Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g 6/13 kr. 10-11
  • Nea Ɛbɛboa Ma Woagyae Atotɔatotɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Ɛbɛboa Ma Woagyae Atotɔatotɔ
  • Nyan!—2013
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn Na Wubetumi Ayɛ Wɔ Nneɛma Bo A Ayɛ Den No Ho?
    Nyan!—1980
  • Toto Wo Sikasɛm Yiye
    Nyan!—2025
  • Sɛnea Yɛbɛtoto Yɛn Sikasɛm Yiye
    Nyan!—2019
  • Obi a N’adwuma Afi Ne Nsa Dɛn Ne Ano Aduru?
    Nyan!—1991
Nyan!—2013
g 6/13 kr. 10-11

Nea Ɛbɛboa Ma Woagyae Atotɔatotɔ

Nneɛma ho dawurubɔ a wɔde puapua yɛn akyi no, sɛnea yɛte nka wɔ nneɛma ho, ne yɛn suban tumi ma yɛsɛe sika pii. Nyansahyɛ ahorow asia yi betumi aboa ma woagyae atotɔatotɔ.

  1. Ntotɔ nneɛma kɛkɛ. So nea w’ani gye ho ne sɛ wobɛkɔ akɔto sɛ wɔatetew nneɛma so na woatɔ bi? Sɛ saa a, nneɛma atotɔatotɔ betumi ayɛ wo dɛ. Sɛ wopɛ sɛ wugyae saa su no a, gye bere susuw nsunsuanso a ebefi biribi a wopɛ sɛ wotɔ no mu aba, baabi a wode besi, ne sɛnea wobɛhwɛ so ma akyɛ no ho. Kae nneɛma bi a woansusuw ho na wotɔe na akyiri yi wunuu wo ho wɔ ho no. Gye bere “kakra” fa susuw nneɛma ho yiye ansa na woasi gyinae atɔ biribi.

  2. Ntotɔ nneɛma mfa nkyekye wo werɛ. Nneɛma atotɔatotɔ betumi akyekye wo werɛ bere tiaa bi. Nanso sɛ wo werɛ san how a, ebia wobɛte nka paa sɛ ɛsɛ sɛ wosan kɔtotɔ nneɛma na ama wo ho atɔ wo. Sɛ́ anka wobɛtotɔ nneɛma de akyekye wo werɛ no, hwehwɛ nnamfo a wobetumi aboa wo, anaa tu mpase fa teɛteɛ w’apɔw mu.

  3. Ntotɔ nneɛma mfa nnyigye w’ani. Aguadidan akɛse ama nneɛma totɔ abɛdan biribi a wɔyɛ de gyigye wɔn ani. Ebia wobɛkɔ aguadidan mu akɔnantenantew hɔ anaa wobɛkɔ Intanɛt so akɔhwɛ nneɛma wɔ so kɛkɛ. Nanso wɔahyɛ da ayɛ nneɛma a wuhu wɔ hɔ no sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛtwetwe wo ma woatɔ. Sɛ wonyɛɛ w’adwene sɛ wobɛtɔ biribi a, bɔ mmɔden hyɛ wo ho so.

  4. Hwɛ nnamfo a wopaw yiye. Wo nnamfo nkɔmmɔbɔ ne sɛnea wɔyɛ wɔn ade betumi anya wo so nkɛntɛnso kɛse. Sɛ wosɛe sika pii na ama woatumi ne wo nnamfo abɔ a, ɛnde paw nnamfo a wɔmmfa wɔn adwene nsi sika ne honam fam nneɛma pii so.

  5. Mfa credit card ntotɔ nneɛma basabasa. Sɛ wode credit card totɔ nneɛma a, ɛma wubu w’ani gu ɛka a wobɔ so. Bɔ mmɔden sɛ ɔsram biara, wubetua ɛka a woabɔ wɔ wo credit card so nyinaa. Hwɛ sika a wɔtetew wɔ credit card a wode totɔ nneɛma no so na fa toto credit card afoforo ho, na hwehwɛ nea ne bo ba fam. Yɛ ahwɛyiye wɔ credit card a wɔtetew sika akɛse wɔ so na wɔde nneɛma bi a enhia wo batabata ho no ho. Sɛ wopɛ sɛ wotɔ nneɛma pii a, boaboa sika ano fa kɔtɔ sen sɛ wubefiri.

  6. Hu sɛnea wo sikasɛm te. Sɛ wunnim sika dodow a wowɔ a, ebetumi ama woadi aboro nea wowɔ so. Yɛ kyerɛwtohɔ pa, na hu sika a wowɔ bere biara. Hwɛ sika a ɔsram biara wunya, na gyina nea wudi ɔsram biara ne osuahu a woanya so yɛ wo sikasɛm ho nhyehyɛe. Bu sika a wudi no ho akontaa, na fa toto nhyehyɛe a woayɛ ho. Bisa w’adamfo a wugye no di ma ɔmmoa wo ma wonhu sikasɛm mu nneɛma a wonte ase yiye no mu.

Bɔ Wo Mma Ho Ban Fi Nneɛma Atotɔatotɔ Ho

Mmofra titiriw na aguadifo de wɔn ani si wɔn so, na ntease wom. Ɛnnɛ, mmofra totɔ nneɛma na wɔsɛe sika sen bere biara a abɛsen kɔ. Wɔ United States no, mmofra sɛe dɔla ɔpepepem pii de totɔ nneɛma afe biara.

Nanso Ɔbenfo Juliet Schor kyerɛ sɛ, mmofra a wɔpɛ nneɛma atotɔatotɔ no betumi anya mmofraberem adwenemhaw ne dadwen, na ebetumi asɛe abusuabɔ a wɔne wɔn awofo wɔ nso. Wobɛyɛ dɛn abɔ wo mma ho ban? Susuw akwampa a awofo bi afa so abɔ wɔn mma ho ban no ho hwɛ.

KYERƐKYERƐ WƆN: “Worentumi mmɔ wo mma ho ban mfi aguade ho dawurubɔ ho koraa efisɛ ɛwɔ baabiara. Enti yɛma yɛn mmabea no hu sɛ, aguade ho dawurubɔfo nkura adwempa, na nnwumakuw a afa wɔn no nso, sika na wɔpɛ. Yɛn ho mfaso a wobenya ara na ehia wɔn.”—James ne Jessica.

MMA WƆNHYƐ WO SO: “Mmofra betumi aguan wo ho araa kosi sɛ wobɛtɔ biribi a wɔpɛ ama wɔn. Nanso ɛnsɛ sɛ woma kwan ma wɔhyɛ wo so. Akyiri yi, wobehu sɛ ɛnyɛ biribiara a wɔpɛ na wɔn nsa betumi aka. Bere a na yɛretete yɛn babea no, na yebom susuw sɛnea yɛbɛkari pɛ wɔ nneɛma a yɛbɛma ho kwan ne nea yɛremma ho kwan no ho.”—Scott ne Kelli.

ƐNYƐ BIRIBIARA NA ƐSƐ SƐ WOMA WƆHWƐ: “Yɛn abusua no ntaa nhwɛ television. Ɛnka yɛn abusua no nhyehyɛe ho. Yɛde bere a yɛde hwɛ TV no yɛ ade foforo. Yebom noa aduan di, na yɛn mmabarima no pɛ akenkan paa.”—John ne Jenniffer.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena