Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g03 7/8 kr. 14-15
  • So Ɛsɛ sɛ Kristofo De Wɔn Ho Hyɛ Kaberɛkyere Mu?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Ɛsɛ sɛ Kristofo De Wɔn Ho Hyɛ Kaberɛkyere Mu?
  • Nyan!—2003
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Kaberɛkyere ne Ahonhonsɛmdi—So Ɛwɔ Abusuabɔ?
  • Nkɛntɛnso a Enya Wɔ Nneyɛe So
  • Akwahosan Pa Ho Anidaso
  • Ahonhomsɛmdi​—Dɛn Nti Na Nkurɔfo Pii Rekyerɛ Ho Anigye?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • Efi Yɛn Akenkanfo Hɔ
    Nyan!—1994
  • Metumi De Ahonhonsɛmdi Agyigye M’ani Kɛkɛ Anaa?
    Mmabun Bisa Sɛ
Nyan!—2003
g03 7/8 kr. 14-15

Bible no Adwene

So Ɛsɛ sɛ Kristofo De Wɔn Ho Hyɛ Kaberɛkyere Mu?

‘Mma wonnhu wo mu obi a ɔyɛ kaberɛkyere.’—DEUTERONOMIUM 18:10, 11.

KABERƐKYERE ayɛ asɛmti a wɔakasa ho agye ho kyim pii.a Ɛyɛ den ma wɔn a wɔaben wom mpo sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ mu. Mpɛn pii no, wɔte ase sɛ kaberɛkyere yɛ tebea bi a ɛma ɛyɛ sɛ nea obi refi nkwa mu, anaa n’adwene refi ne ho so koraa no. Nanso, nea ɛho hia nnipa dodow no ara ne dekode a kaberɛkyere tumi yɛ na ɛnyɛ nea ɛkyerɛ no.

Nnansa yi, kaberɛkyere abɛyɛ ade bi a nnuruyɛfo kamfo kyerɛ sɛ ɔkwan a wɔfa so sa yare wɔ nsase bi so. Sɛ nhwɛso no, Psychology Today nsɛmma nhoma no ka sɛ: “Kaberɛkyere betumi asa atipae, ɛmma obi nte yaw wɔ n’awo mu, ɛboa ma wugyae tawanom, ɛkanyan nkate, na ɛma obi tumi sua ade—a ne nyinaa mu no ɔhaw biara mma wɔ ɛno akyi.” Nea ɛne eyi bɔ abira no, nnipa dodow no ara de kaberɛkyere bata ahonhonsɛmdi ne nkonyaayi ho.

Dɛn ne Bible no adwene wɔ ho? Ɛwom, Bible no nyɛ akwahosan ho nhoma na ɛnka kaberɛkyere ho asɛm tẽẽ nso. Nanso nnyinasosɛm a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no betumi aboa yɛn ma yɛahu Onyankopɔn adwene wɔ ho.

Kaberɛkyere ne Ahonhonsɛmdi—So Ɛwɔ Abusuabɔ?

So ka a wɔka sɛ kaberɛkyere ne ahonhonsɛmdi wɔ abusuabɔ no yɛ obi nsusuwii ara kwa? Ebia wɔnam sini mu ayɛsɛm ne ayɛsɛm nhoma ahorow so na ɛde saa nsusuwii yi bae de, nanso abusuabɔ a ɛwɔ kaberɛkyere ne ahonhonsɛmdi mu no wɔ nnyinaso ankasa. Ɛdefa kaberɛkyere ho no, Encyclopedia of Occultism and Parapsychology kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ɛho abakɔsɛm no didi kɔ ahonhonsɛmdi mu yiye.” Wɔ abakɔsɛm nyinaa mu no, wobu nyamesom mu adeyɛ a ɛma nkurɔfo adwene fi wɔn ho so koraa, a ayɛ abayisɛm ne ntafowayi fã no sɛ kaberɛkyere fã bi. Afei nso, na asɔfo a wɔwɔ tete Misraim ne Hela no yɛ wɔn ade te sɛ kaberɛkyerefo bere a wɔresa nyarewa wɔ wɔn atoro anyame din mu no.

Nhoma a yɛafa mu asɛm aka wɔ atifi hɔ no ka sɛ: “Ɛnnɛ mpo wobu kaberɛkyere adeyɛ pii sɛ ‘Ahonhonsɛmdi.’” Ɛwom sɛ ɛyɛ den sɛ yebehu baabi a ebia kaberɛkyere ahorow no ne ahonhonsɛmdi wɔ abusuabɔ kodu de, nanso nokwasɛm no ne sɛ Onyankopɔn kasa tia ahonhonsɛmdi biara pefee. (Deuteronomium 18:9-12; Adiyisɛm 21:8) Ɛno nti, Kristofo ntumi mmu wɔn ani ngu kaberɛkyere afã ahorow a ɛda adi pefee sɛ ennyina Kyerɛwnsɛm so no so.

