Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g95 2/8 kr. 20
  • “Adwene A Mewɔ Wɔ Oduruyɛfo Adwuma Ho Asakra”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Adwene A Mewɔ Wɔ Oduruyɛfo Adwuma Ho Asakra”
  • Nyan!—1995
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wo Mma ho Ban a Wobɛbɔ na Wɔamfa Mogya Anni Dwuma Ɔkwammɔne So
    Yɛn Ahenni Som—1992
  • Wɔnyɛ Nkonyaayifo Anaa Anyame
    Nyan!—1994
  • Nnuruyɛfo ne Yehowa Adansefo Yɛ Biako
    Nyan!—1994
  • Wɔde Nyansa A Mogya Nnim Gyee Me Fii Owu A Anka Mereyɛ Awu Mu
    Nyan!—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1995
g95 2/8 kr. 20

“Adwene A Mewɔ Wɔ Oduruyɛfo Adwuma Ho Asakra”

AKANE, abeawa a wadi mfe anan, a ɔwɔ Osaka, Japan, no nyaa komayare a na emu yɛ den ma enti na ɛsɛ sɛ wɔyɛ no koma mu oprehyɛn kɛse bi. N’awofo srɛɛ nnuruyɛfo no sɛ wɔnyɛ oprehyɛn no a mogya nka ho.a

Koma mu oprehyɛn a wɔyɛ mmofra a mogya nka ho no yɛ den esiane wɔn mogya a esua nti. Wɔ Akane asɛm no mu no, nnuruyɛfo no penee so sɛ wɔbɛyɛ oprehyɛn no a mogya nka ho. Esiane nnuruyɛfo no ahokokwaw a ɛkyɛn so nti, Akane oprehyɛn no yɛɛ yiye. Ne ho tɔɔ no ntɛm, na mprempren ɔwɔ apɔwmuden a ɛfata.

Akane maame kyerɛw krataa kɔmaa nnuruyɛfo a wɔyɛɛ oprehyɛn no, na ɔde Akane mfonini a na otwae nkyɛe kaa ho. Ɔyarehwɛfo a ɔma ɔyarefo da nnahɔɔ bi kyerɛw krataa kɔmaa Akane maame. Ne Krataa no fã bi kenkan sɛ:

“Anwonwakwan so apɔwmuden a Akane nyae no yɛ yɛn anigye. Bere a mihuu mfonini fɛfɛ a wode hyɛɛ krataa no mu no, sɛ manyere me ho a anka misui. Ɛnyɛ oprehyɛn no den a na ɛyɛ nti, na mmom, nsonsonoe a ɛda mo gyidi ne me de ntam no na ɛhaw me kɛse. Seesei, esiane osuahu yi nti, adwene a mewɔ wɔ oduruyɛfo adwuma ho asakra. Ɛsɛ sɛ nnuruyɛfo de ntease a emu yɛ den a wɔwɔ wɔ ayaresa ho nimdeɛ mu di dwuma de gye nkwa, nanso ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ nidi ma ɔyarefo no ne n’apɛde nso.”

[Ase hɔ asɛm]

a Nea ɛne Asomafo no Nnwuma 15:29 hyia no, Yehowa Adansefo twe wɔn ho fi mogya ho, a mogya a wɔde ma ka ho. Nanso, wogye ayaresa biara a mogya nka ho no tom.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena