, na ɔde ne ho too tumi a Yehowa wɔ sɛ ɔbɛsan de no aba nkwa mu bio no so koraa.
Yiw, Onyankopɔn nkutoo na obetumi de onipa asan aba nkwa mu. (Dwom 104:30) Anidaso kɛse a eyi ma yenya bɛn ara ni!
Anidaso a Ɛbɛbam
Bible ka sɛ: “Dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ ada mu nyinaa bɛte [Yesu] nne, na wɔafi adi.” (Yohane 5:28, 29) Yiw, Yesu Kristo hyɛɛ bɔ sɛ wobenyan wɔn a wɔwɔ Yehowa nkae mu nyinaa anaasɛ wɔbɛsan de wɔn aba nkwa mu. Sɛ anka yɛbɛte amanneɛbɔ a ɛyɛ awerɛhow sɛ nkurɔfo awuwu no, yɛbɛte amanneɛbɔ a ɛyɛ anigye a ɛka sɛ wɔde awufo asan aba nkwa mu. Hwɛ anigye ara a ɛbɛyɛ sɛ yɛbɛma yɛn adɔfo akwaaba afi ɔdamoa mu!
So wopɛ sɛ wuhu pii fa ɔkwan a wobɛfa so atumi anya anidaso a Onyankopɔn de ama yi so mfaso ho? Yɛto nsa frɛ wo sɛ fa ase hɔ address no bi bisa Awufo Ahonhom—So Wobetumi Aboa Wo Anaasɛ Wɔapira Wo? So Wɔwɔ Hɔ Ampa? no bi.
Bible mu nsɛm a ɛwɔ kratawa yi mu fi Twi Bible Foforo no mu, gye sɛ wɔakyerɛ sɛ efi baabi foforo.