Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g98 5/8 kr. 3-5
  • Ɔhaw no Trɛw

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔhaw no Trɛw
  • Nyan!—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Awerɛhosɛm a Emu Yɛ Den
  • Nea Ɛsɛ sɛ Yehu Wɔ Basabasayɛ Akuw Ho
    Nyan!—1998
  • Mɛyɛ Dɛn Abɔ Me Ho Ban Wɔ Basabasayɛfo Akuw Ntua Ho?
    Nyan!—1991
  • Yɛn Mma Ho Ban a Yɛbɛbɔ Afi Basabasayɛ Akuw Ho
    Nyan!—1998
  • “Ná Me Koko Nye Koraa”
    Bible Tumi Sesa Nnipa
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1998
g98 5/8 kr. 3-5

Ɔhaw no Trɛw

Ná abofra Robert adi mfe 11 pɛ, nanso wohuu no sɛ obutu fam wɔ twene bi a asɛe ase. Na tuo aboba ntokuru abien wɔ n’atikɔ. Ná wosusuw sɛ n’ankasa mfɛfo basabasayɛ kuw mufo na akum no.

Ná Alex a wadi mfe dunum no rekɔdɔm basabasayɛ kuw, na ebia na ɔrebewu ɔpatuwu. Nanso ohuu n’adamfo bi wu, na ɔkaa ne tirim sɛ: ‘Mempɛ sɛ miwu wɔ saa kwan yi so.’

BASABASAYƐ kuw a wodi nsɛmmɔne wɔ mmɔnten so a bere bi na anka wonim wɔn yiye sɛ wɔwɔ Los Angeles a wɔfrɛ wɔn Bloods and the Crips (Mogya ne Mmubuafo) no, atrɛw adu wiase nyinaa. Nanso anwonwasɛm ne sɛ basabasayɛ akuw di nsɛ ɛmfa ho baabiara a wɔwɔ.

England basabasayɛfo a wɔfrɛ wɔn “Teddy Boys” no maa wiase ho dwiriw wɔn wɔ 1950 mfe no mu. The Times a ɛwɔ London kae sɛ wɔde nkuma, asekan, sakre nkɔnsɔnkɔnsɔn, ne akode foforo “pirapiraa” nnipa a wɔn ho nni asɛm “ma ɛyɛɛ hu.” ‘Wɔde asekan dii ako, sɛee adidibea ahorow, na woguu kafenombea.’ Wɔhaw nkurɔfo, bɔɔ wɔn apoo, hwee wɔn, na wokunkum ebinom mmere bi.

Die Welt a wontintim wɔ Hamburg, Germany, no bɔɔ amanneɛ sɛ basabasayɛfo a wokurakura “nkontimmaa, asekan, ne atuo” ato ahyɛ mmofra a “wɔrekɔ disko anaa wɔn afie” so nnansa yi ara. Munich Süddeutsche Zeitung kae sɛ, ahupoofo a wɔwɔ Berlin no to hyɛ obiara a “wohu sɛ ɔyɛ mmerɛw—wɔn a wonni baabi te, wɔn a wɔadi dɛm, ne mmea a wɔakɔ pɛnhyen so.”

Nyan! kyerɛwfo bi a ɔwɔ Spain bɔɔ amanneɛ sɛ nnansa yi ara na mmofra a wɔadu mpanyin afe so basabasayɛ akuw reba, nanso ɛretrɛw. ABC, atesɛm krataa bi a ɛwɔ Madrid, de asɛmti bi too gua sɛ “Ahupoofo—Mmɔnten So Ahude Foforo.” Obi a kan no na ɔyɛ ohupooni a ofi Spain kae sɛ wɔbɛtɔre “mprako a wɔne ananafo, tuutuufo, ne mmarima a wɔne mmarima da” ase. Ɔde kaa ho sɛ: “[Na] mfaso nni anadwo a wɔnyɛ basabasa so.”

Wɔ South Africa no, Cape Times kae sɛ amumɔyɛsɛm a ɛkɔ so wɔ hɔ no mu dodow no ara “fi basabasayɛ akuw.” Nhoma bi a wotintim wɔ Cape Town ka sɛ, South Africa basabasayɛ akuw “didii nkurɔfo ho” wɔ ahiafo nkurow mu, na “wɔbɔɔ wɔn ankasa nkurɔfo apoo too wɔn mmonnaa, dii ako peree nsase, gua, ne mmea.”

Brazil atesɛm krataa O Estado de S. Paulo kae sɛ, basabasayɛ akuw a ɛwɔ hɔ no “redɔɔso ma ɛyɛ hu.” Ɛkae sɛ basabasayɛ akuw no ne wɔn ho wɔn ho di ako, wɔtow hyɛ mmofra a wodi yiye, nnipa a wofi abusuakuw foforo mu, ne adwumayɛfo a wɔyɛ ananafo a wodi hia so. Ɛkae nso sɛ da bi, basabasayɛ akuw dodow bi kaa wɔn ho boom, “bɔɔ nkurɔfo apoo wɔ mpoano . . . , ne wɔn ho wɔn ho dii ako,” na wɔdan Rio de Janeiro borɔn kɛse bi “akonno.” Amanneɛbɔ foforo a efi Brazil kae sɛ, basabasayɛ akuw redɔɔso wɔ nkuropɔn te sɛ São Paulo ne Rio de Janeiro ne nkurow nketewa nyinaa mu.

Canada nsɛmma nhoma Maclean kae wɔ 1995 mu sɛ, sɛnea polisifo akontaabu kyerɛ no, anyɛ yiye koraa no, na mmɔnten so basabasayɛ akuw a wɔyɛ den awotwe na ɛwɔ Winnipeg, Canada. Na atesɛm nkrataa a ɛwɔ United States de basabasayɛ akuw mufo a wɔde wɔn kuw ntade ne wɔn nkyerɛwee akɔ Indiafo nsase a atew ne ho a ɛwɔ Amerika Kesee fam atɔe so no mfonini baa mu.

Wɔ New York Kuropɔn mu no, basabasayɛ akuw nsɛmmɔnedi ba toatoaa so wɔ afe a etwaam no mu. Wɔkyerɛ sɛ, na Bloods and the Crips (Mogya ne Mmubuafo) basabasayɛ akuw a na wɔagye ntini ankasa wɔ Los Angeles no mufo ka ho. Sɛnea New York kurow sohwɛfo kyerɛ no, July ne September ntam hɔ no, polisifo kyeree nnipa 702 wɔ nsɛm bi a ɛfa mmɔnten so basabasayɛ ho tẽẽ ho.

Ɔhaw no nni nkurow akɛse nkutoo mu bio. Quad-City Times a wotintim wɔ United States mfinimfini fam no kaa “basabasayɛ a ɛkɔ so wɔ mmofra a wɔadu mpanyin afe so mu, nnubɔne a wɔnom no kɛse ne abasamtu kɛse a ɛrekɔ so wɔ hɔ no ho asɛm.”

Awerɛhosɛm a Emu Yɛ Den

Wɔkyerɛ sɛ basabasayɛ kuw bi fii ase sɛ nnamfo kuw. Nanso bere a kuw no panyin gyee din kɛse no, basabasayɛ no nso mu yɛɛ den. Na basabasayɛ kuw panyin no te ne nanabea fie, na wɔtotow atuo kɔɔ hɔ mpɛn pii, bere na ne nanabea no wɔ fie mpo. Atesɛm krataa bi bɔɔ amanneɛ sɛ na atuo aboba ntokuru bɛboro 50 deda ofie no ho. Ɛda adi sɛ nsɛmmɔne a na wosusuw sɛ aberewa no nana dii nti na wɔtotow atuo no kɔɔ hɔ sɛ wɔde retɔ were. Afei nso, wɔde basabasayɛ kuw no panyin no nua too afiase esiane kuw no basabasayɛ nti, na obi a ɔte kar a ɛretwam mu too ne maame nua ba a basabasayɛ no nti watu afi hɔ a ɔsan baa hɔ sɛ ɔrebɛsra wɔn no tuo kum no.

Wɔ Los Angeles no, basabasayɛfo too tuo kɔɔ kar bi mu kum abofra bi a na wadi mfe abiɛsa a ne maame ne ne mpena afom kwan akɔfa hɔ no. Wɔtoo tuo kɔɔ sukuu bi mu kɔbɔɔ ɔkyerɛkyerɛfo bi a na ɔrebɔ mmɔden aboa sukuufo ma wɔasua ade ma wɔn asetra atu mpɔn no. Wɔakunkum afoforo pii a wonnim basabasayɛ akuw ho hwee nso. Ɛna bi a ɔwɔ Brooklyn, New York, bɛyɛɛ obi a n’asɛm yɛ awerɛhow wɔ borɔn a ɔte so no so—ɔhweree ne mma mmarimaa baasa nyinaa wɔ basabasayɛ mu.

Dɛn na ɛde mmofra basabasayɛ yi aba wɔ wiase nyinaa, na ɔkwan bɛn so na yebetumi abɔ yɛn mma a yɛdɔ wɔn no ho ban afi wɔn ho? Ɛyɛɛ dɛn na basabasayɛ akuw fii ase koraa, na dɛn nti na mmofra pii de wɔn ho rehyɛ mu? Wɔasusuw nsɛmmisa yi ho wɔ nsɛm a edi hɔ no mu.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 3]

Scott Olson/Sipa Press

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena