Mmea ne Wɔn Nnwuma Ho Anisɔ a Wɔbɛkyerɛ
MFE mpem abiɛsa a atwam ni no, ɔbarima bi a wɔfrɛ no Lemuel kyerɛw ɔyere pa ho nsɛm a ɛyɛ anigye. Wɔayɛ eyi ho kyerɛwtohɔ wɔ Bible mu wɔ Mmebusɛm ti 31. Akyinnye biara nni ho sɛ na ɔbea a ɔkamfoo no wɔ ne suban pa ho no yɛ adwuma yiye. Ɔhwɛɛ n’abusua, dii gua, tɔɔ nsase tɔnee, pam ntade maa ne fiefo, yɛɛ afuw mu nnwuma.
Wɔkyerɛɛ ɔbea yi ho anisɔ. ‘Ne mma frɛ no nhyira, na ne kunu yi no ayɛ.’ Bible ka sɛ ɔyere a ɔte saa no yɛ agyapade, “Ne bo yɛ den sen nhene pa koraa.”—Mmebusɛm 31:10-28.
Efi Lemuel bere so no, mmea adwuma abɛyɛ den kɛse mmom. Mpɛn pii na adwuma a wɔyɛ wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu no hwehwɛ sɛ mmea yɛ ɔyerenom, ɛnanom, ayarehwɛfo, akyerɛkyerɛfo, akɔnhamabɔfo, ne akuafo—wɔyɛ eyinom nyinaa wɔ bere koro mu. Mmea pii fi ahofama mu bɔ afɔre ahorow sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn mma bedidi amee. So saa mmea yi nso mfata anisɔ ne nkamfo?
Mmea a Wɔbɔ Akɔnhama
Ɛnnɛ ne bere a ɛho abehia kɛse sɛ mmea pii fi fie kɔyɛ adwuma de boa wɔn mmusua, anaasɛ wɔn nkutoo hwɛ wɔn mmusua. Women and the World Economic Crisis (Mmea ne Wiase Sikasɛm mu Ahokyere) nhoma no bɔɔ amanneɛ bi sɛ: “Ɛnyɛ ofie nnwuma nkutoo na mmea yɛ. Ɛkame ayɛ sɛ wɔ wiase baabiara no, mmea kakraa bi pɛ na wobetumi aka sɛ wɔyɛ ‘mmea awarefo a ofie nkutoo na wɔhwɛ.’” Na mmea nnwuma ntaa nyɛ anigye. Ɛwom sɛ nsɛmma nhoma anaa television so mfonini ahorow yi mmea kyerɛ sɛ adwumam mpanyimfo a wɔtete adwumayɛbea adan fɛfɛɛfɛ mu de, nanso wɔn tebea ankasa taa yɛ soronko koraa. Wiase mmea dodow no ara de nnɔnhwerew pii yɛ adwumaden gye akatua ketewaa bi pɛ.
Mmea ɔpepehaha pii yɛ afuw mu adwuma, dua nnɔbae, dɔw abusua nsase nketewa, anaasɛ wɔhwɛ nyɛmmoa. Saa adwuma yi—a wɔntaa ntua wɔn ka ahe biara anaasɛ wontua wɔn ka koraa no—na ɛma wiase nnipa mu fã nya wɔn ano aduan. Women and the Environment (Mmea ne Nneɛma a Atwa Yɛn Ho Ahyia) nhoma no bɔ amanneɛ sɛ: “Wɔ Afrika no, mmea na wodua ɛhɔ nnuan ɔha mu 70, ɔha mu 50-60 wɔ Asia, ne ɔha mu 30 wɔ Latin Amerika.”
Sɛ mmea nya adwuma a wotua wɔn ka a, wɔtaa gye akatua ketewaa sen mmarima, esiane sɛ wɔyɛ mmea nti. Ɛyɛ den sɛ ɛna a ɔno nkutoo na ɔbɔ n’abusua akɔnhama, asɛyɛde a ɛredɔɔso, no bɛpene saa nyiyim a ɛyɛ yaw yi so. Amanaman Nkabom amanneɛbɔ bi bu akontaa sɛ wɔ Afrika, Caribbean, ne Latin Amerika no, mmusua a ɛwɔ hɔ nyinaa ɔha mu 30 ne 50 na wɔn akɔnhamabɔfo atitiriw yɛ mmea. Na nsase a wɔanya nkɔso pii mu mpo no, ɛho abehia sɛ mmea pii bɛyɛ akɔnhamabɔfo atitiriw.
Ohia a ɛwɔ wiase aman a ennyaa nkɔso pii dodow no ara nkuraa ase no na ama tebea yi renya nkɔanim. Ebia okunu a ɛyɛ den ma no sɛ ɔbɛma n’abusua aduan bere nyinaa no besi gyinae sɛ obetu kwan akɔ kurow kɛse anaa ɔman foforo mu akɔhwehwɛ adwuma. Ogyaw ne yere wɔ akyi ma ɔhwɛ abusua no. Sɛ ne ti yɛ yiye ma onya adwuma a, ɔde sika mena fie. Nanso ɛmfa ho adwempa a ɔwɔ no, mpɛn pii na eyi mma ntoatoaso. Etumi ba sɛ abusua a wagyaw wɔ n’akyi no bedi hia buruburoo, na afei wɔn hwɛ abɛda ɛna no so.
Saa tebea bɔne yi a wɔka ho asɛm ma ɛfata sɛ “mmea a wɔma wodi hia” no de adesoa kɛse to mmea ɔpepem pii so. Women and Health (Mmea ne Akwahosan) nhoma no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Wobu akontaa sɛ mmea na wɔyɛ mmusua a ɛwɔ wiase nyinaa abiɛsa biara mu biako ti, na ɛda adi sɛ ahia wɔn sen mmusua a mmarima yɛ ti no, na mmusua a ɛte saa redɔɔso.” Nanso sɛnea ɛyɛ den no, ɛnyɛ aduan a mmea de bɛma nkutoo ne ɔhaw a wohyia.
Ɛnanom ne Akyerɛkyerɛfo
Ɛsɛ sɛ ɛna di ne mma nkate fam ahiade nso ho dwuma. Odi dwuma titiriw de boa ne mma ma wosua ɔdɔ ho ade—asuade a ɛno nso ho betumi ahia te sɛ abofra no honam fam ahiade ho dwuma a odi no. Sɛ abofra betumi anyin abɛyɛ ɔpanyin a ɔkari pɛ a, ohia atrae a ɔdɔ ne ahobammɔ wɔ bere a ɔrenyin no. Ɛha nso, ɛna dwumadi ho hia.
Helen Bee kyerɛwee wɔ The Developing Child (Abofra a Ɔrenyin) nhoma no mu sɛ: “Ɔwofo a ɔwɔ dɔ dwen abofra no ho, ɔda ɔdɔ adi kyerɛ no, ɔde abofra no ahiade di kan mpɛn pii anaa bere nyinaa, ɔkyerɛ nneɛma a abofra no yɛ ho anigye, na ɔkyerɛ abofra no nneyɛe ho anigye, na ofi nkate ne tema mu tie abofra no.” Ɛsɛ sɛ mmofra a wonyaa ɔdɔ a ɛte saa fii ɛna a odwen wɔn ho hɔ no kyerɛ ne ho anisɔ.—Mmebusɛm 23:22.
Ɛnanom pii nam nufuma so ma wɔn ba nya tebea a ɔdɔ wom fi awo mu pɛɛ. Afie a wodi hia titiriw mu no, ɛna bi nufusu ankasa yɛ akyɛde a ɛsom bo a obetumi de ama ne ba a wawo no foforo no. (Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 10 ne 11 no.) Nea ɛyɛ anigye no, Bible ka kyerɛ yɛn sɛ ɔsomafo Paulo de ɔdɔ a na ɔwɔ ma Kristofo a wɔwɔ Tesalonika no totoo sɛnea “ɔbagyigyefo bi yɛn n’ankasa mma” ho.—1 Tesalonikafo 2:7, 8.
Sɛ yɛde aduan ne ntetee a ɛna de ma ne mma no to nkyɛn a, mpɛn pii no, ɔno na ɔyɛ wɔn kyerɛkyerɛfo. Bible tu fo sɛ: “Me ba, tie w’agya nteɛso, na mpo wo na mmara,” a ɛkyerɛ kyɛfa kɛse a ɛnanom nya wɔ wɔn mma nkyerɛkyerɛ mu no. (Mmebusɛm 1:8) Ɛyɛ ɛna anaa nanabea titiriw na ɔde boasetɔ kyerɛ abofra kasa, nantew, ne ofie nnwuma ne nneɛma foforo a enni ano.
Wohia Tema Kɛse
Akyɛde akɛse a ɛsen biara a mmea betumi de ama wɔn mmusua no mu biako ne tema. Sɛ abusua no muni bi yare a, ɛna no na odi dwuma sɛ ɔyarehwɛfo, bere a ɔkɔ so di n’asɛyɛde foforo a aka nyinaa ho dwuma. Women and Health (Mmea ne Akwahosan) nhoma no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Nokwarem no, mmea na wɔyɛ akwahosan ho nnwuma dodow no ara wɔ wiase.”
Tema a ɛna wɔ betumi akanyan no mpo ma ɔno ankasa adidi kakraa bi sɛnea ɛbɛyɛ a ne mma benya aduan adi. Nhwehwɛmufo ahu sɛ mmea bi fa aduan a wodi sɛ eye ɛwom mpo sɛ wɔmmee de. Ayɛ wɔn su sɛ wɔde aduan kɛse bɛma wɔn kununom ne wɔn mma, na bere tenten a wotumi kɔ so yɛ adwuma no, wɔfa no sɛ wodidi mee.
Ɛtɔ mmere bi a tema a ɔbea wɔ no da adi wɔ dwen a odwen abɔde mu nneɛma a ɛwɔ baabi a ɔte no ho mu. Abɔde mu nneɛma ho asɛm hia no, efisɛ sɛ ɔpɛ, anhweatam, ne nnua a wobu gu ma asase no sɛe a ɔno nso hu amane. Wɔ India kurow bi mu no, mmea bo fuwii bere a wɔtee sɛ adwumakuw bi a ebu nnua rebetwa nnua bɛyɛ 2,500 wɔ kwae bi a ɛbɛn hɔ mu no. Na mmea no hia saa nnua no na ama wɔanya aduan, ogya, ne wɔn nyɛmmoa aduan. Bere a nnuabufo no bae no, na mmea no wɔ hɔ dedaw asuso wɔn nsa mu atwa nnua no ho ahyia rebɔ ho ban. Mmea no ka kyerɛɛ nnuabufo no sɛ: ‘Sɛ mopɛ sɛ mubu nnua no a, gye sɛ mutwitwa yɛn ti.’ Wɔbɔɔ kwae no ho ban.
“Momma Ne Nsa Nka N’akatua”
Sɛ ɔbea di dwuma sɛ akɔnhamabɔfo, ɛna, ɔkyerɛkyerɛfo, anaa obi a ɔwɔ tema a, ɔfata sɛ wɔkyerɛ obu ma ɔne n’adwuma, na wogye no tom. Ɔbarima nyansafo Lemuel a ɔkaa ɔyere pa ho asɛm papa no kyerɛɛ obu maa ɔbea adwuma ne n’afotu. Nokwarem no, Bible kyerɛkyerɛ mu sɛ onyaa ne nsɛm no kɛse fii akwankyerɛ a na ne maame de ama no no mu. (Mmebusɛm 31:1) Na Lemuel gye di yiye sɛ ɛnsɛ sɛ wobu ani gu ɔyere ne ɛna a ɔwɔ ahonim pa so. Ɔkyerɛwee sɛ: “Momma ne nsa nka n’akatua. Ne nnwuma yi no ayɛ.”—Mmebusɛm 31:31, NIV.
Nanso, bere a Lemuel yɛɛ saa nsɛm no ho kyerɛwtohɔ no, na ɛnyɛ nnipa nsusuwii kɛkɛ. Wɔakyerɛw wɔ Bible a ɛyɛ Onyankopɔn Asɛm no mu. “Kyerɛw nyinaa fi Nyankopɔn home mu.” (2 Timoteo 3:16) Saa nsusuwii no da adwene a Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no wɔ wɔ mmea ho no adi, efisɛ Onyankopɔn na ɔma wɔkyerɛw saa nsɛm no wɔ Bible mu maa yɛn nkyerɛkyerɛ.
Afei nso, Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu no ka sɛ ɛsɛ sɛ okununom ‘di wɔn yerenom no ni.’ (1 Petro 3:7) Na wɔka kyerɛ okununom wɔ Efesofo 5:33 sɛ: “Mo mmiako mmiako nso, momma obiara nnɔ n’ankasa ne yere saa ara sɛ ne ho.” Nokwarem no, Efesofo 5:25 ka sɛ: “Okununom, monnɔ mo yerenom, sɛnea Kristo nso dɔ asafo no na ɔde ne ho mae maa no.” Yiw, Kristo daa ɔdɔ a ɛte saa adi kyerɛɛ n’akyidifo no araa ma na ɔwɔ ɔpɛ sɛ obewu ama wɔn. Nhwɛso pa a pɛsɛmenkominya nnim a ɔyɛ maa okununom bɛn ara ni! Na gyinapɛn ahorow a Yesu kyerɛkyerɛe na ɔde traa ase a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Bible mu na ama ɛso aba yɛn mfaso no da Onyankopɔn gyinapɛn ahorow adi.
Nanso, ɛmfa ho adwumaden a mmea yɛ wɔ mmeae pii no, wɔn mu pii na wɔntaa nyi wɔn ayɛ wɔ nea wɔyɛ ho. Wɔbɛyɛ dɛn atumi ama wɔn asetra atu mpɔn seesei? Afei nso, anidaso bi wɔ hɔ sɛ wɔbɛsesa su ahorow a woyi no adi kyerɛ wɔn no? Anidaso bɛn na ɛwɔ hɔ ma mmea?
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 10, 11]
Akwan Abiɛsa a Ɔbea Betumi Afa so Ama N’asetra Atu Mpɔn
Nhomasua. Mmea a wonnim akenkan ne akyerɛw bɛyɛ ɔpepem 600 na wɔwɔ wiase—a wɔn mu dodow no ara annya hokwan ankɔ sukuu da. Ebia na w’ankasa woankɔ sukuu annu akyiri, nanso ɛno nkyerɛ sɛ wuntumi nkyerɛkyerɛ wo ho. Ɛnna fam, nanso mmea pii atumi ayɛ. Women and Literacy (Mmea ne Nhomasua) nhoma no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Nyamesom betumi adi dwuma titiriw akanyan mpanyin ma wɔasua akenkan ne akyerɛw.” Bible a w’ankasa wutumi kenkan no yɛ akenkan a wusuae no so akatua pa. Nanso mfaso foforo pii wɔ hɔ.
Ɛnyɛ sikasɛm mu hokwan akɛse nko na ɛna a onim akenkan ne akyerɛw nya na mmom obetumi asua akwahosan pa ho ade nso. India mantam Kerala kyerɛkyerɛ mfaso horow a ɛwɔ akenkan ne akyerɛw so mu kɛse. Ɛwom sɛ akatua a saa mantam yi mufo gye ba fam koraa de, nanso emu mmea ɔha biara mu 87 nim akenkan ne akyerɛw. Nea ɛyɛ nwonwa no, mmofra awuwuawuwu wɔ fam wɔ hɔ sen India amantam a aka nyinaa mpɛn anum; sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, mmea a wɔwɔ hɔ nyin kyɛ sen afoforo a aka no mfe 15; na mmeawa a wɔwɔ hɔ nyinaa kɔ sukuu.
Sɛnea ɛte no, ɛna a onim akenkan ne akyerɛw no na ɔkyerɛ ne mma ɔkwan a wɔfa so sua ade—ɛnyɛ adwuma ketewa. Mmeawa nhomasua yɛ adwuma a mfaso kɛse wɔ so. Amanaman Nkabom Mmofra Foto (UNICEF) nhoma The State of the World’s Children 1991 (Mmofra a Wɔwɔ Wiase Tebea Wɔ 1991 Mu) ka sɛ, biribi foforo biara nni hɔ a ɛwɔ tumi a ɛte saa a ɛbɛma abusua akwahosan ne mmea no ankasa asetra atu mpɔn. Akyinnye biara nni ho sɛ, akenkan ne akyerɛw betumi aboa wo ma woayɛ ɛna ne akɔnhamabɔfo pa.a
Akwahosan. Sɛ́ ɛna no, ɛsɛ sɛ wohwɛ wo ho, ne titiriw sɛ woyem anaa abofra num wo a. So wubetumi ama w’aduan ayɛ nea ahoɔden wom? Ɛkame ayɛ sɛ apemfo a wɔwɔ Afrika ne Asia kesee ne atɔe fam baasa biara mu baanu mogya so tew. Sɛ yɛde w’ahoɔden a wo mogya a ɛso tew ma ɛsa no to nkyɛn a, ɛma awo mu yɛ den na atiridii tumi yɛ wo. Ɛwom sɛ mogyanam ne nsunam ho betumi ayɛ nã anaa ne bo bɛyɛ den de, nanso wubetumi anya nkesua ne nnuaba anaa nhabamma. Nnyae nnuan a ahoɔden wom di esiane gyidihunu nti, na mma baabi a wote amammerɛ mmma wonnhwere wo kyɛfa a wowɔ wɔ abusua aduan mu no.b
Nufuma ye ma wo ne wo ba no. Nufusu bo nyɛ den, ɛho tew, na ahoɔden wom sen aduan foforo a wɔde si ananmu biara. UNICEF bu akontaa sɛ sɛ ɛnanom ma wɔn mma nufu wɔ asram anan anaa asia a edi kan wɔ wɔn asetram a, wobetumi abɔ mmofra a wowuwu afe biara no mu ɔpepem biako ho ban. Nanso, sɛ ɛna no wɔ nsanyare bi a wonim sɛ etumi san denam nufuma so a, ɛnde ɛsɛ sɛ wɔma abofra no aduan foforo a ɛho tew.
Sɛ wonoa aduan wɔ wo fie wɔ gya so a, hwɛ ma mframa mfa hɔ. Women and Health (Mmea ne Akwahosan) nhoma no bɔ kɔkɔ sɛ: “Ebia aduannoa ho wusiw ne mframa a awuduru wom a ɛfa obi so yɛ nnwuma mu akwahosan ho asiane a ɛsen biara a wonim nnɛ.”
Nnom tawa, ɛmfa ho nhyɛso biara. Sigaret ho dawurubɔ a abu so wɔ aman a ennyaa nkɔso pii mu no twe adwene si mmea so, bɔ mmɔden daadaa wɔn sɛ sigaretnom kyerɛ anibue. Ɛnyɛ nokware ɔkwan biara so. Sigaretnom pira wo mma, na ebetumi akum wo. Wobu akontaa sɛ tawanom kunkum wɔn a ne nom ka wɔn hɔ no nyinaa baanan biara mu biako wɔ bere bi akyi. Afei nso, animdefo bɔ kɔkɔ sɛ hokwan a ɛwɔ hɔ sɛ tawanom betumi aka nea ɔnom hɔ bere a edi kan a ɔnom bi no yɛ kɛse.
Ahotew. Wo nhwɛso ne w’afotu a ɛfa ahotew ho hia ma w’abusua akwahosan. Facts for Life (Nokwasɛm Ahorow a Ɛma Nkwa) nhoma no bobɔ akwan atitiriw yi a wɔfa so nya ahotew pa no:
• Fa samena ne nsu hohoro wo nsa bere a woakɔ tiafi awie ansa na woaso aduan mu. Hwɛ ma wo mma nhohoro wɔn nsa ansa na wɔadidi.
• Yɛ tiafi, na ma ɛso ntew na kata so. Sɛ wonyɛɛ bi a, bɔ mmɔden kogya wo nan wɔ akyirikyiri baabi a ɛmmɛn wo fie, na kata tiafi no so ntɛm ara.—Fa toto Deuteronomium 23:12, 13 ho.
• Bɔ mmɔden fa nsu pa di dwuma wɔ wo fie. Eyi nti, kata w’abura so na fa nneɛma a emu tew sa nsu.
• Sɛ wunni nsu pa a, noa nsu no na ma ɛnnwo ansa na woanom. Ɛwom sɛ nsu a wɔnnoae ani betumi atew de, nanso ebetumi ayɛ nea efĩ wom.
• Kae sɛ, nnuan a wɔnnoa tumi ma wonya nyarewa kɛse. Ɛsɛ sɛ wɔhohoro nnuan a wɔnnoa ansa na wɔadi no ho na wodi no ntɛm. Ɛsɛ sɛ wɔnoa nnuan bi yiye, titiriw mogyanam ne ntakraboanam.
• Ma w’aduan ho ntew na kata so, na nkoekoemmoa anaa mmoa antotɔ mu.
• Hyew ofie nwura anaasɛ fa hyɛ fam.c
[Ase hɔ nsɛm]
a Yehowa Adansefo yɛ akenkan ne akyerɛw sukuu ho nhyehyɛe sɛ wɔn Bible nkyerɛkyerɛ adwuma a ɛkɔ akyiri a wonnye hwee no fã.
b Wɔ nsase bi so no, gyidihunu kyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ mmea di nsunam, nkesua, anaasɛ wɔwe akokɔ bere a wɔyem, sɛnea ɛbɛyɛ a wompira abofra a wɔyem no no. Ɛtɔ mmere bi a amammerɛ hwehwɛ sɛ ɔbea di nnikae bere a mmarima ne mmarimaa adidi awie no.
c Hwɛ April 8, 1995 Nyan!, nkratafa 6-11, na nya pii ka ho.
[Kratafa 8 mfonini]
Mmea pii a wɔwɔ Atɔe fam aman mu yɛ adwuma wɔ adwumayɛdan ahorow mu
[Mfonini wɔ kratafa 8, 9]
Nsɛm tebea ma mmea pii yɛ adwuma wɔ efĩ mu
[Asɛm Fibea]
Godo-Foto
[Kratafa 9 mfonini]
Ɛnanom yɛ akyerɛkyerɛfo wɔ fie