Nkɛntɛnso a Enya Wɔ Nneyɛe So

Nkɛntɛnso a kaberɛkyere nya wɔ obi adwene ne nneyɛe so no nso ɛ? So asiane ahorow bi wom? Asɛnhia biako ne sɛ sɛ wɔnam kaberɛkyere so dwudwo obi a, onii no ntumi nnya n’ankasa nneyɛe so tumi. Kaberɛkyerefo a wogyina adehwɛpon so yɛ dwumadi no de saa adeyɛ yi di dwuma kanyan nkurɔfo ma wotu wɔn ho ma yɛ nneɛma bi a anka wɔnyɛ, ɛma wɔyɛ sɛ nea wɔabow mpo no.

The Encyclopedia Americana ka fa kaberɛkyere a wɔyɛ wɔ baguam no ho sɛ: “Onipa a wɔadwudwo no no bɛyɛ obi a ɛyɛ mmerɛw koraa sɛ obedi nyansahyɛ bi a onnim nea ɛkyerɛ mpo akyi, ɛma onya atenka bi a anka ahintaw wɔ ne mu koraa a na onnim no, na bere a wadwudwo no ɔte nka sɛ wɔayi anohyeto biara a ɔmanfo ne n’ankasa de ba ne nneyɛe so no afi hɔ.” Collier’s Encyclopedia ka sɛ: “Nea wɔadwudwo no no tumi de ne nkatede ahorow si biribi so koraa, na ɛma ɔyɛ aso yiye ma kaberɛkyerefo no nyansahyɛ ahorow no na ɔyɛ nea ɔka biara.”

So ɛte sɛ nea ɔhaw biara nni eyi mu? So ɛbɛyɛ papa sɛ nokware Kristoni bɛma afoforo anya n’adwene so nkɛntɛnso denam kaberɛkyere ho nyansahyɛ ahorow so? Eyi ne ɔsomafo Paulo afotu yi nhyia: ‘Anuanom, migyina Onyankopɔn mmɔborohunu so mitu mo fo sɛ momfa mo nipadua nsi hɔ sɛ afɔre a ɛte ase a ɛyɛ kronkron a ɛsɔ Onyankopɔn ani a ɛne mo nyamesom a adwene wɔ mu no. Na monnyɛ mo ho sɛ wiase yi, na mmom momfa adwenem foforoyɛ nsakra mo ho, na moasɔ nea Onyankopɔn pɛ a eye, na ɛsɔ ani, na ɛyɛ pɛ no ahwɛ.’—Romafo 12:1, 2.

So Kristoni betumi ‘akura ahonim pa mu’ bere a ɔma kwan ma ɔkɔ tebea bi mu a ontumi nnya n’ankasa nsusuwii anaa n’akɔnnɔ, anaa mpo ne nneyɛe so tumi no? (1 Petro 3:16) Bible no tu fo sɛ: “Mo mu biara nhu sɛ obenya n’ankasa n’ade ahotew ne nidi mu.” (1 Tesalonikafo 4:4) Ɛda adi pefee sɛ, kaberɛkyere remma obi ntumi nni saa afotu no so.

Akwahosan Pa Ho Anidaso

Esiane Bible mu nnyinasosɛm ahorow a yɛaka ho asɛm wɔ atifi hɔ no nti, Yehowa Adansefo po biribiara a ɛfa kaberɛkyere ho no. Wotie ahyɛde a ɛwɔ Deuteronomium 18:10, 11 no: ‘Mma wonnhu wo mu obi a ɔyɛ kaberɛkyere.’ Ɛdefa wɔn a wohyia akwahosan ho haw ahorow ho no, ayaresa pii wɔ hɔ a ɛmma obi mfa ne ho nhyɛ ahonhonsɛmdi ho asiane ahorow mu anaasɛ ɛmma afoforo nkyinkyim n’adwene.

Sɛ Kristofo po nneyɛe a ɛne Bible nnyinasosɛm ahorow bɔ abira a, wobetumi anya anidaso sɛ wɔbɛtra ase daa wɔ Onyankopɔn trenee wiase foforo no mu. Saa bere no, adesamma benya nipadua ne adwene mu akwahosan pa a wɔmfa kaberɛkyere nni dwuma wom.—Adiyisɛm 21:3, 4.

[Ase hɔ asɛm]

a Wɔkyerɛ kaberɛkyere ase sɛ “tebea bi a ɛma obi yɛ te sɛ nea wada a mpɛn pii no onipa foforo na ɛkanyan no saa ma ebia ontumi nkae ade anaa ɔka ne tirim asɛm hyɛ, nneɛma gyinagyina n’ani so, na ɛma ɛyɛ mmerɛw sɛ obegye kaberɛkyerefo no nsusuwii atom.”—The American Heritage Dictionary.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena