Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g01 1/8 kr. 7-8
  • So Anidaso Bi Wɔ Hɔ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Anidaso Bi Wɔ Hɔ?
  • Nyan!—2001
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛ Aware Reyɛ Agu A
    Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba
  • “Momma Aware Ho Mmra Nyam”
    “Momfa Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu”
  • Wubetumi Abɔ W’aware Ho Ban!
    Nyan!—2001
  • Sɛ W’aware Reyɛ Agu a, Yere Wo Ho Ma Ennyina
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2001
g01 1/8 kr. 7-8

So Anidaso Bi Wɔ Hɔ?

“Aniberesɛm biako a ɛwɔ aware a agyigya mu ne sɛ ɛyɛ a wonni gyidi koraa sɛ nneɛma betumi ayɛ yiye. Gyidi a enni hɔ saa no mma wuntumi nyɛ nsakrae biara efisɛ ɛmma wuntumi mmɔ mmɔden biara sɛ wobɛyɛ biribi a ɛbɛma aware no ayɛ yiye.”—ODURUYƐFO AARON T. BECK.

FA NO sɛ wonte apɔw na wukohu oduruyɛfo sɛ ɔnhwɛ wo. Wo ho pere wo—na ntease wom nso sɛ woyɛ saa. Anyɛ yiye koraa no, w’akwahosan—wo nkwa ankasa mpo—da asiane mu. Nanso fa no sɛ bere a oduruyɛfo no ayɛ wo mu nhwehwɛmu awie no, ɔka kyerɛ wo sɛ ɛwom sɛ wo yare no sõ de, nanso obetumi asa. Nokwarem no, oduruyɛfo no ka kyerɛ wo sɛ sɛ wohwɛ w’aduandi yiye na woteɛteɛ w’apɔw mu daa a, wo ho betumi atɔ wo koraa. Akyinnye biara nni ho sɛ wubenya ahomeka kɛse, na wode anigye bedi n’afotu no akyi!

Fa adeyɛ yi toto asɛm a yɛresusuw ho yi ho. So worehyia ɔhaw wɔ w’aware mu? Nokwarem no, aware biara wɔ ne haw. Enti nsɛnnennen bi a wubehyia wɔ w’aware mu no nkyerɛ sɛ w’aware yɛ aware bɔne. Na sɛ ɔhaw no kɔ so adapɛn, asram, anaasɛ mfe dodow bi nso ɛ? Sɛ ɛba saa a, ɛfata sɛ ɛhaw wo, efisɛ eyi yɛ aniberesɛm. Nokwarem no, sɛnea w’aware te no betumi anya wo—ne wo mma—asetra so nkɛntɛnso wɔ nneɛma pii mu. Sɛ nhwɛso no, wogye di sɛ aware mu haw tumi de adwenemhaw ba, ma obi adwumayɛ brɛ ase, na ɛmma mmofra mmɔ mmɔden wɔ sukuu mu. Nanso ɛnyɛ ɛno ara nen. Kristofo nim sɛ abusuabɔ a ɛda wɔne wɔn hokafo ntam no betumi aka wɔne Nyankopɔn ntam abusuabɔ ankasa.—1 Petro 3:7.

Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ɔhaw wɔ wo ne wo hokafo ntam no nkyerɛ sɛ anidaso biara nni hɔ. Nokwasɛm a ɛwɔ aware mu a wobegye atom—sɛ awarefo behyia nsɛnnennen no—betumi aboa awarefo ma wɔanya ɔhaw no ho adwene a ɛfata na wɔahwehwɛ ano aduru. Okunu bi a wɔfrɛ no Isaac ka sɛ: “Ná minnim da sɛ bere bi wɔ hɔ a awarefo betumi adi awerɛhow wɔ wɔn aware mu. Ná misusuw sɛ biribi atoto wɔ yɛn fam!”

Sɛ w’aware agyigya mpo a, wubetumi ama ayɛ yiye. Nokwarem no, abusuabɔ a ɔhaw wom betumi ama woadi yaw kɛse, titiriw sɛ ɔhaw no akɔ so mfe pii a. Nanso, wubetumi anya anidaso ankasa. Nkuranhyɛ yɛ ade titiriw. Sɛ ɔhaw a ɛwɔ w’aware mu no mu yɛ den mpo a, mubetumi asiesie, sɛ mopɛ sɛ moyɛ saa a.a

Enti bisa wo ho sɛ, ‘Ɔpɛ a mewɔ sɛ menya abusuabɔ a abotɔyam wom no mu yɛ den dɛn?’ So wo ne wo hokafo pɛ sɛ mobɔ mmɔden ma mo aware no gyina? Oduruyɛfo Beck, a yɛfaa n’asɛm kae mfiase no, ka sɛ: “Mewɔ ahotoso kɛse bere nyinaa sɛ abusuabɔ a asɛe betumi ayɛ yiye bere a ahokafo no bom siesie ɔhaw no na wɔyɛ nneɛma a ɛbɛma wɔn aware no agyina no.” Na sɛ wo hokafo no mpɛ sɛ ɔyɛ saa ɛ? Anaasɛ onhu sɛ ɔhaw bi wɔ hɔ ɛ? So wo nkutoo wuntumi nyɛ aware no ho biribi? Wubetumi! Oduruyɛfo Beck ka sɛ: “Sɛ woyɛ nsakrae bi a, eyi betumi aka wo hokafo no ma ɔno nso ayɛ nsakrae—na mpɛn pii no, etumi ba saa.”

Mpɛ ntɛm nka sɛ entumi mma saa wɔ wo fam. Abasamtu a ɛte saa no betumi de w’aware no ato asiane kɛse mu! Ɛsɛ sɛ mo mu biako di kan yɛ biribi. So ebetumi ayɛ wo? Bere a woafi ase reyɛ saa no, wo hokafo no behu mfaso a ɛwɔ so sɛ mo baanu nyinaa bɛyɛ nneɛma a ɛbɛma mo aware no asan ayɛ anigye no.

Enti, dɛn na wubetumi ayɛ—sɛ́ obiakofo anaasɛ mo baanu nyinaa—de abɔ w’aware ho ban? Bible no betumi aboa kɛse ma yɛanya asɛmmisa yi ho mmuae. Ma yɛnhwɛ nea enti a ɛte saa.

[Ase hɔ asɛm]

a Nokwarem no, wɔ tebea ahorow bi a ɛkɔ akyiri mu no, ntease pa bi wɔ hɔ a okunu ne ɔyere betumi agyina so atetew mu. (1 Korintofo 7:10, 11) Bio nso, Bible no ma awaregu ho kwan bere a obiako bɔ aguaman no. (Mateo 19:9) Sɛ́ obi begyae ne hokafo a wabɔ aguaman no yɛ n’ankasa gyinaesi, na ɛnsɛ sɛ afoforo hyɛ ɔhokafo a ne ho nni asɛm no ma osi gyinae.—Hwɛ Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba nhoma a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na wotintimii no nkratafa 158-61.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena